< Asomafo 5 >
1 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi.
Vir autem quidam nomine Ananias, cum Saphira uxore suo vendidit agrum,
2 Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no.
et fraudavit de pretio agri, conscia uxore sua: et afferens partem quamdam, ad pedes Apostolorum posuit.
3 Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie?
Dixit autem Petrus: Anania, cur tentavit Satanas cor tuum, mentiri te Spiritui Sancto, et fraudare de pretio agri?
4 Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.”
nonne manens tibi manebat, et venundatum in tua erat potestate? quare posuisti in corde tuo hanc rem? non es mentitus hominibus, sed Deo.
5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no.
Audiens autem Ananias hæc verba, cecidit, et expiravit. Et factus est timor magnus super omnes qui audierunt.
6 Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no.
Surgentes autem juvenes amoverunt eum, et efferentes sepelierunt.
7 Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ.
Factum est autem quasi horarum trium spatium, et uxor ipsius, nesciens quod factum fuerat, introivit.
8 Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.” Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.”
Dixit autem ei Petrus: Dic mihi mulier, si tanti agrum vendidistis? At illa dixit: Etiam tanti.
9 Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.”
Petrus autem ad eam: Quid utique convenit vobis tentare Spiritum Domini? Ecce pedes eorum qui sepelierunt virum tuum ad ostium, et efferent te.
10 Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn.
Confestim cecidit ante pedes ejus, et expiravit. Intrantes autem juvenes invenerunt illam mortuam: et extulerunt, et sepelierunt ad virum suum.
11 Ehu kɛse bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm no.
Et factus est timor magnus in universa ecclesia, et in omnes qui audierunt hæc.
12 Na asomafo no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wohyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwonwade ahorow pii.
Per manus autem Apostolorum fiebant signa et prodigia multa in plebe. Et erant unanimiter omnes in porticu Salomonis.
13 Ɛwɔ mu sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafo no ho.
Ceterorum autem nemo audebat se conjungere illis: sed magnificabat eos populus.
14 Akyiri no, nnipa dodow a wogyee Awurade dii no bɛkaa agyidifo no ho.
Magis autem augebatur credentium in Domino multitudo virorum ac mulierum,
15 Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne akɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ.
ita ut in plateas ejicerent infirmos, et ponerent in lectulis et grabatis, ut, veniente Petro, saltem umbra illius obumbraret quemquam illorum, et liberarentur ab infirmitatibus suis.
16 Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no ba ma wɔsaa wɔn nyinaa yare.
Concurrebat autem et multitudo vicinarum civitatum Jerusalem, afferentes ægros, et vexatos a spiritibus immundis: qui curabantur omnes.
17 Ɔsɔfopanyin ne ne dɔm ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso.
Exsurgens autem princeps sacerdotum, et omnes qui cum illo erant (quæ est hæresis sadducæorum), repleti sunt zelo:
18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn koguu afiase.
et injecerunt manus in Apostolos, et posuerunt eos in custodia publica.
19 Da no ara anadwo, Awurade bɔfo behiɛɛ afiase apon no dii asomafo no anim ka kyerɛɛ wɔn se,
Angelus autem Domini per noctem aperiens januas carceris, et educens eos, dixit:
20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforo yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”
Ite, et stantes loquimini in templo plebi omnia verba vitæ hujus.
21 Asomafo no dii asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ kofii ase kyerɛkyerɛe. Ɔsɔfopanyin no ne ne dɔm no frɛɛ Yudafo mpanyin ma wɔyɛɛ nhyiamu kɛse bi; afei wɔsoma ma wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim.
Qui cum audissent, intraverunt diluculo in templum, et docebant. Adveniens autem princeps sacerdotum, et qui cum eo erant, convocaverunt concilium, et omnes seniores filiorum Israël: et miserunt ad carcerem ut adducerentur.
22 Nanso, bere a nnipa no duu afiase hɔ no, wɔanhu asomafo no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ se,
Cum autem venissent ministri, et aperto carcere non invenissent illos, reversi nuntiaverunt,
23 “Bere a yeduu afiase hɔ no, yehuu sɛ wɔatoto afiase apon no nyinaa mu petee a awɛmfo no gyinagyina ano. Nanso yebuebuee apon no, yɛanhu obiara wɔ mu.”
dicentes: Carcerem quidem invenimus clausum cum omni diligentia, et custodes stantes ante januas: aperientes autem neminem intus invenimus.
24 Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wonhu asɛm a asi.
Ut autem audierunt hos sermones magistratus templi et principes sacerdotum, ambigebant de illis quidnam fieret.
25 Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.”
Adveniens autem quidam, nuntiavit eis: Quia ecce viri quos posuistis in carcerem, sunt in templo, stantes et docentes populum.
26 Awɛmfo no so panyin no tee asɛm no, ɔne ne nkurɔfo no kɔkyeree asomafo no de wɔn bae. Awɛmfo no so panyin no ne awɛmfo no amfa asomafo no amma ɔhyɛ so, efisɛ na wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no besiw wɔn abo.
Tunc abiit magistratus cum ministris, et adduxit illos sine vi: timebant enim populum ne lapidarentur.
27 Wɔde asomafo no begyinaa agyinatufo no anim ma Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ wɔn se,
Et cum adduxissent illos, statuerunt in concilio: et interrogavit eos princeps sacerdotum,
28 “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yekum saa ɔbarima no!”
dicens: Præcipiendo præcepimus vobis ne doceretis in nomine isto, et ecce replestis Jerusalem doctrina vestra: et vultis inducere super nos sanguinem hominis istius.
29 Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,
Respondens autem Petrus et Apostoli, dixerunt: Obedire oportet Deo magis quam hominibus.
30 efisɛ mobɔɔ Yesu asennua mu, kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyan no fii owu mu.
Deus patrum nostrorum suscitavit Jesum, quem vos interemistis, suspendentes in ligno.
31 Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam no so bɛma Israelfo asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
Hunc principem et salvatorem Deus exaltavit dextera sua ad dandam pœnitentiam Israëli, et remissionem peccatorum:
32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse.”
et nos sumus testes horum verborum, et Spiritus Sanctus, quem dedit Deus omnibus obedientibus sibi.
33 Agyinatufo no tee asɛm no, wɔn bo fuwii, na wɔkae se wobekum asomafo no.
Hæc cum audissent, dissecabantur, et cogitabant interficere illos.
34 Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsan yɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi.
Surgens autem quidam in concilio pharisæus, nomine Gamaliel, legis doctor, honorabilis universæ plebi, jussit foras ad breve homines fieri,
35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufo no se, “Me nuanom Israel mmarima, munnwen nea mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi ho yiye.
dixitque ad illos: Viri Israëlitæ, attendite vobis super hominibus istis quid acturi sitis.
36 Ɛnkyɛe biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre kaa se ɔyɛ onipa titiriw bi maa nnipa bɛyɛ ahannan tu dii nʼakyi. Nanso wokum no maa nʼakyidifo no nyinaa bɔɔ ahwete.
Ante hos enim dies extitit Theodas, dicens se esse aliquem, cui consensit numerus virorum circiter quadringentorum: qui occisus est, et omnes qui credebant ei, dissipati sunt, et redacti ad nihilum.
37 Nʼakyi na Yuda a ofi Galilea nso sɔree nnipakan bere no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wokum no maa nʼakyidifo no bɔɔ ahwete.
Post hunc extitit Judas Galilæus in diebus professionis, et avertit populum post se: et ipse periit, et omnes quotquot consenserunt ei, dispersi sunt.
38 Ɛno nti mitu mo fo se, munnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu.
Et nunc itaque dico vobis, discedite ab hominibus istis, et sinite illos: quoniam si est ex hominibus consilium hoc aut opus, dissolvetur:
39 Nanso sɛ efi Onyankopɔn a, morentumi nsiw wɔn kwan. Mubehu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”
si vero ex Deo est, non poteritis dissolvere illud, ne forte et Deo repugnare inveniamini. Consenserunt autem illi.
40 Agyinatufo no tiee Gamaliel afotu no. Wɔma wɔde asomafo no ba ma wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wogyaa wɔn.
Et convocantes Apostolos, cæsis denuntiaverunt ne omnino loquerentur in nomine Jesu, et dimiserunt eos.
41 Esiane sɛ asomafo no huu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asennii hɔ.
Et illi quidem ibant gaudentes a conspectu concilii, quoniam digni habiti sunt pro nomine Jesu contumeliam pati.
42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne afi mu da.
Omni autem die non cessabant in templo et circa domos, docentes et evangelizantes Christum Jesum.