< Asomafo 3 >

1 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae.
Now Peter and John were going up together into the temple at the hour (the ninth) of prayer.
2 Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.
And a certain man, who had actually been lame from his mother's womb, was being carried (they would lay him daily at the temple gate, the one called Beautiful, to ask alms from those who entered the temple),
3 Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi.
who, upon seeing Peter and John about to go into the temple, began asking for alms.
4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!”
So Peter, with John, fastening his gaze on him said, “Look at us.”
5 Ɔhwɛɛ wɔn susuw sɛ wɔbɛma no biribi.
So he gave them his attention, expecting to receive something from them.
6 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!”
But Peter said: “I do not have silver and gold, but what I do have I give you. In the name of Jesus Christ the Natsorean, get up and walk!”
7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den.
And grasping him by his right hand he lifted him up; immediately his feet and ankles were strengthened.
8 Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn.
So jumping up he stood, and began to walk! And he entered the temple with them, walking and leaping and praising God.
9 Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ.
Well all the people saw him walking and praising God;
10 Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.
and they recognized him—that he was the one who used to sit at the Beautiful Gate of the temple, with a view to alms—and they were filled with wonder and amazement because of what had happened to him.
11 Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
Now as the lame man who had been healed held on to Peter and John, all the people ran together to them in the portico, the one called ‘Solomon's’, really wondering.
12 Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare?
So upon observing this Peter responded to the people: “Men of Israel, why are you marveling at this, or why are you staring at us as if we have made him walk by our own power or godliness?
13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ obegyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim.
The God of Abraham and Isaac and Jacob, the God of our fathers, glorified His Servant Jesus, whom you delivered up; and you repudiated Him to Pilate's face, when he was intending to release Him.
14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo.
Yes you repudiated the holy and righteous One, and you asked that a murderer be granted to you,
15 Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo.
while you killed the Originator of the Life, whom God raised from among the dead, to which we are witnesses.
16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.
Well His name, based on faith in His name, made this man strong, whom you see and know. Yes, the faith that is through Him has given him this wholeness in the presence of you all.
17 “Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no, na onim na munnim.
“So now, brothers, I know that you did it in ignorance, as also your rulers.
18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu.
But the things that God foretold through the mouth of all His prophets, that the Messiah would suffer, He has thus fulfilled.
19 Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade hɔ,
Repent therefore, and turn around, so that your sins may be erased, in order that times of refreshing may come from the Lord's face
20 na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no.
and that He may send Jesus, who had been ordained to be your Messiah,
21 Sɛnea Onyankopɔn nam nʼadiyifo akronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. (aiōn g165)
whom Heaven must receive until the times of restoration of all things, of which times God spoke long ago by the mouth of all His holy prophets. (aiōn g165)
22 Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.
“For example, Moses said to the fathers: ‘The Lord our God will raise up for you a Prophet, like me, from among your brothers. You must listen to Him, in all that He may say to you.
23 Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wobeyi no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’
It will be that every person who will not listen to that Prophet will be extirpated from among the people.’
24 “Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn.
“Yes and all the prophets, from Samuel on down, as many as have spoken, have also foretold these days.
25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛe no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pam no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo so na menam behyira wiasefo nyinaa.’
You are sons of the prophets, and of the covenant which God made with our fathers, saying to Abraham, ‘Yes, in your seed all the families of the earth will be blessed.’
26 Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.”
God, having raised up His Servant Jesus, sent Him to you first, to bless you by turning each of you away from your iniquities.”

< Asomafo 3 >