< Asomafo 28 >
1 Yeduu mpoano hɔ no, ankyɛ na yehuu sɛ yɛwɔ supɔw Malta so.
Niwa ba nji ta ye ri pian me, ki wo ndi ba yo nklan meme ki ndi Malta.
2 Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe.
Indji bi son niki ba kpata nisron ndindi nda mulu nitawu duta mbru kpa nitu ilu chachu mba isi wa a he niki.
3 Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyew aka no no bebaree ne nsa ho.
Niwa Bulus a vu fla kunkron zontu zi nda vu sa nitu lua, iwan a rju nitu gbaji lua nda ye nye wu ni wo.
4 Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkae se, “Saa onipa yi yɛ owudifo a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu, nanso esiane ne bɔne nti owu ara na etwa sɛ owu.”
Niwa indji bi bubuki ba to nma si klo ni woma, ba tre ni kpamba, “Indji yi, wu njanji, ani wuu ndji niwa a nawo rjini kpan trema, i gaatre na kpanyme ndi du son ni sisren na.”
5 Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no.
I niki a kpon nma yo nimi lu'a hama ni du kpe tiwu.
6 Na nkurɔfo no nyinaa susuw sɛ Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛn ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, “Ɔyɛ onyame bi.”
Ba sia gben ndi ani hwukpa ni lilo ko ka lu kurjoku khwu. U niwa ba ki si yau wu gbron nton nda to ndi ikpe meme na ti'una, ba kma sron mba sran nda tre ndi a hi Irji.
7 Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano hɔ; ogyee yɛn fɛw so som yɛn hɔho nnansa.
Zizan, whiniki, bubu meme bari a he wa bana bi chu wu nklan memeki, igu wa ba yondi Publius. A kpa ta bi ni wo ha, nda nuba kpi wa ba son wu vi tra.
8 Saa bere no ara na Publio agya yare atiridii ne konkoruwa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den.
A he niki, iti Publius a kru lilo lokpa mba atini. Niwa Bulus a hi niwu, a bre, yowo ma nitu ma, nda nuu si kpama.
9 Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare.
Hu kpe yi wa a ye he a, mbru indji bi nklan meme ki ba wa basia lo, ba ngame nda ye kpa sikpa mba.
10 Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi hɔ akɔ no nso wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn.
Indji ba ngame ba nzu hon gbugbuwu. Niwa kita mla ku nkon dran, ba nuta kpi wa ki son a.
11 Yedii asram abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ eti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no wɔ supɔw no so.
Niwa wha tre a ka hi, ki dran ni jirgi mma wa a kru ga ni nklan meme ki, jirgi mma wu Alexandria, ni nha to “hlan-ha irji” ni kbu shishima.
12 Yeduu Sidarakusa no, yedii nnansa wɔ hɔ.
Ka huki, ki ye grji ki ni gbu Sirakus, ki kii niki wu vi tra.
13 Yefi hɔ toaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi bɔ fii anafo fam ma nnaanu akyi no yekoduu Puteoli.
Rji niki ki dran ka ri ni mi gbu u Rhegium. Ivi rhi ka hi kikle ngyungyu a rju rji ni kosan, u ni mi vi hari ki ye rhi ni mi gbu u Puteoli.
14 Ɛha na yehyiaa agyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn se yɛntena wɔn nkyɛn nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma.
Niki, ki to mri vayi bari i ba yo ta duta ye son niba wu vi tangban. Ni nkon kii ki ye ri ni Roma.
15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan wɔ aguabɔbea a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho san no na ɔdaa Onyankopɔn ase.
Rji niki, wa mri vayi ba ba wo tre nitu mbu, baye zontu nita gbagban mu to rhini cucu Abiyas mba iti tra bru tra. Niwa Bulus a to mri vayi ba, a ngyiri ni Irji nda ti gbengblen.
16 Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nwɛn no.
Niwa ki rini mi Roma, ba kpanyme ni Bulus du son ni nklenma mba soja wa ata kri yau.
17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafo mpanyin ne wɔn hyiae. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, ɛwɔ mu sɛ manyɛ bɔne biara antia yɛn man ne yɛn amanne a yɛn agyanom de gyaw sɛ yɛn no de, nanso wɔkyeree me sɛ odeduani wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa.
Niki a ye he wa ivi tra aka hi, Bulus a yo indji wa bana bi ninkon Yahudawa zi. Niwa ba ye zontu ki, a tre niba ndi “Mri vayi, hama ndi mina ti kpe meme nitu indji ko ka nkon son ba titimbu, ba vu me lo nu ba tro rjini Urushelima ye ri ni wo bi Roma.
18 Wobisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wogyaa me, efisɛ wɔannya afɔbude bi wɔ me ho a ɛno nti ɛsɛ sɛ wogyina so kum me.
Hugon myeme tre, ba ta son chume chuwo, nitu bana to kpe wa ba han hukunchi kwu ni tu tre mu.
19 Nanso bere a Yudafo kasatia gyae a wɔpɛ sɛ wogyaa me no, mihuu sɛ ɛsɛ sɛ miguan toa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfo ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ saa.
I niwa Yahudawa ba tre hu nkon wa bana ta son na, a du me bre to Kaisar, ana nitu mi sia nji nhakpe nitu bi meme mu na.
20 Eyi nti na mepɛɛ sɛ mihu mo na me ne mo kasa no; na onipa a Israelfo ani da no so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”
Nitu kima yi, mi wa tou ni tre niwu, nitu yo sron wa Israila ba he niwu'a du me he nimi lo sarka hi.”
21 Wobuaa Paulo se, “Yennyaa nhoma biara a efi Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfii anuanom a wofi hɔ ba ha no nso nkyɛn.
Mle, ba tre niwu ndi, 'Kina kpa vunvu nha rjini Judiya nitume na, i vayi ri mena ye njitre, koka trekpe meme nitume na.
22 Nanso yɛpɛ sɛ yehu wʼadwene, efisɛ yenim sɛ nnipa kasa tia Kristofo a wo nso woka wɔn ho no wɔ baabiara.”
Ama kison wo rjini wu mren me nitu igrji yi, nitu ki to ndi ba tre meme kaagon nitu ma.”
23 Wɔhyɛɛ da bi sɛ wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn pɛɛ sɛ ɔdan wɔn adwene.
Niwa ba yo vi niwu, indji gbugbuwu bari ba ye niwu, ni bubu son ma. A bhwu hla tu trea ni bawu, nda ni vubla nitu ikoson Irji. A ta son gbron sron mba yo rjini du Musa mba rjini anabawa ba, rjini mble kari ni yalu.
24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkae no dii na bi nso annye anni.
Bari ba kpanyme ni kpiwa ki tre ni tumba, i bari bana kpanyme na.
25 Bere a wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye no, wofii hɔ kɔe. Na asɛm a etwa to a Paulo kae ne sɛ, “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom se,
Niwa bana kpany'me ni kpamba na, ba hi kpamba hu wa Bulus a tre lan tre riri yi. “Ibrji Tsatsra a tre bi, zuni nyu anabawa baba manzani ba hi ni ba titimbi.
26 “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafo se, ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase. Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu,’
A tre ndi, hi ni indji biyi ndi hi hla ndi, “Ni si wo, bi wo, i bina to tuma na; mba nisi to bi to, i bina to nkon ma na.
27 efisɛ nnipa yi apirim wɔn koma; moasisiw mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, na mo koma ate asɛm ase, na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”
Nitu dri indji biyi a ti bwu, mba ni iton mba, bana mla wo na, mba ba kaa shishi mba hama ki ba ma to ni shishi mba, nda wo ni iton mba, nda to tuma ni dri mba nda kma sran ngari, i mi nuba sikpa.'”
28 Paulo kae se, “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ Onyankopɔn nkwagye no adu amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!”
Nitu kima, bika to ndi kpachuwo Irji yi, ba truu hini bikora ba, i ba wo'u.”
29 Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, Yudafo no fii hɔ kɔe a na wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye denneennen.
Ndu Manzani, 28:29 - tre vunvu bari wu sen ba heni nklan 29: / Niwa a tre kpi biyi, Yahudawa ba ba hi kpamba. Ba sia he ni kikle sen nyu ni kpamba. /
30 Paulo tenaa hɔ mfe abien, a na ɔte ofi a ɔno ankasa tua ho ka mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn.
Bulus a son wu se ha wawu ni kowa a han nklen ki kima, nda ta kpa ni wo ha, biwa ba ye niwu'a.
31 Na ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.
A sia dbu bla nitu ikoson Irji nda ta tsro ikpi nitu Bachi Yesu Kristi ni gbengblen sron hama ni ndrjo ata zuu.