< Asomafo 27 >

1 Wosii gyinae wiee sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafo bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafo panyin no nsa.
As it was decided that we were to sail to Italy, Paul and some other prisoners were put in charge of a centurion of the Augustan Guard, named Julius.
2 Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika no ka yɛn ho.
We went on board a ship from Adramyttium, which was on the point of sailing to the ports along the coast of Roman Asia, and put to sea. Aristarchus, a Macedonian from Thessalonica, went with us.
3 Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no.
The next day we put in to Sidon, where Julius treated Paul in a friendly manner, and allowed him to go to see his friends and receive their hospitality.
4 Esiane sɛ yetuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no nti yɛka kɔɔ Kipro nifa fam.
Putting to sea again, we sailed under the lee of Cyprus, because the wind was against us;
5 Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu.
and, after crossing the sea of Cilicia and Pamphylia, we reached Myra in Lycia.
6 Ɛhɔ na asraafo panyin no huu hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italia. Enti ɔde yɛn kɔtenaa mu.
There the Roman officer found an Alexandrian ship on her way to Italy, and put us on board of her.
7 Hyɛn no kɔɔ brɛoo enti yedii nna wɔ po no so. Yɛbrɛɛ ansa na yɛredu Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam.
For several days our progress was slow, and it was only with difficulty that we arrived off Cnidus. As the wind was still unfavorable when we came off Cape Salmone, we sailed under the lee of Crete,
8 Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yɛde ɔbrɛ beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinae a ɛbɛn kurow Lasea.
and with difficulty, by keeping close in shore, we reached a place called ‘Fair Havens,’ near which was the town of Lasea.
9 Na yɛasɛe mmere pii, na saa bere no nso po no sofa yɛ hu efisɛ na ɛyɛ Mpata Da akyi. Paulo tuu wɔn fo se,
This had taken a considerable time, and sailing was already dangerous, for the Fast was already over; and so Paul gave this warning.
10 “Anuanom, mihu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantu yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.”
“My friends,” he said, “I see that this voyage will be attended with injury and much damage, not only to the cargo and the ship, but to our own lives also.”
11 Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no.
The Roman officer, however, was more influenced by the captain and the owner than by what was said by Paul.
12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nye mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔwbere mu no nti nnipa no bebree pɛe sɛ, sɛ ebetumi a anka hyɛn no betu afi hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam wɔ Atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena hɔ awɔwbere mu.
And, as the harbor was not a suitable one to winter in, the majority were in favor of continuing the voyage, in hope of being able to reach Phoenix, and winter there. Phoenix was a Cretan harbor, open to the north-east and south-east.
13 Mframa a ano nyɛ den bɔ fii anafo fam no, nnipa no susuw sɛ wobetumi atoa wɔn akwantu no so sɛnea wɔahyehyɛ no. Enti wotuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano.
So, when a light wind sprang up from the south, thinking that they had found their opportunity, they weighed anchor and kept along the coast of Crete, close in shore.
14 Ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no “Apueitifi Mframa” bɔ fii supɔw no so.
But shortly afterward a hurricane came down on us off the land – a north-easter, as it is called.
15 Mframa no bɔ bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdan hyɛn no ani na anyɛ yiye no, yegyae maa mframa no twee no kɔe.
The ship was caught by it and was unable to keep her head to the wind, so we had to give way and let her drive before it.
16 Yeduu supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛɛ ansa na yɛretumi atwe hyɛn no korow a ɛsɛn akyi no aba mu.
Running under the lee of a small island called Cauda, we only just managed to secure the ship’s boat,
17 Hyɛn no mu nnwumayɛfo no maa so baa hyɛn no mu bɛkyekyeree no denneennen. Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔka nwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.
and, after hoisting it on board, the men frapped the ship. But, afraid of being driven on to the Syrtis Sands, they lowered the yard, and then drifted.
18 Mframahweam no kɔɔ so bɔe; ɛno nti ade kyee no woyiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow guu po no mu.
So violently were we tossed about by the storm, that the next day they began throwing the cargo overboard,
19 Ne nnansa so no, wɔsesaw hyɛn no ho nneɛma no bi tow gui.
and, on the following day, threw out the ship’s tackle with their own hands.
20 Nna bebree twaa mu a na yenhu owia anaa nsoromma a na mframahweam no gu so retu. Eyi maa yɛn anidaso nyinaa sae.
As neither sun nor stars were visible for several days, and, as the gale still continued severe, all hope of our being saved was at last abandoned.
21 Nna bebree twaa mu a na obiara nnidi no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mutiee me na yɛantu amfi Kreta a anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.
It was then, when they had gone a long time without food, that Paul came forward, and said, “My friends, you should have listened to me, and not have sailed from Crete and so incurred this injury and damage.
22 Nanso momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ mo mu biara renwu na mmom, hyɛn no na ɛbɛbɔ.
Yet, even as things are, I beg you not to lose courage, for there will not be a single life lost among you – only the ship.
23 Nnɛra anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfo baa me nkyɛn
For last night an angel of the God to whom I belong, and whom I serve, stood by me, and said –
24 bɛka kyerɛɛ me se, ‘Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wɔadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’
‘Have no fear, Paul; you must appear before the Emperor, and God himself has given you the lives of all your fellow voyagers.’
25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
Therefore, courage, my friends! For I believe God, that everything will happen exactly as I have been told.
26 Nanso nea ɛbɛyɛ biara no hyɛn no bɛbɔ wɔ supɔw bi mpoano.”
We will, however, have to be driven on some island.”
27 Ne nnaawɔtwe abien anadwo no a na mframahweam no nti hyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria po so no, ɔdasu mu na hyɛn no mu adwumayɛfo huu sɛ yɛrebɛn asase.
It was now the fourteenth night of the storm, and we were drifting about in the Adriatic Sea, when, about midnight, the sailors began to suspect that they were drawing near land.
28 Wɔtoo susuhama huu sɛ asu no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wosusuw bio no, wohuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron.
So they took soundings, and found twenty fathoms of water. After waiting a little, they took soundings again, and found fifteen fathoms.
29 Esiane sɛ na wosuro sɛ anyɛ a hyɛn no bɛpem ɔbotan bi nti wɔtoo sɛkyɛ anan wɔ hyɛn no akyi twɛn kosii adekyee.
Then, as they were afraid of our being driven on some rocky coast, they let go four anchors from the stern, and longed for daylight.
30 Hyɛn no mu nnwumayɛfo pɛɛ sɛ woguan. Enti wogyaw hyɛn no korow no sii po no ani boapa yɛɛ sɛnea wɔrekɔto sɛkyɛ wɔ hyɛn no anim.
The sailors wanted to leave the ship, and had lowered the boat, on pretense of running out anchors from the bows,
31 Paulo ka kyerɛɛ asraafo panyin no ne asraafo a wɔka ne ho no se, “Sɛ hyɛn yi mu nnwumayɛfo no guan a, mubewuwu.”
when Paul said to the Roman officer and his men, “Unless the sailors remain on board, you cannot be saved.”
32 Eyi nti asraafo no twaa hama a ɛkyekye hyɛn no korow no mu no ma ɛkɔe.
So the soldiers cut the ropes which held the boat, and let her drift away.
33 Ade reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa se wonnidi. Nea ɔkae ne sɛ, “Nnaawɔtwe abien ni, mo mu biara mfaa aduan nkaa nʼano.
In the interval before daybreak Paul kept urging them all to take something to eat. “It is a fortnight today,” he said, “that, owing to your anxiety, you have gone without food, taking nothing.
34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛnea ɛbɛyɛ a, mubenya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.”
So I beg you to take something to eat; your safety depends on it, for not one of you will lose even a hair of his head.”
35 Paulo kasa wiei no, ɔfaa brodo bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na obuu bi dii.
With these words he took some bread, and, after saying the thanksgiving to God before them all, broke it in pieces, and began to eat;
36 Amono mu hɔ ara wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wofii ase didii.
and the men all felt cheered and had something to eat themselves.
37 Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodow yɛ ahannu ne aduɔson asia.
There were about seventy-six of us on board, all told.
38 Obiara didi mee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no tow aburow a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare.
After satisfying their hunger, they further lightened the ship by throwing the grain into the sea.
39 Ade kyee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no anhu sɛ wɔadu mpoano. Wohuu faako a po no adidi akɔ asase no mu a nsu taa hɔ. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔka.
When daylight came, they could not make out what land it was, but, observing a creek in which there was a beach, they consulted as to whether they could run the ship safely into it.
40 Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no sɛkyɛ ahama no mu maa sɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansan hama a ekura akwankyerɛde no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano.
Then they cast off, and abandoned the anchors, and at the same time unlashed the gear of the steering oars, hoisted the foresail to the wind, and made for the beach.
41 Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui.
They got, however, into a kind of channel, and there ran the ship aground. The bows stuck fast and could not be moved, while the stern began breaking up under the strain.
42 Asraafo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekunkum nneduafo no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rennya kwan nguan.
The advice of the soldiers was that the prisoners should be killed, so that none of them could swim away and make their escape.
43 Nanso esiane sɛ na asraafo panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nkwa no nti wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wobetumi aguare no mfi ase nguare nkɔ mpoano.
But the Roman officer, anxious to save Paul, prevented their carrying out their intention, and ordered that those who could swim should be the first to jump into the sea and try to reach the shore;
44 Wɔn a wɔaka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɔkwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo.
and that the rest should follow, some on planks, and others on different pieces of the ship. In these various ways everyone managed to get safely ashore.

< Asomafo 27 >