< Asomafo 24 >
1 Nnaanum akyi no, Ɔsɔfopanyin Anania ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Woduu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim.
After five days, the high priest, Ananias, came down with certain elders and an orator, one Tertullus. They informed the governor against Paul.
2 Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, “Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa nti efi bere a wobaa yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn.
When he was called, Tertullus began to accuse him, saying, "Seeing that by you we enjoy much peace, and that by your foresight reforms are coming to this nation,
3 Baabiara a yɛwɔ no yɛka eyi ho asɛm na yɛn ani sɔ nea woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa.
we accept it in all ways and in all places, most excellent Felix, with all thankfulness.
4 Mempɛ sɛ mesɛe wo bere enti mesrɛ wo sɛ nya bere tiaa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.
But, that I do not delay you, I entreat you to bear with us and hear a few words.
5 “Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfo a ɔde basabasayɛ ba Yudafo nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.
For we have found this man to be a plague, an instigator of insurrections among all the Jews throughout the world, and a ringleader of the sect of the Nazarenes.
6 Ɔpɛɛ sɛ ogu asɔredan no ho fi. Ɛno nti yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn.
He even tried to profane the temple, and we arrested him. And we would have judged him according to our law,
7 Nanso Ɔsahene Lisia begyee no fii yɛn nsam abran so,
but the chief captain Lysias came, and with great violence took him away out of our hands,
8 hyɛɛ sɛ wommedi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wubisa no a, wo ara ankasa wubehu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokware.”
commanding his accusers to come to you. By examining him yourself you may ascertain all these things of which we accuse him."
9 Yudafo no nso foaa nsɛm a wɔkaa no so se ɛyɛ nokware.
The Jews also joined in the attack, affirming that these things were so.
10 Amrado no maa Paulo kwan sɛ onyi ne ho ano no, Paulo buae se, “Minim sɛ woyɛɛ ɔman yi so otemmufo akyɛ, ɛno nti sɛ migyina wʼanim reyi me ho ano a, minsuro.
When the governor had beckoned to him to speak, Paul answered, "Because I know that you have been a judge of this nation for many years, I cheerfully make my defense,
11 Sɛnea ebia woate no bɛyɛ nnafua dumien ni na mekɔɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ merekɔsom.
seeing that you can recognize that it is not more than twelve days since I went up to worship at Jerusalem.
12 Yudafo a wɔde me baa ha yi anhu me sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara.
In the temple they did not find me disputing with anyone or stirring up a crowd, either in the synagogues, or in the city.
13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokware.
Nor can they prove to you the things of which they now accuse me.
14 Nanso migye to mu sɛ menam Awurade asɛm a Yudafo yi kasa tia no so som yɛn Agyanom Nyankopɔn. Na migye nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no ne adiyifo nhoma no mu no nso di.
But this I confess to you, that after the Way, which they call a sect, so I serve the God of our fathers, believing all things which are according to the Law, and which are written in the Prophets;
15 Mewɔ anidaso a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afi owu mu no nso bi.
having hope toward God, which these also themselves look for, that there will be a resurrection, both of the just and unjust.
16 Eyi nti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.
This being so, I also do my best to always have a clear conscience toward God and people.
17 “Mfe bebree akyi a mifii Yerusalem no, mesan baa hɔ sɛ mede ayɛyɛde rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔre.
Now after some years, I came to bring gifts for the needy to my nation, and offerings;
18 Bere a madwira me ho awie na migu so rebɔ aseda afɔre wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi huu me. Na matwitwa me tinwi sɛnea mmara no kyerɛ no. Saa bere no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba.
amid which certain Jews from Asia found me purified in the temple, not with a mob, nor with turmoil.
19 Saa bere no, na Yudafo bi a wofi Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a ɛsɛ sɛ wɔka.
They ought to have been here before you, and to make accusation, if they had anything against me.
20 Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wogyina so buu me fɔ wɔ agyinatufo no anim a wɔnka.
Or else let these men themselves say what injustice they found in me when I stood before the council,
21 Asɛm baako pɛ na migyina wɔn anim no mekae. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre no mu nti na migye di sɛ morebu me atɛn nnɛ.’”
unless it is for this one thing that I shouted out standing among them, 'Concerning the resurrection of the dead I am being judged before you today.'"
22 Felike a na onim saa Awurade asɛm no yiye no tuu asɛm no hyɛɛ da, kae se, “Sɛ Ɔsahene Lisia ba a na medi wʼasɛm no.”
But Felix, having more exact knowledge concerning the Way, deferred them, saying, "When Lysias, the commanding officer, comes down, I will decide your case."
23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panyin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.
He ordered the centurion that he should be kept in custody, and should have some privileges, and not to forbid any of his friends to serve him or to visit him.
24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no ma ɔbɛkaa gyidi a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn.
But after some days, Felix came with Drusilla, his wife, who was Jewish, and sent for Paul, and heard him concerning the faith in Christ Jesus.
25 Paulo reka trenee, ahohyɛso ne atemmuda ho asɛm no, Felike suroe, enti ɔkae se, “Kɔ! Akyiri no, sɛ minya adagyew a, mɛsoma abɛfrɛ wo.”
As he reasoned about righteousness, self-control, and the judgment to come, Felix was terrified, and answered, "Go your way for this time, and when it is convenient for me, I will summon you."
26 Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno nti na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no.
Meanwhile, he also hoped that money would be given to him by Paul. Therefore also he sent for him more often, and talked with him.
27 Mfe abien akyi no Porkio Festo besii Felike anan mu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani no nti, ogyaw Paulo wɔ afiase hɔ.
But when two years were fulfilled, Felix was succeeded by Porcius Festus, and desiring to gain favor with the Jews, Felix left Paul in bonds.