< Asomafo 23 >
1 Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.”
And Paul, after looking intently at the council, said, Men, brothers, I have been a citizen in all good conscience to God until this day.
2 Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so.
And the high priest Ananias ordered those who stood by him to strike his mouth.
3 Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”
Then Paul said to him, God is going to smite thee, a whitewashed wall. Thou even sit judging me according to the law, and violating law, thou command me to be struck?
4 Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?”
And those who stood by said, Thou revile God's high priest?
5 Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’”
And Paul said, I had not known, brothers, that he is a high priest, for it is written, Thou shall not speak ill of a ruler of thy people.
6 Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.”
But when Paul ascertained that the one part were Sadducees and the other Pharisees, he cried out in the council, Men, brothers, I am a Pharisee, son of a Pharisee. About the hope and resurrection of the dead I am judged.
7 Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien
And when he said this, there developed a conflict of the Pharisees and Sadducees, and the group was divided.
8 efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.
For in fact Sadducees say to be no resurrection nor agent nor spirit, but Pharisees acknowledge them all.
9 Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!”
And there developed a great clamor. And some of the scholars of the Pharisees part having risen, they argued vehemently, saying, We find nothing wrong in this man. But if a spirit spoke to him, or an agent, we should not fight against God.
10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.
And a great conflict having developed, the chief captain, having been alarmed lest Paul might be torn apart by them, commanded the soldiers to go down and take him away from the midst of them, and bring him into the fort.
11 Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”
And the following night the Lord, having stood by him, said, Cheer up, Paul, for as thou have testified these things about me at Jerusalem, so thou must testify also at Rome.
12 Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo.
And when it became day, some of the Jews, having made a conspiracy, put themselves under a curse, saying neither to eat nor to drink until they would kill Paul.
13 Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan.
And there were more than forty who made this conspiracy,
14 Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛaka ntam adi nsew sɛ hwee renka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paulo.
who, having come near to the chief priests and the elders, said, We have put ourselves under a curse, a curse to taste of nothing until we would kill Paul.
15 Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu hɔ no na yɛakum no dedaw.”
Now therefore ye with the council report to the chief captain that tomorrow he may bring him down to you, as though going to inquire more accurately the things about him. And we, before he comes near, are prepared to kill him.
16 Nanso Paulo wɔfaase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amanneɛ.
But the son of Paul's sister, having heard of the ambush, having come and entered into the fort, he informed Paul.
17 Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Wo ne aberante yi nkɔ ɔsahene no nkyɛn efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.”
And Paul, having called one of the centurions, said, Take this young man to the chief captain, for he has something to inform him.
18 Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”
Indeed therefore having taken him, he brought him to the chief captain, and says, Paul the prisoner, having called me, asked me to bring this young man to thee, who has something to say to thee.
19 Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”
And the chief captain having grasped his hand, and having gone in private, he asked him, What is it that thou have to inform me?
20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Yudafo mpanyin no abɔ pɔw sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no sɛ wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye.
And he said, The Jews have agreed to ask thee that tomorrow thou would bring Paul down to the council, as though going to inquire something more accurately about him.
21 Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.”
Therefore thou should not be persuaded by them, for more than forty men of them wait to ambush him, who have put themselves under an oath, neither to eat nor drink until they have killed him. And now they are ready, expecting the promise from thee.
22 Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”
Indeed therefore the chief captain dismissed the young man, having ordered, Tell no man that thou have shown these things to me.
23 Ɔsahene no frɛɛ nʼasraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mompɛ asraafo ahannu ne apɔnkɔsotefo ne mpeawkurafo ahannu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea.
And having summoned a certain two of the centurions, he said, Prepare two hundred soldiers that they may go to Caesarea, and seventy horsemen, and two hundred spearmen at the third hour of the night.
24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”
And provide beasts, so that after mounting Paul, they may bring him safely to Felix the governor,
25 Afei, ɔsahene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se:
after writing a letter containing this form:
26 Me Klaudio Lisia a Merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi: Kyia wo!
Claudius Lysias to the eminent governor Felix, greeting.
27 Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafo kogyee no fii wɔn nsam.
This man who was seized by the Jews, and was going to be killed by them, having stood by with the soldiers, I rescued him, having learned that he is a Roman.
28 Mepɛɛ sɛ mihu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no.
And wanting to know for what reason they accused him, I brought him down to their council,
29 Mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho.
whom I found accusing about issues of their law, having not one accusation worthy of death or of bonds.
30 Ɛno nti bere a metee sɛ Yudafo bi abɔ ne ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka.
And when it was reported to me of a plot going to be against the man by the Jews, I immediately sent him to thee, also having commanded the accusers to speak before thee the things against him. Be strong.
31 Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri.
Indeed therefore, the soldiers, according to that which was precisely arranged for them, having taken Paul, they brought him through the night to Antipatris.
32 Ade kyee no asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea.
But on the morrow they returned to the fort, having allowed the horsemen to depart with him,
33 Woduu no wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa.
who, after coming to Caesarea and having delivered the letter to the governor, also presented Paul to him.
34 Amrado no kenkan nhoma no wiee no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee sɛ ofi Kilikia no,
And the governor having read it, and having questioned from what province he was, and having found out that he was from Cilicia,
35 ɔkae se, “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie wʼasɛm.” Afei ɔhyɛe se wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no.
he said, I will hear thee when thine accusers also will arrive. And he commanded him to be kept in the Praetorium of Herod.