< Asomafo 22 >

1 “Anuanom ne agyanom, muntie mʼanoyi yi.”
”אחי ואבותיי, הקשיבו נא לדברי ההגנה שלי.“
2 Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa. Paulo toaa so se,
כששמעו שהוא מדבר עברית נפלה דממה כבדה עוד יותר.
3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi.
פולוס המשיך:”אני יהודי, יליד טרסוס שבקיליקיה, אולם חונכתי כאן בירושלים, בבית־מדרשו של רבן גמליאל, והוא שלימד אותי לשמור בקפידה את כל חוקי התורה ומצוותיה. הייתי קנאי לה׳ בכל מעשי, ממש כשם שאתם קנאים לו היום.
4 Metaa nnipa a wodi Awurade asɛm so no nyinaa kunkum wɔn. Mekyeree mmea ne mmarima de wɔn guu afiase.
בזמנו רדפתי את המשיחיים עד מוות, כבלתי גברים ונשים והשלכתי אותם לכלא.
5 Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.
הכהן הגדול וכל אחד מחברי הסנהדרין יוכלו להעיד על כך, משום שביקשתי מהם מכתבים אל ראשי הקהילה היהודית בדמשק. מכתבים אלה העניקו לי את הסמכות לכבול כל משיחי שאמצא, ולהביאו לירושלים כדי שייענש.
6 “Owigyinae a mereyɛ adu Damasko no, mpofirim na hann bi twa faa me ho.
”יום אחד בשעת הצהריים, כשהייתי בדרכי לדמשק, האיר עלי לפתע אור חזק מן השמים.
7 Mitwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me se, ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me?’
נפלתי על הארץ ושמעתי קול:’שאול, שאול, מדוע אתה רודף אותי?‘
8 “Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awurade?’ “Nne no buaa me se, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’
”’מי אתה, אדוני?‘שאלתי.“”והקול ענה:’אני ישוע מנצרת שאותו אתה רודף!‘
9 Nnipa a na wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.
האנשים שהיו איתי ראו את האור, אך לא הבינו את הנאמר.
10 “Mibisae se, ‘Dɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na hɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’
”’מה עלי לעשות, אדוני?‘שאלתי.”והאדון ענה:’קום ולך לדמשק, ושם ייאמר לך מה צפוי לך בעתיד‘.
11 Hann no hyerɛn ano den no maa mʼani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko.
”האור החזק סנוור אותי עד עיוורון, והיה צורך להוביל אותי בידי לדמשק.
12 “Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a odi Mose mmara so a na Yudafo nyinaa di no ni no te Damasko hɔ.
”בדמשק בא אלי אדם צדיק וירא־אלוהים, חנניה שמו, אשר קיים את מצוות התורה והיה מקובל על כל היהודים.
13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkae se, ‘Onua Saulo, hu ade bio!’” Na hɔ ara mʼani buei.
חנניה עמד לצדי ואמר:’שאול אחי, פקח את עיניך!‘ומיד נפקחו עיני ויכולתי לראות כמקודם.
14 “Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛn nenanom Nyankopɔn ayi wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛde na woahu ɔtreneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo.
”לאחר מכן הוא אמר לי:’אלוהי אבותינו בחר בך לדעת את רצונו, לראות את המשיח הצדיק ולשמוע את קולו.
15 Wubedi adanse afa biribiara a woahu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa.
עליך לשאת את בשורת אלוהים לכל מקום, ולספר לכולם מה ששמעת וראית.
16 Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’
למה אתה מחכה עכשיו? לך להיטבל במים והתרחץ מחטאיך, בקראך בשם האדון!‘
17 “Mesan kɔɔ Yerusalem na merebɔ mpae wɔ asɔredan mu no,
”יום אחד, לאחר שחזרתי לירושלים, דיבר אלי ה׳ בחזיון בשעה שהתפללתי בבית־המקדש.’הזדרז וצא מירושלים‘, הוא אמר אלי,’כי תושבי העיר לא יאמינו למה שתספר להם עלי‘.
18 mihuu Awurade wɔ anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.’
19 “Mekae se, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo boroo wɔn.
”’אבל אדון‘, מחיתי,’הם יודעים היטב שהלכתי לבית־הכנסת והכיתי את המאמינים בך, ואף השלכתי אותם לכלא.
20 Saa ara na bere a wokum wo dansefo Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifo no ntama so.’
וכשהרגו את עבדך סטפנוס, עמדתי שם בהסכמה לנעשה והשגחתי על מעיליהם של רוצחיו!‘
21 “Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufo nkyɛn!’”
”אולם אלוהים אמר לי:’עזוב את ירושלים, כי אני שולח אותך הרחק אל הגויים!‘“
22 Bere a Paulo kae se wɔasoma no amanamanmufo nkyɛn pɛ na dɔm no fii ase teɛteɛɛ mu dennen se, “Munkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena wiase!”
הקהל הקשיב בתשומת לב עד שאמר פולוס את המשפט האחרון, ואז צעקו כולם פה־אחד:”סלקו אותו מכאן! הרגו אותו! הוא אינו ראוי לחיות!“
23 Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛ mu, hugyaa wɔn ntama saw mfutuma tow petee wim.
הם צרחו, השליכו את מעיליהם וזרקו עפר כלפי מעלה.
24 Roma sahene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wotie nʼasɛm no.
המפקד ציווה על חייליו להכניס את פולוס לתוך המצודה ולהלקותו ברצועות, כדי לאלצו להתוודות על פשעו. המפקד רצה לדעת מדוע היה הקהל נרגש ופרוע כל־כך.
25 Bere a wɔkyekyeree no wiee a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina hɔ no se, “Mowɔ ho kwan sɛ mobɔ Romani a wonnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa ana?”
בשעה שהחיילים כבלו את פולוס כדי להלקותו, הוא פנה אל הקצין שעמד לצדו ושאל:”האם מותר להלקות אזרח רומאי לפני שהעמדת אותו לדין?“
26 Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kobisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”
הקצין ניגש אל מפקד החטיבה וקרא:”מה אתה עושה? האיש הזה אזרח רומאי!“
27 Afei ɔsahene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, “Woyɛ Romani ana?” Paulo buaa no se, “Yiw meyɛ Romani.”
המפקד בא אל פולוס ושאל:”האם אתה באמת אזרח רומאי?“”כן, בהחלט.“
28 Ɔsahene no kae se, “Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma maniyɛ.” Paulo nso kae se, “Me de, wɔwoo me sɛ Romani.”
”גם אני והאזרחות הזאת עלתה לי הרבה כסף!“”אבל אני אזרח רומאי מלידה!“אמר פולוס.
29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, osuroe sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.
החיילים שעמדו להלקות את פולוס הרפו ממנו ברגע ששמעו שהוא אזרח רומאי, והמפקד נמלא פחד על־שום שציווה לאסרו ולהלקותו.
30 Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔɔ se wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.
למחרת בבוקר שחרר אותו המפקד מכבליו וציווה על ראשי הכוהנים לכנס ישיבת סנהדרין. הוא הביא לפניהם את פולוס כדי לנסות לברר מה הייתה הסיבה לכל המהומה הזאת.

< Asomafo 22 >