< Asomafo 21 >
1 Yɛne Efeso asafo mpanyimfo no dii ntetewmu no, yesii mu nam asu ani tee kɔɔ Ko. Ade kyee no, yekoduu Rodo na yefii hɔ kɔɔ Patara.
When we had departed from them and had set sail, we came with a straight course to Cos, and the next day to Rhodes, and from there to Patara.
2 Yenyaa hyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔe.
Having found a ship crossing over to Phoenicia, we went aboard and set sail.
3 Yeduu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yetwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yesii fam wɔ Tiro, efisɛ na ɛhɔ na wɔrekoyi hyɛn no mu nneɛma.
When we had come in sight of Cyprus, leaving it on the left hand, we sailed to Syria and landed at Tyre, for the ship was there to unload her cargo.
4 Yehuu asuafo bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnaawɔtwe. Asuafo no nam Honhom Kronkron adiyi so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnkɔ Yerusalem.
Having found disciples, we stayed there seven days. These said to Paul through the Spirit that he should not go up to Jerusalem.
5 Nanso bere duu sɛ ɛsɛ sɛ yefi hɔ no, yegyaw wɔn hɔ kɔe. Asuafo no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kogyaa yɛn kwan koduu mpoano. Yeduu hɔ no yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae.
When those days were over, we departed and went on our journey. They all, with wives and children, brought us on our way until we were out of the city. Kneeling down on the beach, we prayed.
6 Afei yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wiei no, yɛkɔtenaa hyɛn no mu maa wɔn nso san kɔɔ fie.
After saying goodbye to each other, we went on board the ship, and they returned home again.
7 Yefi Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantu no so faa nsu ani koduu Ptolemai. Yeduu hɔ no yekokyiaa asuafo a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro.
When we had finished the voyage from Tyre, we arrived at Ptolemais. We greeted the brothers and stayed with them one day.
8 Yefii hɔ nʼadekyee so kɔɔ Kaesarea kɔtenaa ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason a woyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fi.
On the next day, we who were Paul’s companions departed and came to Caesarea. We entered into the house of Philip the evangelist, who was one of the seven, and stayed with him.
9 Na Filipo wɔ mmabea baanan a wɔnwaree ɛ, na wɔhyɛ nkɔm.
Now this man had four virgin daughters who prophesied.
10 Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Agabo fii Yudea baa hɔ.
As we stayed there some days, a certain prophet named Agabus came down from Judea.
11 Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyeree ne nan ne ne nsa kae se, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛnea Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔso yi yɛ ne dea no, na wɔde no ahyɛ amanamanmufo no nsa ni!’”
Coming to us and taking Paul’s belt, he bound his own feet and hands, and said, “The Holy Spirit says: ‘So the Jews at Jerusalem will bind the man who owns this belt, and will deliver him into the hands of the Gentiles.’”
12 Yɛtee saa asɛm no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.
When we heard these things, both we and the people of that place begged him not to go up to Jerusalem.
13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Osu a musu de rehyɛ me awerɛhow yi ase ne dɛn? Me de, masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na misuro, na sɛ etwa sɛ miwu ma Awurade Yesu a, mewu.”
Then Paul answered, “What are you doing, weeping and breaking my heart? For I am ready not only to be bound, but also to die at Jerusalem for the name of the Lord Jesus.”
14 Yɛkae kae a wampene no yegyae kae se, “Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.”
When he would not be persuaded, we ceased, saying, “The Lord’s will be done.”
15 Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho fii hɔ kɔɔ Yerusalem.
After these days we took up our baggage and went up to Jerusalem.
16 Kaesarea asuafo no bi ne yɛn kɔe. Yeduu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ofi Kipro a ogyee Yesu Kristo dii akyɛ no fi.
Some of the disciples from Caesarea also went with us, bringing one Mnason of Cyprus, an early disciple, with whom we would stay.
17 Yeduu Yerusalem no, asuafo a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn ɔfɛw so.
When we had come to Jerusalem, the brothers received us gladly.
18 Ade kyee no, Paulo ne yɛn kokyia Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo.
The day following, Paul went in with us to James; and all the elders were present.
19 Nkyia no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ amanamanmufo no mu no kyerɛɛ wɔn.
When he had greeted them, he reported one by one the things which God had worked among the Gentiles through his ministry.
20 Wotiee Paulo amanneɛbɔ no wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Na wɔka kyerɛɛ no se, “Onua, wʼankasa wudi adanse sɛ Yudafo mpempem na na wɔabɛyɛ asuafo a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so.
They, when they heard it, glorified God. They said to him, “You see, brother, how many thousands there are among the Jews of those who have believed, and they are all zealous for the law.
21 Saa nnipa yi ate sɛ wutia Mose mmara no ne Yudafo amanne; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔte amanamanmufo no mu se wonntwa wɔn mma twetia na wonnni yɛn amanne nso so.
They have been informed about you, that you teach all the Jews who are among the Gentiles to forsake Moses, telling them not to circumcise their children and not to walk after the customs.
22 Nea ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti yɛbɛyɛ no dɛn?
What then? The assembly must certainly meet, for they will hear that you have come.
23 Yɛ nea yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔaka ntam.
Therefore do what we tell you. We have four men who have taken a vow.
24 Wo ne wɔn nkɔ na munkodwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi atwitwa wɔn tinwi. Eyi bɛma obiara ahu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokware, efisɛ wʼankasa mpo wudi Mose mmara no so.
Take them and purify yourself with them, and pay their expenses for them, that they may shave their heads. Then all will know that there is no truth in the things that they have been informed about you, but that you yourself also walk keeping the law.
25 Amanamanmufo a wɔabɛyɛ asuafo no de, wɔakyerɛw akɔma wɔn akyerɛ gyinae a yɛasi sɛ, wonnni aduan biara a wɔde abɔ afɔre ama abosom; wonnni mogya; wonnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na owui; na afei nso wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho.”
But concerning the Gentiles who believe, we have written our decision that they should observe no such thing, except that they should keep themselves from food offered to idols, from blood, from strangled things, and from sexual immorality.”
26 Ade kyee no, Paulo ne mmarima no kodwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wobewie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔre ama wɔn mmaako mmaako.
Then Paul took the men, and the next day purified himself and went with them into the temple, declaring the fulfillment of the days of purification, until the offering was offered for every one of them.
27 Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafo bi a wofi Asia huu Paulo wɔ asɔredan no mu. Wɔhwanyan nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ma wɔkyeree Paulo.
When the seven days were almost completed, the Jews from Asia, when they saw him in the temple, stirred up all the multitude and laid hands on him,
28 Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Oyi ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfo, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufo bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi.”
crying out, “Men of Israel, help! This is the man who teaches all men everywhere against the people, and the law, and this place. Moreover, he also brought Greeks into the temple and has defiled this holy place!”
29 Nea enti a wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ, enti na wosusuw sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ.
For they had seen Trophimus the Ephesian, with him in the city, and they supposed that Paul had brought him into the temple.
30 Wɔtee saa no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi kɔkyeree Paulo, twee no fii asɔredan no mu hɔ. Wɔtotoo asɔredan no apon no nyinaa mu ntɛm so.
All the city was moved and the people ran together. They seized Paul and dragged him out of the temple. Immediately the doors were shut.
31 Bere a dɔm no pɛɛ sɛ wokum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafo sahene no se basabasa asi Yerusalem.
As they were trying to kill him, news came up to the commanding officer of the regiment that all Jerusalem was in an uproar.
32 Amono mu hɔ ara ɔsahene no ne asraafo mpanyin bi ne asraafo bi de ahoɔhare kɔɔ nea dɔm no ahyia hɔ. Bere a nnipa no huu no ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe.
Immediately he took soldiers and centurions and ran down to them. They, when they saw the chief captain and the soldiers, stopped beating Paul.
33 Ɔsahene no kosoo Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no. Afei obisae se, “Hena ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?”
Then the commanding officer came near, arrested him, commanded him to be bound with two chains, and inquired who he was and what he had done.
34 Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkoro; ebinom ka sɛɛ a, na afoforo nso aka sɛɛ. Saa basabasa yi amma ɔsahene no antumi anhu asɛm pɔtee a asi. Ɛno nti, ɔhyɛɛ nʼasraafo no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu.
Some shouted one thing and some another, among the crowd. When he could not find out the truth because of the noise, he commanded him to be brought into the barracks.
35 Wɔde Paulo duu atrapoe no ano no, dɔm no bɔ toaa no enti asraafo no maa no so kɔe.
When he came to the stairs, he was carried by the soldiers because of the violence of the crowd;
36 Dɔm no tu dii wɔn akyi teɛteɛɛ mu se, “Munkum no!”
for the multitude of the people followed after, crying out, “Away with him!”
37 Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, obisaa ɔsahene no se, “Mesrɛ wo, metumi aka asɛm bi akyerɛ wo ana?” Ɔsahene no nso bisaa no se, “Enti, wote Hela kasa?
As Paul was about to be brought into the barracks, he asked the commanding officer, “May I speak to you?” He said, “Do you know Greek?
38 Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ofii basabasayɛ ase dii mmarima awudifo mpem anan anim kɔɔ sare so no?”
Are not you then the Egyptian who before these days stirred up to sedition and led out into the wilderness the four thousand men of the Assassins?”
39 Paulo buaa no se, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kurow a agye din no mu nipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho kwan na me ne nnipa no nkasa.”
But Paul said, “I am a Jew from Tarsus in Cilicia, a citizen of no insignificant city. I beg you, allow me to speak to the people.”
40 Ɔsahene no maa Paulo kwan ma ogyinaa atrapoe no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu se:
When he had given him permission, Paul, standing on the stairs, beckoned with his hand to the people. When there was a great silence, he spoke to them in the Hebrew language, saying,