< Asomafo 19 >
1 Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu agyidifo bi
Догоди се пак, кад беше Аполос у Коринту, да Павле пролажаше горње земље, и дође у Ефес, и нашавши неке ученике
2 bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron no ana?” Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”
Рече им: Јесте ли примили Духа Светог кад сте веровали? А они му рекоше: Нисмо ни чули да има Дух Свети.
3 Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛno de na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”
А он им рече: На шта се дакле крстисте? А они рекоше: На крштење Јованово.
4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.”
А Павле рече: Јован крсти крштењем покајања, говорећи народу да верују Оног који ће за њим доћи, то јест, Христа Исуса.
5 Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.
А кад то чуше, крстише се у име Господа Исуса.
6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm.
А кад Павле метну руке на њих, сиђе Дух Свети на њих, и говораше језике и прорицаху.
7 Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien.
А беше људи свега око дванаест.
8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu asram abiɛsa pɛɛ sɛ ɔsakra nnipa no adwene.
И ушавши у зборницу говораше слободно три месеца учећи и уверавајући за царство Божје.
9 Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de agyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano asuadan mu daa.
А кад неки беху отврднули и свађаху се хулећи на пут Господњи пред народом, одступи од њих и одлучи ученике, па се препираше сваки дан у школи неког Тирана.
10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafo ne Helafo ka ho no tee Awurade asɛm no.
И ово је бивало две године, тако да сви који живљаху у Азији, и Јевреји и Грци, чуше реч Господа Исуса.
11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse,
И Бог чињаше не мала чудеса рукама Павловим,
12 maa mpo ne nnukuu ne nʼatade nsɛnanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.
Тако да су и чалме и убрушчиће знојаве од тела његовог носили на болеснике, и они се исцељиваху од болести, и духови зли излажаху из њих.
13 Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, muntu mfi ne mu!”
И почеше неки од Јевреја, који се скитаху и заклињаху ђаволе, спомињати над онима у којима беху зли духови име Господа Исуса говорећи: Заклињемо вас Исусом кога Павле проповеда.
14 Yudafo sɔfopanyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi.
А беху неких седам синова Скеве Јеврејина, поглавара свештеничког, који ово чињаху.
15 Honhommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mo ne hefo?”
А дух зли одговарајући рече: Исуса познајем, и Павла знам; али ви ко сте?
16 Afei ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ.
И скочивши на њих човек у коме беше зли дух надвлада их, и притиште их пода се тако да голи и израњени утекоше из оне куће.
17 Yudafo ne amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ.
И ово дознаше сви који живљаху у Ефесу, и Јевреји, и Грци; и уђе страх у све њих, и величаше се име Господа Исуса.
18 Agyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm.
И многи од оних што вероваху, долажаху те се исповедаху и казиваху шта су учинили.
19 Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma ba maa wɔhyew wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyew no bo no na ɛyɛ nnwetɛbona mpem aduonum.
А многи од оних који чараху, сабравши књиге своје спаљиваху их пред свима; и прорачунаше и нађоше да су вределе педесет хиљада гроша.
20 Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛw tumi so.
Тако здраво растијаше и надвлађиваше реч Господња.
21 Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri no mɛkɔ Roma nso.”
И кад се ово сврши, намисли Павле да прође преко Македоније и Ахаје, и да иде у Јерусалим, и рече: Пошто будем тамо, ваља ми и Рим видети.
22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.
И посла у Македонију двојицу од оних који га служаху, Тимотија и Ераста; а он оста неко време у Азији.
23 Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso.
А у оно време подиже се не мала буна пута ради Господњег,
24 Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam.
Јер некакав златар, по имену Димитрије, који грађаше Дијани сребрне црквице и даваше мајсторима не мали посао,
25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma ahorow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so.
Он скупи ове и других оваквих ствари мајсторе, и рече: Људи! Ви знате да од овог посла ми имамо добитак за своје живљење;
26 Mo ara moahu na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa.
И видите и чујете да не само у Ефесу него готово по свој Азији овај Павле одврати народ многи, говорећи: То нису богови што се рукама човечијим граде.
27 Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”
И не само што ће ова несрећа доћи на наш занат да не пролази, него се неће марити ни за цркву велике богиње Дијане, и пропашће величанство оне коју сва Азија и васиони свет поштује.
28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuw fii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛ mu se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
А кад они ово чуше, напунише се гнева, и викаху говорећи: Велика је Дијана Ефеска!
29 Basabasayɛ no trɛw wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔbea.
И сав се град напуни буне; и наваливши једнодушно на збориште ухватише Гаја и Аристарха из Македоније, другове Павлове.
30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ aguabɔbea hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan.
А кад Павле хтеде да иде међу народ, не дадоше му ученици.
31 Ɔmantam no mu mpanyimfo bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ aguabɔbea hɔ.
А неки и од азијских поглавара који му беху пријатељи, послаше к њему саветујући га да не излази на збориште.
32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛ mu kaa nsɛm bi na ebinom nso teɛɛ mu kaa nsɛm foforo bi, efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu.
Једни пак викаху једно а други друго; јер беше сабор смућен, и највише их не знаху зашто су се скупили.
33 Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuw sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfo ano.
А једни од народа извукоше Александра, кад га Јевреји изведоше. А Александар махнувши руком хтеде да одговори народу.
34 Dɔm no huu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no, wɔteɛteɛ mu nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
А кад га познаше да је Јеврејин, повикаше сви у глас, и викаху око два сата: Велика је Дијана Ефеска.
35 Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi hyiadan ne ohoni a efi ɔsoro beduruu no so.
А писар утишавши народ рече: Људи Ефесци! Ко је тај човек који не зна да град Ефес слави велику богињу Дијану и њен кип небески?
36 Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara.
Кад дакле то не може нико одрећи, ваља ви да будете мирни, и ништа нагло да не чините;
37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn hyiadan mu, nkaa asɛmmɔne biara ntia yɛn nyame no.
Јер доведосте ове људе који нити су цркву Дијанину покрали, нити хуле на вашу богињу.
38 Sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asennii ne mpanyin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto gua.
А Димитрије и мајстори који су с њим ако имају какву тужбу, имају судови, и имају намесници, нека туже један другог.
39 Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia na wɔfa mmara kwan so ka ho asɛm.
Ако ли шта друго иштете, нека се извиди на правој скупштини.
40 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.”
Јер се бојимо да не будемо тужени за данашњу буну; а ниједног узрока нема којим бисмо се могли оправдати за ову буну.
41 Ɔkasa wiei no, otuu gua no.
И ово рекавши распусти народ који се беше сабрао.