< Asomafo 18 >

1 Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto.
その後、パウロはアテネを去ってコリントへ行った。
2 Ɛhɔ na ohyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila a wɔwoo no wɔ Ponto a ɔne ne yere Priskila fi Italia aba hɔ a na ɛnkyɛe. Wofii Italia efisɛ na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara se Yudafo nyinaa mfi Roma asase so.
そこで、アクラというポント生れのユダヤ人と、その妻プリスキラとに出会った。クラウデオ帝が、すべてのユダヤ人をローマから退去させるようにと、命令したため、彼らは近ごろイタリヤから出てきたのである。
3 Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, efisɛ na wɔn nyinaa nwen ntamadan.
パウロは彼らのところに行ったが、互に同業であったので、その家に住み込んで、一緒に仕事をした。天幕造りがその職業であった。
4 Na Paulo kɔ hyiadan mu homeda biara kɔka asɛm no de pɛɛ sɛ anka ɔdan Yudafo ne Helafo no adwene ma wogye di.
パウロは安息日ごとに会堂で論じては、ユダヤ人やギリシヤ人の説得に努めた。
5 Bere a Silas ne Timoteo fii Makedonia bae no, Paulo de nʼadagyew nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanse kyerɛɛ Yudafo no se Yesu ne Agyenkwa no.
シラスとテモテが、マケドニヤから下ってきてからは、パウロは御言を伝えることに専念し、イエスがキリストであることを、ユダヤ人たちに力強くあかしした。
6 Bere a Yudafo no ampɛ sɛ wotie Paulo asɛnka, na wɔyeyaw no no, ɔde abufuw poroporow nʼatade mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mmusu ngu mo atifi. Mo afɔbu nna me so. Efi nnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufo.”
しかし、彼らがこれに反抗してののしり続けたので、パウロは自分の上着を振りはらって、彼らに言った、「あなたがたの血は、あなたがた自身にかえれ。わたしには責任がない。今からわたしは異邦人の方に行く」。
7 Ofii hɔ kɔtenaa Amanamanmuni Nyamesomni bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn.
こう言って、彼はそこを去り、テテオ・ユストという神を敬う人の家に行った。その家は会堂と隣り合っていた。
8 Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panyin no ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara na Korintofo bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.
会堂司クリスポは、その家族一同と共に主を信じた。また多くのコリント人も、パウロの話を聞いて信じ、ぞくぞくとバプテスマを受けた。
9 Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, “Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka mʼasɛm no,
すると、ある夜、幻のうちに主がパウロに言われた、「恐れるな。語りつづけよ、黙っているな。
10 efisɛ meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, efisɛ nnipa pii wɔ kurow yi mu a wɔyɛ mʼakyidifo.”
あなたには、わたしがついている。だれもあなたを襲って、危害を加えるようなことはない。この町には、わたしの民が大ぜいいる」。
11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.
パウロは一年六か月の間ここに腰をすえて、神の言を彼らの間に教えつづけた。
12 Bere a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafo no sɔre tiaa Paulo kyeree no de no kɔɔ asennii,
ところが、ガリオがアカヤの総督であった時、ユダヤ人たちは一緒になってパウロを襲い、彼を法廷にひっぱって行って訴えた、
13 kae se, “Saa onipa yi retu nkurɔfo aso sɛ wɔnkwati Yudafo mmara no mfa ɔkwan foforo so nsom Onyankopɔn.”
「この人は、律法にそむいて神を拝むように、人々をそそのかしています」。
14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Yudafo, sɛ mode asɛm foforo bi a ɛfa nsɛmmɔnedi anaa abususɛm ho na ɛbae a, anka mɛhwɛ na maka.
パウロが口を開こうとすると、ガリオはユダヤ人たちに言った、「ユダヤ人諸君、何か不法行為とか、悪質の犯罪とかのことなら、わたしは当然、諸君の訴えを取り上げもしようが、
15 Nanso esiane sɛ ɛyɛ akyinnyegye a ɛfa nsɛm, din ne mo mmara ho nti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu otemmufo.”
これは諸君の言葉や名称や律法に関する問題なのだから、諸君みずから始末するがよかろう。わたしはそんな事の裁判人にはなりたくない」。
16 Na ɔpam wɔn fii asennii hɔ.
こう言って、彼らを法廷から追いはらった。
17 Afei dɔm no tow hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panyin no so, twee no kɔɔ asennii hɔ kɔbroo no, nanso Galio anka ho hwee.
そこで、みんなの者は、会堂司ソステネを引き捕え、法廷の前で打ちたたいた。ガリオはそれに対して、そ知らぬ顔をしていた。
18 Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refi hɔ akɔ Siria. Esiane bɔ a na wahyɛ no nti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔma woyii ne ti wɔ Kenkrea.
さてパウロは、なお幾日ものあいだ滞在した後、兄弟たちに別れを告げて、シリヤへ向け出帆した。プリスキラとアクラも同行した。パウロは、かねてから、ある誓願を立てていたので、ケンクレヤで頭をそった。
19 Woduu Efeso no, Paulo gyaw Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kɔkasae.
一行がエペソに着くと、パウロはふたりをそこに残しておき、自分だけ会堂にはいって、ユダヤ人たちと論じた。
20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ obetumi a anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra nanso wampene so.
人々は、パウロにもっと長いあいだ滞在するように願ったが、彼は聞きいれないで、
21 Mmom, ɔrebefi hɔ no ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a mɛsan aba bio.” Na ofii hɔ kɔɔ Efeso.
「神のみこころなら、またあなたがたのところに帰ってこよう」と言って、別れを告げ、エペソから船出した。
22 Oduu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no fii hɔ kɔɔ Antiokia.
それから、カイザリヤで上陸してエルサレムに上り、教会にあいさつしてから、アンテオケに下って行った。
23 Odii nna kakra wɔ hɔ no, ofii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifo a wɔwɔ hɔ no den.
そこにしばらくいてから、彼はまた出かけ、ガラテヤおよびフルギヤの地方を歴訪して、すべての弟子たちを力づけた。
24 Saa bere no ara mu na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano atew na onim Kyerɛwsɛm no yiye.
さて、アレキサンデリヤ生れで、聖書に精通し、しかも、雄弁なアポロというユダヤ人が、エペソにきた。
25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim.
この人は主の道に通じており、また、霊に燃えてイエスのことを詳しく語ったり教えたりしていたが、ただヨハネのバプテスマしか知っていなかった。
26 Ofii ase de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ fie kɔkyerɛkyerɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yiye.
彼は会堂で大胆に語り始めた。それをプリスキラとアクラとが聞いて、彼を招きいれ、さらに詳しく神の道を解き聞かせた。
27 Bere a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifo a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, kyerɛw krataa kɔmaa agyidifo a wɔwɔ hɔ no se wonnye no. Bere a okodui no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom nti wɔabɛyɛ agyidifo no yiye.
それから、アポロがアカヤに渡りたいと思っていたので、兄弟たちは彼を励まし、先方の弟子たちに、彼をよく迎えるようにと、手紙を書き送った。彼は到着して、すでにめぐみによって信者になっていた人たちに、大いに力になった。
28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafo no guu wɔ bagua mu, nam Kyerɛwsɛm no so daa no adi pefee sɛ Yesu ne Agyenkwa no.
彼はイエスがキリストであることを、聖書に基いて示し、公然と、ユダヤ人たちを激しい語調で論破したからである。

< Asomafo 18 >