< Asomafo 17 >

1 Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan wɔ no.
And when they had passed through Amphipolis and Apollonia, they came to Thessalonica, where was the synagogue of the Jews.
2 Sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye wɔ Kyerɛwsɛm no ho,
And Paul, as his custom was, went in among them, and for three sabbaths discoursed to them out of the Scriptures,
3 kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”
explaining them, and setting forth that it was necessary for the Christ to suffer, and to rise from the dead, and that “this is the Christ, —Jesus whom I am making known to you.”
4 Nnipa no bi gye dii ma wodii Paulo ne Silas akyi. Saa ara na Helafo bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmea mpanyin bi nso gye dii de wɔn ho bɔɔ wɔn ara ne no.
And some of them were convinced, and joined themselves to Paul and Silas, and of the devout Greeks a great multitude, and of the women of high rank not a few.
5 Yudafo mpanyin no anibere nti, wɔboaboaa ahuhufo bi ano ma wɔbɔɔ twi faa kurow no mu kotwaa Yason fi ho hyiae, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanyin no.
But the unbelieving Jews, taking with them certain bad men of the idlers in the market-place, and gathering a crowd, set the city in an uproar; and having come to the house of Jason, they endeavored to bring them out to the people;
6 Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no nti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanyin no anim teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kurow yi mu,
but not finding them, they dragged Jason and some of the brethren before the city magistrates, crying out, These men that have turned the world upside down have come hither also;
7 ama Yason agye wɔn atena ne fi. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yenni so no so, efisɛ wɔka se ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.”
whom Jason hath entertained; and they are all acting in opposition to the decrees of Caesar, saying that there is another king, Jesus.
8 Saa asɛm yi hwanyan dɔm no ne kurow no mu mpanyin no.
And they alarmed the multitude and the city magistrates when they heard these things.
9 Kurow no mu mpanyin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn akagyinamu ma wogyaa wɔn.
And having taken security of Jason and of the others, they let them go.
10 Ade sae ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas kwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wodui no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu.
And the brethren immediately sent away Paul and Silas by night to Berea; who, having come there, went into the synagogue of the Jews.
11 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefo te sɛ Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ sɛ wohu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ana.
These were more noble than those in Thessalonica, in that they received the word with all readiness, and searched the Scriptures daily, whether these things were so.
12 Nnipa no mu bebree a Helafo mmea atitiriw ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no dii.
Many of them therefore believed; and of the Grecian women of rank and men, not a few.
13 Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ kɔhwanyan hɔfo no nso.
But when the Jews of Thessalonica knew that at Beroea, too, the word of God was preached by Paul, they came hither also, and stirred up the multitudes.
14 Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia.
And then immediately the brethren sent away Paul to go to the sea; but Silas and Timothy remained there.
15 Nnipa a wokogyaa Paulo kwan no de no koduu Atene. Wɔresan akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn se wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm.
And they who conducted Paul brought him to Athens; and having received a commandment to Silas and Timothy to come to him as soon as possible, they departed.
16 Bere a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohuu ahoni pii wɔ kurow no mu. Eyi maa ne werɛ howee yiye.
Now while Paul was waiting for them at Athens, his spirit was stirred within him, when he saw the city full of idols.
17 Enti na ɔne Yudafo ne amanamanmufo a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfo gye akyinnye wɔ aguabɔbea ara ne no.
Therefore he reasoned in the synagogue with the Jews and the devout [[Greeks]], and in the market daily with those that met him.
18 Afei, ɔne Epikurofo ne Stoikfo anyansafo bi nso gyee akyinnye. Ebinom kae se, “Na dɛn na nnabrabani yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforo nso kae se, “Ɛyɛ sɛ ɔreka anyame afoforo bi ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa eyi ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔre ho asɛm.
And some of the Epicurean and Stoic philosophers also conversed with him. And some said, What doth this babbler mean to say? and others, He seemeth to be a setter forth of foreign gods; because he brought the glad tidings of Jesus and the resurrection.
19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago bagua anim kae se, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforo a worekyerɛkyerɛ yi ase,
And they took him and brought him to Mars' hill, saying, May we know what this new doctrine is, of which thou speakest?
20 efisɛ nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforo, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yiye.”
For thou bringest certain strange things to our ears. We would know therefore what these things mean.
21 Na Atenefo ne ahɔho a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyew nyinaa betie nsɛm foforo anaa wɔbɛka nsɛm foforo a wɔate no akyerɛ afoforo.
Now all the Athenians, and the strangers residing among them, spent their leisure for nothing else but to tell or to hear something new.
22 Paulo sɔre gyinaa Areopago bagua no anim kae se, “Atenefo, mihu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yiye.
Then Paul stood in the midst of Mars' hill, and said, Men of Athens, in all things I perceive that ye are very devout.
23 Efisɛ mituu mpase faa mo kurow yi mu, na mihuu mmeae ahorow a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho se, Onyame a wonnim no no de. Enti ade a munnim na mosɔre no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.
For while passing along and observing your objects of worship, I found also an altar with this inscription, “To an unknown God.” What therefore ye, without knowledge of it, worship, that do I make known to you.
24 “Onyankopɔn a ɔbɔɔ wiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
The God who made the world and all things therein, he, being Lord of heaven and earth, dwelleth not in temples made with hands;
25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadi so de bɛma no no nso ho nhia no, efisɛ ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ehia wɔn.
nor doth he receive service at the hands of men, as though he needed anything, since it is he that giveth to all life and breath and all things.
26 Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahorow nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman bere a wɔbɛsɔre ne bere a wɔbɛhwe ase. Saa ara na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahye nso.
And he made of one blood every nation of men to dwell on all the face of the earth, having fixed appointed times, and the bounds of their habitation;
27 Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwiw abɛn no;
that they should seek God, if haply they might feel after him, and find him, though he is not far from every one of us.
28 sɛnea obi ka se, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no. Saa ara na mo nnwontofo bi nso aka se, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no.
For in him we live, and move, and have our being; as also some of your own poets have said: “For we are also his offspring.”
29 “Ɛno de, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɔbo ayɛ.
Being then the offspring of God, we ought not to think that the Deity is like to gold or silver or stone, graven by the art and device of man.
30 Onyankopɔn buu nʼani guu bere a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi akwammɔne so.
The times indeed of ignorance God overlooked; but now commandeth all men every where to repent;
31 Efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bebu nnipa nyinaa atɛntrenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre fii awufo mu no so adi adanse akyerɛ nnipa nyinaa.”
inasmuch as he hath fixed a day, in which he will judge the world in righteousness by a man whom he hath appointed; having given assurance to all by raising him from the dead.
32 Bere a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔre ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforo nso kae se, “Yɛpɛ sɛ wosan ka saa asɛm no bio.”
And when they heard of a resurrection of the dead, some mocked; but ethers said, We will hear thee again about this matter.
33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo fii bagua no anim kɔe.
Thus Paul departed from among them.
34 Nanso, nnipa kakraa bi gyee no dii de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofo mu ne ɔbea bi a ne din de Damari ne afoforo bi.
But certain men joined themselves to him, and believed; among whom was Dionysius the Areopagite; and a woman named Damaris, and others with them.

< Asomafo 17 >