< Asomafo 16 >
1 Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.
Κατήντησε δὲ εἰς Δέρβην καὶ Λύστραν· καὶ ἰδού, μαθητής τις ἦν ἐκεῖ, ὀνόματι Τιμόθεος, υἱὸς γυναικός τινος Ἰουδαίας πιστῆς, πατρὸς δὲ Ἕλληνος·
2 Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa.
ὃς ἐμαρτυρεῖτο ὑπὸ τῶν ἐν Λύστροις καὶ Ἰκονίῳ ἀδελφῶν.
3 Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti otwaa no twetia, efisɛ Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani.
Τοῦτον ἠθέλησεν ὁ Παῦλος σὺν αὐτῷ ἐξελθεῖν, καὶ λαβὼν περιέτεμεν αὐτόν, διὰ τοὺς Ἰουδαίους τοὺς ὄντας ἐν τοῖς τόποις ἐκείνοις· ᾔδεισαν γὰρ ἅπαντες τὸν πατέρα αὐτοῦ, ὅτι Ἕλλην ὑπῆρχεν.
4 Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn.
Ὡς δὲ διεπορεύοντο τὰς πόλεις, παρεδίδουν αὐτοῖς φυλάσσειν τὰ δόγματα τὰ κεκριμένα ὑπὸ τῶν ἀποστόλων καὶ τῶν πρεσβυτέρων τῶν ἐν Ἱερουσαλήμ.
5 Asafo no nyinii gyidi mu na daa, nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.
Αἱ μὲν οὖν ἐκκλησίαι ἐστερεοῦντο τῇ πίστει, καὶ ἐπερίσσευον τῷ ἀριθμῷ καθ᾽ ἡμέραν.
6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.
Διελθόντες δὲ τὴν Φρυγίαν καὶ τὴν Γαλατικὴν χώραν, κωλυθέντες ὑπὸ τοῦ Ἁγίου Πνεύματος λαλῆσαι τὸν λόγον ἐν τῇ Ἀσίᾳ,
7 Woduu Misia hye so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan.
ἐλθόντες κατὰ τὴν Μυσίαν ἐπείραζον κατὰ τὴν Βιθυνίαν πορεύεσθαι· καὶ οὐκ εἴασεν αὐτοὺς τὸ πνεῦμα·
8 Enti wɔfaa Misia kosii Troa.
παρελθόντες δὲ τὴν Μυσίαν κατέβησαν εἰς Τρῳάδα.
9 Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!”
Καὶ ὅραμα διὰ τῆς νυκτὸς ὤφθη τῷ Παύλῳ· ἀνήρ τις ἦν Μακεδὼν ἑστώς, παρακαλῶν αὐτὸν καὶ λέγων, Διαβὰς εἰς Μακεδονίαν, βοήθησον ἡμῖν.
10 Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ.
Ὡς δὲ τὸ ὅραμα εἶδεν, εὐθέως ἐζητήσαμεν ἐξελθεῖν εἰς τὴν Μακεδονίαν, συμβιβάζοντες ὅτι προσκέκληται ἡμᾶς ὁ Κύριος εὐαγγελίσασθαι αὐτούς.
11 Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli.
Ἀναχθέντες οὖν ἀπὸ τῆς Τρῳάδος, εὐθυδρομήσαμεν εἰς Σαμοθρᾴκην, τῇ τε ἐπιούσῃ εἰς Νεάπολιν,
12 Yefi hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu.
ἐκεῖθέν τε εἰς Φιλίππους, ἥτις ἐστὶ πρώτη τῆς μερίδος τῆς Μακεδονίας πόλις, κολωνεία· ἦμεν δὲ ἐν αὐτῇ τῇ πόλει διατρίβοντες ἡμέρας τινάς.
13 Homeda duu no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no.
Τῇ τε ἡμέρᾳ τῶν σαββάτων ἐξήλθομεν ἔξω τῆς πόλεως παρὰ ποταμόν, οὗ ἐνομίζετο προσευχὴ εἶναι, καὶ καθίσαντες ἐλαλοῦμεν ταῖς συνελθούσαις γυναιξί.
14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii.
Καί τις γυνὴ ὀνόματι Λυδία, πορφυρόπωλις πόλεως Θυατείρων, σεβομένη τὸν Θεόν, ἤκουεν· ἧς ὁ Κύριος διήνοιξε τὴν καρδίαν, προσέχειν τοῖς λαλουμένοις ὑπὸ τοῦ Παύλου.
15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.
Ὡς δὲ ἐβαπτίσθη, καὶ ὁ οἶκος αὐτῆς, παρεκάλεσε λέγουσα, Εἰ κεκρίκατέ με πιστὴν τῷ Κυρίῳ εἶναι, εἰσελθόντες εἰς τὸν οἶκόν μου, μείνατε. Καὶ παρεβιάσατο ἡμᾶς.
16 Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho.
Ἐγένετο δὲ πορευομένων ἡμῶν εἰς προσευχήν, παιδίσκην τινὰ ἔχουσαν πνεῦμα Πύθωνος ἀπαντῆσαι ἡμῖν, ἥτις ἐργασίαν πολλὴν παρεῖχε τοῖς κυρίοις αὐτῆς, μαντευομένη.
17 Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.”
Αὕτη κατακολουθήσασα τῷ Παύλῳ καὶ ἡμῖν, ἔκραζε λέγουσα, Οὗτοι οἱ ἄνθρωποι δοῦλοι τοῦ Θεοῦ τοῦ ὑψίστου εἰσίν, οἵτινες καταγγέλλουσιν ἡμῖν ὁδὸν σωτηρίας.
18 Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mehyɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu se, tu fi ne mu kɔ!” Amono mu hɔ ara, na honhommɔne no tu fii afenaa no mu.
Τοῦτο δὲ ἐποίει ἐπὶ πολλὰς ἡμέρας. Διαπονηθεὶς δὲ ὁ Παῦλος, καὶ ἐπιστρέψας, τῷ πνεύματι εἶπε, Παραγγέλλω σοι ἐν τῷ ὀνόματι Ἰησοῦ Χριστοῦ, ἐξελθεῖν ἀπ᾽ αὐτῆς. Καὶ ἐξῆλθεν αὐτῇ τῇ ὥρᾳ.
19 Bere a afenaa no wuranom huu sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyimfo anim wɔ aguabɔbea.
Ἰδόντες δὲ οἱ κύριοι αὐτῆς ὅτι ἐξῆλθεν ἡ ἐλπὶς τῆς ἐργασίας αὐτῶν, ἐπιλαβόμενοι τὸν Παῦλον καὶ τὸν Σίλαν, εἵλκυσαν εἰς τὴν ἀγορὰν ἐπὶ τοὺς ἄρχοντας,
20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn sobo se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani.
καὶ προσαγαγόντες αὐτοὺς τοῖς στρατηγοῖς εἶπον, Οὗτοι οἱ ἄνθρωποι ἐκταράσσουσιν ἡμῶν τὴν πόλιν, Ἰουδαῖοι ὑπάρχοντες,
21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye to mu.”
καὶ καταγγέλλουσιν ἔθη ἃ οὐκ ἔξεστιν ἡμῖν παραδέχεσθαι οὐδὲ ποιεῖν, Ῥωμαίοις οὖσι.
22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.
Καὶ συνεπέστη ὁ ὄχλος κατ᾽ αὐτῶν, καὶ οἱ στρατηγοὶ περιρρήξαντες αὐτῶν τὰ ἱμάτια ἐκέλευον ῥαβδίζειν.
23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenguan.
Πολλάς τε ἐπιθέντες αὐτοῖς πληγὰς ἔβαλον εἰς φυλακήν, παραγγείλαντες τῷ δεσμοφύλακι ἀσφαλῶς τηρεῖν αὐτούς·
24 Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn anan de bobɔɔ nnua mu.
ὅς, παραγγελίαν τοιαύτην εἰληφώς, ἔβαλεν αὐτοὺς εἰς τὴν ἐσωτέραν φυλακήν, καὶ τοὺς πόδας αὐτῶν ἠσφαλίσατο εἰς τὸ ξύλον.
25 Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn.
Κατὰ δὲ τὸ μεσονύκτιον Παῦλος καὶ Σίλας προσευχόμενοι ὕμνουν τὸν Θεόν, ἐπηκροῶντο δὲ αὐτῶν οἱ δέσμιοι·
26 Mpofirim na asase wosow denneennen maa afiase no nnyinaso nso wosow maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn tetewee.
ἄφνω δὲ σεισμὸς ἐγένετο μέγας, ὥστε σαλευθῆναι τὰ θεμέλια τοῦ δεσμωτηρίου· ἀνεῴχθησάν τε παραχρῆμα αἱ θύραι πᾶσαι, καὶ πάντων τὰ δεσμὰ ἀνέθη.
27 Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyan na ohuu sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuw sɛ nneduafo no nyinaa aguan, enti ɔtwee nʼafoa, pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.
Ἔξυπνος δὲ γενόμενος ὁ δεσμοφύλαξ, καὶ ἰδὼν ἀνεῳγμένας τὰς θύρας τῆς φυλακῆς, σπασάμενος μάχαιραν, ἔμελλεν ἑαυτὸν ἀναιρεῖν, νομίζων ἐκπεφευγέναι τοὺς δεσμίους.
28 Nanso Paulo teɛɛ mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”
Ἐφώνησε δὲ φωνῇ μεγάλῃ ὁ Παῦλος λέγων, Μηδὲν πράξῃς σεαυτῷ κακόν· ἅπαντες γάρ ἐσμεν ἐνθάδε.
29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne osuro bɛhwee Paulo ne Silas anim.
Αἰτήσας δὲ φῶτα εἰσεπήδησε, καὶ ἔντρομος γενόμενος προσέπεσε τῷ Παύλῳ καὶ τῷ Σίλᾳ,
30 Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?”
καὶ προαγαγὼν αὐτοὺς ἔξω ἔφη, Κύριοι, τί με δεῖ ποιεῖν ἵνα σωθῶ;
31 Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.”
Οἱ δὲ εἶπον, Πίστευσον ἐπὶ τὸν Κύριον Ἰησοῦν Χριστόν, καὶ σωθήσῃ σὺ καὶ ὁ οἶκός σου.
32 Wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa.
Καὶ ἐλάλησαν αὐτῷ τὸν λόγον τοῦ Κυρίου, καὶ πᾶσι τοῖς ἐν τῇ οἰκίᾳ αὐτοῦ.
33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu.
Καὶ παραλαβὼν αὐτοὺς ἐν ἐκείνῃ τῇ ὥρᾳ τῆς νυκτὸς ἔλουσεν ἀπὸ τῶν πληγῶν, καὶ ἐβαπτίσθη αὐτὸς καὶ οἱ αὐτοῦ πάντες παραχρῆμα.
34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.
Ἀναγαγών τε αὐτοὺς εἰς τὸν οἶκον αὐτοῦ παρέθηκε τράπεζαν, καὶ ἠγαλλιᾶτο πανοικὶ πεπιστευκὼς τῷ Θεῷ.
35 Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.”
Ἡμέρας δὲ γενομένης, ἀπέστειλαν οἱ στρατηγοὶ τοὺς ῥαβδούχους λέγοντες, Ἀπόλυσον τοὺς ἀνθρώπους ἐκείνους.
36 Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoe mu.”
Ἀπήγγειλε δὲ ὁ δεσμοφύλαξ τοὺς λόγους τούτους πρὸς τὸν Παῦλον ὅτι Ἀπεστάλκασιν οἱ στρατηγοί, ἵνα ἀπολυθῆτε· νῦν οὖν ἐξελθόντες πορεύεσθε ἐν εἰρήνῃ.
37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔbea bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na wɔpɛ sɛ wɔfa sum ase gyaa yɛn? Dabi da! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.”
Ὁ δὲ Παῦλος ἔφη πρὸς αὐτούς, Δείραντες ἡμᾶς δημοσίᾳ, ἀκατακρίτους, ἀνθρώπους Ῥωμαίους ὑπάρχοντας, ἔβαλον εἰς φυλακήν, καὶ νῦν λάθρᾳ ἡμᾶς ἐκβάλλουσιν; Οὐ γάρ· ἀλλὰ ἐλθόντες αὐτοὶ ἐξαγαγέτωσαν.
38 Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyimfo no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe
Ἀνήγγειλαν δὲ τοῖς στρατηγοῖς οἱ ῥαβδοῦχοι τὰ ῥήματα ταῦτα· καὶ ἐφοβήθησαν ἀκούσαντες ὅτι Ῥωμαῖοί εἰσι,
39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu.
καὶ ἐλθόντες παρεκάλεσαν αὐτούς, καὶ ἐξαγαγόντες ἠρώτων ἐξελθεῖν τῆς πόλεως.
40 Paulo ne Silas fii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe.
Ἐξελθόντες δὲ ἐκ τῆς φυλακῆς εἰσῆλθον πρὸς τὴν Λυδίαν· καὶ ἰδόντες τοὺς ἀδελφούς, παρεκάλεσαν αὐτούς, καὶ ἐξῆλθον.