< Asomafo 15 >

1 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a morennya nkwa.”
Then some men came down from Judea and were teaching the brothers: “If you are not circumcised according to the custom of Moses, you cannot be saved.”
2 Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnye denneennen. Saa asɛm yi nti Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no ne mpanyimfo faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho.
Therefore, when Paul and Barnabas had a great dissension and debate with them, the brothers appointed Paul and Barnabas and some others from among the believers to go up to the apostles and elders in Jerusalem to discuss this issue.
3 Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Saa asɛm yi yɛɛ agyidifo no nyinaa anigye yiye.
After being sent on their way by the church, they passed through Phoenicia and Samaria and brought great joy to all the brothers when they described in detail the conversion of the Gentiles.
4 Woduu Yerusalem no, asafo no asomafo ne mpanyimfo a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.
When they arrived in Jerusalem, they were welcomed by the church, the apostles, and the elders, and they reported all that God had done through them.
5 Nanso Farisifo a wɔabɛyɛ agyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so.
But some of the believers who belonged to the sect of the Pharisees stood up, saying, “It is necessary to circumcise the Gentiles and command them to keep the law of Moses.”
6 Asomafo no ne mpanyimfo no hyia dwenee asɛm yi ho.
So the apostles and the elders gathered together to consider this matter.
7 Wodwinnwen ho wiee no, Petro sɔre kasae se, “Me nuanom, munim sɛ bere bi a atwam no, Onyankopɔn yii me fii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi.
After there had been much debate, Peter stood up and said to them, “Brothers, you know that in the early days God made a choice among us, that by the words of my mouth the Gentiles would hear the message of the gospel and believe.
8 Sɛnea Onyankopɔn a onim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufo nso ato mu.
And God, who knows the heart, testified to them by giving them the Holy Spirit, just as he did to us.
9 Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu.
He made no distinction between us and them, purifying their hearts by faith.
10 Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa agyidifo no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?
Now then, why are you putting God to the test by placing a yoke on the neck of the disciples that neither our fathers nor we have been able to bear?
11 Nanso yegye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”
On the contrary, we believe that we are saved by the grace of the Lord Jesus in the same way they are.”
12 Bere a Barnaba ne Paulo kaa anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufo no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no tee no, wɔyɛɛ dinn.
Then the entire assembly fell silent as they listened to Barnabas and Paul tell of all the signs and wonders God had performed through them among the Gentiles.
13 Wɔkasa wiei no, Yakobo kae se, “Anuanom, muntie me!
When they had finished speaking, James replied, “Brothers, listen to me.
14 Mprempren ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn se Onyankopɔn yii amanamanmufo sɛ ne de.
Simeon has related how God first visited the Gentiles, to take from among them a people for his name.
15 Adiyifo no nsɛm a wɔkaa no ne eyi hyia, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se:
The words of the prophets are in agreement with this, just as it is written:
16 “‘Eyi akyi no, mɛsan aba abesi Dawid fi a abubu no. Mɛma nea adwiriw no so, na masan asi bio,
‘After this I will return and rebuild the tabernacle of David that has fallen; I will rebuild its ruins and erect it again,
17 sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔaka no, ne amanamanmufo a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’
so that the rest of mankind may seek the Lord, even all the Gentiles who are called by my name, says the Lord, who does all these things.’
18 Awurade a ɔdaa eyi adi bere bi a atwa mu no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.” (aiōn g165)
All God's works are known to him from long ago. (aiōn g165)
19 Yakobo toaa so se, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw amanamanmufo a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no.
Therefore my judgment is that we not create difficulties for those among the Gentiles who turn to God,
20 Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, wonnni mogya nso.
but that we write to them, telling them to abstain from things defiled by idols, from fornication, from what has been strangled, and from blood.
21 Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.”
For from generations of old, Moses has had those who preach him in every city, because he is read in the synagogues every Sabbath.”
22 Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.
Then it seemed good to the apostles and to the elders, together with the whole church, to send men chosen from among them to Antioch with Paul and Barnabas, namely, Judas (called Barsabbas) and Silas, leading men among the brothers,
23 Nhoma a wɔde maa wɔn kɔe no mu nsɛm ni: Anuanom amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo.
and to send with them this letter they had written: “The apostles, elders, and brothers, to the Gentile brothers in Antioch, Syria, and Cilicia: Greetings.
24 Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tan mo ani, haw mo adwene.
Since we have heard that certain men, whom we did not authorize, have gone out from us and troubled you with their words, unsettling your minds by saying that you must be circumcised and keep the law,
25 Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba
it seemed good to us, having come to one accord, to send you men chosen from among us, along with our beloved Barnabas and Paul,
26 a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no.
who have risked their lives for the name of our Lord Jesus Christ.
27 Eyi nti, yɛresoma Yuda ne Silas ama wɔabɛkasa afoa asɛm a yɛrekyerɛw no so.
Therefore we have sent Judas and Silas, who will tell you the same things in their own words.
28 Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nsoa mo;
For it seemed good to the Holy Spirit and to us to lay upon you no further burden than these essentials:
29 munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye. Yɛsan kyia mo.
You must abstain from what has been sacrificed to idols, from blood, from what has been strangled, and from fornication. If you keep yourselves from these things, you will do well. Farewell.”
30 Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa agyidifo no de nhoma no maa wɔn.
So when these men had been sent off, they went to Antioch, and after gathering the congregation together, they delivered the letter.
31 Agyidifo no kenkan nhoma no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei.
When the people read it, they rejoiced over its encouragement.
32 Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran.
Then Judas and Silas, who were themselves prophets, encouraged and strengthened the brothers with many words.
33 Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo.
After spending some time there, they were sent off to the apostles in peace by the brothers.
34 Nanso Silas de, wankɔ bi.
35 Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm.
But Paul and Barnabas stayed in Antioch, teaching and preaching, along with many others, the good news of the word of the Lord.
36 Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.”
After some days had gone by, Paul said to Barnabas, “Let us return and visit our brothers in every city where we proclaimed the word of the Lord, to see how they are doing.”
37 Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ,
Now Barnabas wanted to bring John, who was called Mark.
38 nanso Paulo ampene so, efisɛ wɔwɔ Pamfilia no ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei.
But Paul thought it best not to bring this man who had deserted them in Pamphylia and had not gone on with them in their work.
39 Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro
So there arose a sharp disagreement, with the result that they parted from one another. Barnabas took Mark and sailed off to Cyprus,
40 na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe.
but Paul chose Silas and departed, once he had been committed by the brothers to the grace of God.
41 Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.
And he went through Syria and Cilicia, strengthening the churches.

< Asomafo 15 >