< Asomafo 14 >

1 Paulo ne Barnaba duu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafo ne amanamanmufo bebree bɛyɛɛ agyidifo.
And it came to pass in Iconium, that they entered together into the synagogue of the Jews, and spoke, so that there believed a great multitude of both Jews and Greeks;
2 Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no.
and the unbelieving Jews stirred up and made the souls of the nations evil against the brothers;
3 Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware.
[for a] long time, indeed, therefore, they abided speaking boldly in the LORD, who is testifying to the word of His grace, and granting signs and wonders to come to pass through their hands.
4 Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; fa kɔɔ Yudafo no afa na fa nso kɔɔ asomafo no afa.
And the multitude of the city was divided, and some were with the Jews, and some with the apostles,
5 Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo.
and when there was a purpose both of the nations and of the Jews with their rulers to mistreat [them], and to stone them,
6 Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase.
they having become aware, fled to the cities of Lycaonia, Lystra, and Derbe, and the surrounding region,
7 Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.
and there they were proclaiming good news.
8 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi nʼawo mu.
And a certain man in Lystra, impotent in the feet, was sitting, being lame from the womb of his mother—who never had walked;
9 Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo huu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no
this one was hearing Paul speaking, who, having steadfastly beheld him, and having seen that he has faith to be saved,
10 teɛɛ mu se, “Sɔre gyina hɔ!” Amono mu, obubuafo yi huruw gyinae, fii ase nantewee.
said with a loud voice, “Stand up on your feet upright”; and he was springing and walking,
11 Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofii ase teɛteɛɛ mu wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.”
and the multitudes having seen what Paul did, lifted up their voice in the speech of Lycaonia, saying, “The gods, having become like men, came down to us”;
12 Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus na wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes, efisɛ ɔno na na ɔka asɛm no.
they were also calling Barnabas Zeus, and Paul Hermes, since he was the leader in speaking.
13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no.
And the priest of the Zeus that is before their city, having brought oxen and garlands to the porches, wished to sacrifice with the multitudes,
14 Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛ mu se,
and having heard, the apostles Barnabas and Paul, having torn their garments, sprung into the multitude, crying
15 “Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu no.
and saying, “Men, why do you do these things? And we are similar-feeling men with you, proclaiming good news to you, to turn to the living God from these vanities, who made the heaven, and the earth, and the sea, and all the things in them;
16 Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ.
who in the past generations permitted all the nations to go on in their ways,
17 Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di ma munya ahotɔ.”
though, indeed, He did not leave Himself without witness, doing good—giving rains to us from Heaven, and fruitful seasons, filling our hearts with food and gladness”;
18 Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.
and saying these things, they scarcely restrained the multitudes from sacrificing to them.
19 Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu a na wosusuw sɛ wawu.
And there came there, from Antioch and Iconium, Jews, and they having persuaded the multitudes, and having stoned Paul, drew him outside of the city, having supposed him to be dead;
20 Nanso bere a agyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.
and the disciples having surrounded him, having risen he entered into the city, and on the next day he went forth with Barnabas to Derbe.
21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe ma nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia.
Having also proclaimed good news to that city, and having discipled many, they turned back to Lystra, and Iconium, and Antioch,
22 Wɔhyɛɛ agyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.”
confirming the souls of the disciples, exhorting to remain in the faith, and that it is required of us to enter into the Kingdom of God through many tribulations,
23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa.
and having appointed to them elders in every assembly by vote, having prayed with fastings, they commended them to the LORD in whom they had believed.
24 Wofi Pisidia no wɔbaa Pamfilia.
And having passed through Pisidia, they came to Pamphylia,
25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge na wofi hɔ baa Atalia.
and having spoken the word in Perga, they went down to Attalia,
26 Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no.
and [from] there sailed to Antioch, from where they had been given by the grace of God for the work that they fulfilled;
27 Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
and having come and gathered the assembly together, they declared as many things as God did with them, and that He opened a door of faith to the nations;
28 Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe.
and they abided there with the disciples [for] not a short time.

< Asomafo 14 >