< Asomafo 13 >
1 Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo.
第一項 パウロ第一回の傳道旅行 アンチオキアの教會に、數人の預言者及び教師ありて、其中にバルナバと、黒人と名くるシモンと、クレネのルシオと、分國の王ヘロデの乳兄弟なるマナヘンと、サウロと在りしが、
2 Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.”
彼等主に祭を為し且断食しけるに、聖霊曰ひけるは、汝等バルナバとサウロとを我為に分ちて、我が彼等に任じたる業に從事せしめよ、と。
3 Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn.
是に於て彼等断食及び祈祷を為し、兩人に按手して、之を往かしめたり。
4 Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wofi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu Kipro.
然れば兩人聖霊により遣はされてセリュキアに往き、彼處よりクプロ[島]に航海して、
5 Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.
サラミネに至りしかば、ユデア人の諸會堂にて神の御言を宣傳へ、ヨハネは助手として彼等と共に居りき。
6 Wotwaa mu wɔ supɔw no so koduu Pafo, na hɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho se odiyifo a na ne din de Bar-Yesu.
彼等普く嶋を巡りてパフォスに至りしに、魔術者にして僞預言者なる一人のユデア人に遇へり。名をバリエズと云ひてセルジオ、パウロと云へる地方総督と共に居りしが、
7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn asɛm atie.
此総督智慮ある人にて、バルナバとサウロとを招きて神の御言を聴かんと欲すれども、
8 Nanso nkonyaayifo Bar-Yesu a Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, efisɛ na ɔmpɛ sɛ amrado yi betie Onyankopɔn asɛm.
彼魔術者エリマ、其名は斯く訳せらる、兩人に抵抗して、総督を信仰より遠ざからしめんと努め居たり。
9 Afei Saulo a na wɔfrɛ no Paulo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ nkonyaayifo Elima dinn kae se,
其時パウロとも云へるサウロ、聖霊に充たされて之に目を注ぎ、
10 “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yiye. Nnaadaa ahorow ahyɛ wo ma. Bere biara wopɛ sɛ wodan Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm!
嗚呼所有狡猾と僞計とに充てる者よ、惡魔の子よ、一切の義の敵よ、汝主の直なる道を曲げて止まず、
11 Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afura a worenhu ade fi saa bere yi de kosi bere bi.” Ɛhɔ ara Elima ani furae a na ɔde ne nsa rekeka sɛ obenya obi aso ne mu ana.
今看よ、主の御手汝の上に懸り、汝瞽者となりて時至るまで日を見ざるべし、と云ひけるに、忽ち朦朧と暗黒と其目を掩ひ、彼探廻りつつ手引する者を求め居たりしかば、
12 Amrado no huu asɛm a asi no, ogyee Awurade asɛm no dii. Awurade ho asɛm a ɔtee no maa ne ho dwiriw no.
総督は其成りし事を見て、主の教を感嘆し信仰せり。
13 Paulo ne ne dɔm no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn san kɔɔ Yerusalem.
パウロ及び其伴へる人々、パフォより出帆してパンフィリア[州]の[都]ペルゲンに至りしが、ヨハネは彼等を去りてエルザレムに歸れり。
14 Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee.
然て彼等はペルゲンを経てピジヂア[州]の[都]アンチオキアに至り、安息日に會堂に入りて坐せしかば、
15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”
律法及び預言者[の書]を捧読したる後、會堂の司等、人を彼等に遣はして謂はせけるは、兄弟たる人々よ、汝等人民の為に勧となるべき話あらば語れ、と。
16 Afei Paulo sɔre gyina nyamaa ne nsa fii ase kasae se, “Me nuanom Israelfo ne amanamanmufo a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no muntie me!
其時パウロ立ちて、(沈黙せしめん為に)手眞似して、然て云ひけるは、イスラエルの男子及び神を畏敬せる人々よ、聞け、
17 Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim,
イスラエル人民の神は我等の先祖を選み、其エジプト地方に寄留せし時、人民を引立て、且御腕を挙げて彼處より導き出し、
18 na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ sare so mfe aduanan.
四十年の間荒野に於て彼等の挙動を忍び、
19 Otuu aman ason wɔ Kanaan asase so gui, de asase no maa ne nkurɔfo sɛ wɔn awunyade,
且カナアンの地に於て七の民族を亡ぼし、其土地を彼等に嗣がしめ給ひしが、
20 ma wɔtenaa so mfe ahannan ne aduonum. Eyi akyi no ɔmaa atemmufo dii wɔn so kosii sɛ Odiyifo Samuel bae.
是四百四十年を経たる後の事なり。其後預言者サムエルに至るまで判事を賜ひ、
21 Bere a wɔpɛɛ sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan.
彼等終に王を求めしかば、神は四十年の間ベンヤミン族の人、シスの子たるサウルを賜ひ、
22 Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’
之を退けて後ダヴィドを挙げて王と為し給ひしが、之を證明して曰へらく、「我わが心に適へる人、エッセの子なるダヴィドを得たり、彼悉く我意を為すべし」と。
23 “Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfo Agyenkwa.
神は御約束の随に、彼が子孫の中より救主イエズスをイスラエルに出し給ひしが、
24 Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.
其來るに先ちてヨハネは改心の洗禮をイスラエルの人民に普く宣傳へたり。
25 Ansa na Yohane rebewie nʼasɛnka no, obisaa nnipa no se, ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛ biara na nea moretwɛn no a mensɛ sɛ mɛworɔw ne mpaboa afi ne nan no bɛba.’
然れどヨハネ己が使命を終ふるに當りて、我は汝等の其と思へる人に非ず、然りながら看よ、我後に來る人あり、我は其履を解くにも足らず、と云ひ居たりき。
26 “Me nuanom Abraham asefo ne amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagye yi aba.
兄弟たる人々よ、アブラハムの裔の子等よ、又汝等の中神を畏敬する者よ、汝等にこそ、此救霊の言は送られたるなれ。
27 Esiane sɛ nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifo no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wobuu Yesu kumfɔ maa adiyifo no nsɛm no baa mu.
其はエルザレムに住める人及び其長等は、キリストを認らず、安息日毎に捧読する預言者等の言をも知らず、彼を罪して預言を全うせり。
28 Ɛwɔ mu sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔmaa Pilato kum no.
且死罪の理由の一も見出さずして、ピラトに之を殺さん事を求め、
29 Wɔyɛɛ biribiara a Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho wiee no, woyii no fii asennua no so kosiee no.
斯て之に関して録されたりし事を悉く全うしたる後、木より下して之を墓に納めたり。
30 Nanso Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu,
然れど神は三日目に之を死者の中より復活せしめ給ひしかば、
31 na ne wusɔre akyi no, oyii ne ho adi nna pii kyerɛɛ wɔn a na wɔne no tu kwan fi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔne nnipa a wodi ne ho adanse kyerɛ Israelfo no.
多くの日の間、彼と共にガリレアよりエルザレムに上りし人々に現れ給ひ、彼等今に至るまで人民に對して其證人たり。
32 “Afei yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo se, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre fii awufo mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nenanom no aba mu.
我等も曾て我先祖に為されし彼約束の福音を汝等に告ぐ、
33 Eyi ne nea wɔakyerɛw wɔ Nnwom a ɛto so abien no mu se, “‘Woyɛ me ba; nnɛ, mayɛ wʼAgya.’
其は神イエズスを復活せしめて、我等の子等の為に此約束を全うし給ひたればなり、詩の第二篇に録して、「汝は我子なり、我今日汝を生めり」、とあるが如し。
34 Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔma no sɔre fii awufo mu na amma no amporɔw no ne sɛ, “‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no behyira wo.’
又之を死者の中より復活せしめ給ひて、再び腐敗に歸すべからざる事を指示して曰へらく、「我ダヴィドに為しし聖なる約束を確に全うせん」と。
35 Wɔaka no wɔ baabi nso se, “‘Woremma wo Kronkronni no mporɔw.’
然れば又他の處に、「汝の聖なる者に腐敗を見せ給ふ事なかるべし」と云へる事あり、
36 “Dawid bere so no, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owu ma wosiee no wɔ ne nenanom nkyɛn pɛɛ, na ne nipadua porɔwee.
即ちダヴィドは、生涯神の思召に應じて事へ、眠りて後は先祖と共に置かれて腐敗を見たれども、
37 Nanso nea Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no amporɔw.
神が死者の中より復活せしめ給ひし者は腐敗を見ざりしなり。
38 “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te ase sɛ ɛnam Yesu so na wɔka bɔnefakyɛ ho asɛm kyerɛ mo.
然れば汝等之を覚れ、兄弟たる人々よ、イエズスに由りてこそ、汝等罪の赦を告げられ、
39 Ɛsɛ sɛ mote ase sɛ obiara a ogye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no.
又モイゼの律法の下に義とせらるるを得ざりし一切の罪に就きても、之を信ずる人は皆義とせらるるなれ。
40 Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛɛ no amma mo so:
此故に汝等慎めや、預言者等の[書に]云はれし事、恐くは汝等に到來せん。
41 “‘Mo fɛwdifo! Momma ɛnyɛ mo nwonwa na mo ho nnwiriw mo! Efisɛ merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so, na sɛ wɔka kyerɛ wo a, worennye nni!’”
即ち「看よ、蔑れる人々、感嘆し、而して亡びよ、蓋汝等の日に至りて我一の業を為さん、是人汝等に語るとも汝等が信ぜざるべき程の業なり」とあり、と。
42 Paulo ne Barnaba refi asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Homeda a ɛreba no mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio.
パウロバルナバの兩人會堂を出づる時、次の安息日にも此言を語らん事を乞はれしが、
43 Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafo ne amanamanmufo bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafo no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.
散會の後多くのユデア人、及びユデア教に歸依せし人々、兩人に從ひ來りしかば、兩人彼等に語りて、神の恩寵に止らん事を勧め居たり。
44 Homeda a edi so no dui no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kurow no mu no nyinaa betiee Awurade asɛm.
次の安息日には、神の御言を聴聞せんとて、殆ど町を挙りて集りしが、
45 Yudafo no huu nnipakuw no, wɔn ani bere ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye kasa tiaa no.
ユデア人群集の夥しきを見て妬ましさに満たされ、罵りてパウロの言ふ所を拒みければ、
46 Nanso Paulo ne Barnaba de akokoduru kɔɔ so kae se, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan. Na sɛ moapo, na mummu mo ho sɛ nkwa a enni awiei ho hia mo nti, yebegyaw mo hɔ akɔ amanamanmufo no nkyɛn. (aiōnios )
パウロバルナバ毅然として云ひけるは、神の御言は先汝等に語るべかりき。然るに汝等之を退けて、自ら永遠の生命を得るに足らずとせるを以て、看よ我等転じて異邦人に向はんとするなり。 (aiōnios )
47 Ahyɛde a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufo nyinaa kanea; ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.’”
蓋主我等に命じて、「我汝を立てて異邦人の燈とし、地の極まで救とならしめん」と曰へり、と。
48 Amanamanmufo no tee saa asɛm no, wɔn ani gye ma wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a enni awiei no bɛyɛɛ agyidifo. (aiōnios )
異邦人之を聞きて喜び、又主の御言を崇め居りしが、永遠の生命に預定せられし人々悉く之を信仰せり。 (aiōnios )
49 Na Awurade asɛm no trɛw ɔmantam no mu nyinaa.
斯て主の御言全地方に弘まりければ、
50 Nanso Yudafo no tuu nnipa atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no ne mmea Nyamesurofo a na wɔwɔ hɔ bi a wodi mu no aso ma wɔtaa Paulo ne Barnaba, pam wɔn fii ɔman no mu.
ユデア人は敬虔なる貴夫人等、及び町の重立ちたる人々を煽動して、パウロとバルナバとに對して迫害を起させ、己が地方より彼等を追出せり。
51 Enti asomafo no poroporow wɔn anan ase mfutuma guu wɔn so fii hɔ kɔɔ Ikoniom.
兩人は人々に向ひて足の塵を払い、イコニオムに至りしが、
52 Anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafo a na wɔwɔ Antiokia no ma.
弟子等は欣喜と聖霊とに満たされてありき。