< Asomafo 12 >
1 Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade.
About that time, King Herod reached out to harm some who belonged to the church.
2 Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo.
He had James, the brother of John, put to death with the sword.
3 Ohuu sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu.
And seeing that this pleased the Jews, Herod proceeded to seize Peter during the Feast of Unleavened Bread.
4 Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ obedi nʼasɛm wɔ Twam Afahyɛ no akyi wɔ ɔman no anim.
He arrested him and put him in prison, handing him over to be guarded by four squads of four soldiers each. Herod intended to bring him out to the people after the Passover.
5 Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.
So Peter was kept in prison, but the church was fervently praying to God for him.
6 Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu rewɛn afiase pon no ano nso.
On the night before Herod was to bring him to trial, Peter was sleeping between two soldiers, bound with two chains, with sentries standing guard at the entrance to the prison.
7 Amono mu hɔ ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase hɔ ma ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyan no ka kyerɛɛ no se, “Sɔre ntɛm!” Mpofirim na nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa.
Suddenly an angel of the Lord appeared and a light shone in the cell. He tapped Peter on the side and woke him up, saying, “Get up quickly.” And the chains fell off his wrists.
8 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, “Hyɛ wʼatade ne wo mpaboa.” Petro wiee no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, “Fura wo ntama na di mʼakyi.”
“Get dressed and put on your sandals,” said the angel. Peter did so, and the angel told him, “Wrap your cloak around you and follow me.”
9 Petro dii nʼakyi fii adi. Wɔrekɔ no na ɛyɛ no sɛ adaeso anaa anisoadehu, efisɛ na onnye nni sɛ ɛyɛ asɛmpa ara.
So Peter followed him out, but he was unaware that what the angel was doing was real. He thought he was only seeing a vision.
10 Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ.
They passed the first and second guards and came to the iron gate leading to the city, which opened for them by itself. When they had gone outside and walked the length of one block, the angel suddenly left him.
11 Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, “Afei mahu sɛ nea esii no nyinaa yɛ nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe sɛ wɔyɛ me no mu.”
Then Peter came to himself and said, “Now I know for sure that the Lord has sent His angel and rescued me from Herod’s grasp and from everything the Jewish people were anticipating.”
12 Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no a na ne din de Maria no fi. Saa bere no na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpae.
And when he had realized this, he went to the house of Mary the mother of John, also called Mark, where many people had gathered together and were praying.
13 Petro bɔɔ abɔntenpon no mu na abaawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei.
He knocked at the outer gate, and a servant girl named Rhoda came to answer it.
14 Bere a ɔtee nne no, anigye nti wammue ɔpon no. Ɔsan nʼakyi kɔbɔɔ amanneɛ se, “Petro gyina ɔpon no akyi.”
When she recognized Peter’s voice, she was so overjoyed that she forgot to open the gate, but ran inside and announced, “Peter is standing at the gate!”
15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so kaa se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, “Gyama ɛbɛyɛ ne saman.”
“You are out of your mind,” they told her. But when she kept insisting it was so, they said, “It must be his angel.”
16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuee a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn.
But Peter kept on knocking, and when they opened the door and saw him, they were astounded.
17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no;” na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.
Peter motioned with his hand for silence, and he described how the Lord had brought him out of the prison. “Send word to James and to the brothers,” he said, and he left for another place.
18 Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye sɛ wonhu faako a Petro afa.
At daybreak there was no small commotion among the soldiers as to what had become of Peter.
19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.
After Herod had searched for him unsuccessfully, he examined the guards and ordered that they be executed. Then he went down from Judea to Caesarea and spent some time there.
20 Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so.
Now Herod was in a furious dispute with the people of Tyre and Sidon, and they convened before him. Having secured the support of Blastus, the king’s chamberlain, they asked for peace, because their region depended on the king’s country for food.
21 Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn.
On the appointed day, Herod donned his royal robes, sat on his throne, and addressed the people.
22 Herode kasa wiei no, nnipa no teɛɛ mu se, “Eyi yɛ onyame bi nne na ɛnyɛ onipa bi de!”
And they began to shout, “This is the voice of a god, not a man!”
23 Mpofirim, Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyare dɔɔ mmoa ma owui, esiane obu a wamfa amma Onyankopɔn no nti.
Immediately, because Herod did not give glory to God, an angel of the Lord struck him down, and he was eaten by worms and died.
24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛw maa nnipa bebree gye dii.
But the word of God continued to spread and multiply.
25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.
When Barnabas and Saul had fulfilled their mission to Jerusalem, they returned, bringing with them John, also called Mark.