< Asomafo 11 >
1 Asomafo ne agyidifo a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi.
Audierunt autem Apostoli, et fratres, qui erant in Iudæa: quoniam et Gentes receperunt verbum Dei.
2 Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafo agyidifo no ne no nyaa akasakasa kae se,
Cum autem ascendisset Petrus Ierosolymam, disceptabant adversus illum, qui erant ex circumcisione,
3 “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafo no nkyɛn ne wɔn akodidi.”
dicentes: Quare introisti ad viros præputium habentes, et manducasti cum illis?
4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a esii no ho amanneɛ se,
Incipiens autem Petrus exponebat illis ordinem, dicens:
5 “Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no.
Ego eram in civitate Ioppe orans, et vidi in excessu mentis visionem, descendens vas quoddam velut linteum magnum quattuor initiis summitti de cælo, et venit usque ad me.
6 Mehwɛɛ mu no, mihuu ntɔteboa ahorow, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa.
In quod intuens considerabam, et vidi quadrupedia terræ, et bestias, et reptilia, et volatilia cæli.
7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me se, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’
Audivi autem et vocem dicentem mihi: Surge Petre, occide, et manduca.
8 “Mibuae se, ‘Dabi da, Awurade! Minnii biribiara a ɛho ntew da.’
Dixi autem: Nequaquam Domine: quia commune aut immundum numquam introivit in os meum.
9 “Nne no ka kyerɛɛ me bio se, ‘Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.’
Respondit autem vox secundo de cælo: Quæ Deus mundavit, tu ne commune dixeris.
10 Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa, na ɛsan kɔɔ ɔsoro.
Hoc autem factum est per ter: et recepta sunt omnia rursum in cælum.
11 “Saa bere no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn fi Kaesarea no beduu ofi a na mete mu no mu.
Et ecce viri tres confestim astiterunt in domo, in qua eram, missi a Cæsarea ad me.
12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me se menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifo baasa yi a wofi Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea ma yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fi.
Dixit autem Spiritus mihi ut irem cum illis, nihil hæsitans. Venerunt autem mecum et sex fratres isti, et ingressi sumus in domum viri.
13 Ɔkaa sɛnea ohuu ɔsoro ɔbɔfo wɔ ne fi ma ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no.
Narravit autem nobis, quomodo vidisset Angelum in domo sua, stantem et dicentem sibi: Mitte in Ioppen, et accersi Simonem, qui cognominatur Petrus,
14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ebegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa akyerɛ mo.’
qui loquetur tibi verba, in quibus salvus eris tu, et universa domus tua.
15 “Bere a mifii ase kasae no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso mfiase no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ.
Cum autem cœpissem loqui, cecidit Spiritus sanctus super eos, sicut et in nos in initio.
16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.
Recordatus sum autem verbi Domini, sicut dicebat: Ioannes quidem baptizavit aqua, vos autem baptizabimini Spiritu sancto.
17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛde a bere a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no ɔmaa yɛn bi no a, ɛno de me sɛɛ ne hena a mesiw Onyankopɔn kwan.”
Si ergo eandem gratiam dedit illis Deus, sicut et nobis, qui credidimus in Dominum Iesum Christum: ego quis eram, qui possem prohibere Deum?
18 Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.”
His auditis, tacuerunt: et glorificaverunt Deum, dicentes: Ergo et Gentibus pœnitentiam dedit Deus ad vitam.
19 Wokum Stefano no, wɔtaa agyidifo no ma wɔbɔɔ ahwete. Wɔn mu bi kyinkyin koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafo nko ara.
Et illi quidem, qui dispersi fuerant a tribulatione, quæ facta fuerat sub Stephano, perambulaverunt usque Phœnicen, et Cyprum, et Antiochiam, nemini loquentes verbum, nisi solis Iudæis.
20 Agyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufo no.
Erant autem quidam ex eis viri Cyprii, et Cyrenæi, qui cum introissent Antiochiam, loquebantur et ad Græcos, annunciantes Dominum Iesum.
21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn.
Et erat manus Domini cum eis: multusque numerus credentium conversus est ad Dominum.
22 Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.
Pervenit autem sermo ad aures ecclesiæ, quæ erat Ierosolymis super istis: et miserunt Barnabam usque ad Antiochiam.
23 Oduu hɔ a ohuu sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gye ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso.
Qui cum pervenisset, et vidisset gratiam Dei, gavisus est: et hortabatur omnes in proposito cordis permanere in Domino:
24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
quia erat vir bonus, et plenus Spiritu sancto, et fide. Et apposita est multa turba Domino.
25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo.
Profectus est autem Barnabas Tarsum, ut quæreret Saulum: quem cum invenisset, perduxit Antiochiam.
26 Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”
Et annum totum conversati sunt ibi in Ecclesia: et docuerunt turbam multam, ita ut cognominarentur primum Antiochiæ discipuli, Christiani.
27 Saa bere koro no ara mu na adiyifo bi fi Yerusalem kɔɔ Antiokia.
In his autem diebus supervenerunt ab Ierosolymis prophetæ Antiochiam:
28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm se ɔkɔm kɛse bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii bere a na Klaudio di ade no.
et surgens unus ex eis nomine Agabus, significabat per spiritum famem magnam futuram in universo orbe terrarum, quæ facta est sub Claudio.
29 Asuafo no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.
Discipuli autem, prout quis habebat, proposuerunt singuli in ministerium mittere habitantibus in Iudæa fratribus:
30 Wɔde akyɛde a wɔn nsa kae no somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa asafo no mu mpanyimfo.
quod et fecerunt, mittentes ad seniores per manus Barnabæ, et Sauli.