< Asomafo 10 >

1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panyin.
Now there was a certain man in Caesarea, Cornelius by name, a centurion of what was called the Italian Regiment,
2 Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae nso.
a devout man, and one who feared God with all his house, who gave gifts for the needy generously to the people, and always prayed to God.
3 Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”
At about three in the afternoon, he clearly saw in a vision an angel of God coming to him, and saying to him, "Cornelius."
4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?” Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.
He, fastening his eyes on him, and being frightened, said, "What is it, Lord?" He said to him, "Your prayers and your gifts to the needy have gone up for a memorial before God.
5 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra.
Now send men to Joppa, and bring one Simon who is surnamed Peter.
6 Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.”
He lodges with one Simon, a tanner, whose house is by the seaside."
7 Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiee a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Onyamesuroni kaa wɔn ho,
When the angel who spoke to him had departed, he called two of his household servants and a devout soldier of those who waited on him continually.
8 kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn somaa wɔn Yopa.
Having explained everything to them, he sent them to Joppa.
9 Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no na Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae.
Now on the next day as they were on their journey, and got close to the city, Peter went up on the housetop to pray at about noon.
10 Saa bere no, na ɔkɔm de no a wogu so reyɛ aduan ama no na ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu.
He became hungry and desired to eat, but while they were preparing, he fell into a trance.
11 Ohuu sɛ ɔsoro abue na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere fi ɔsoro afanan resian ba fam.
He saw heaven opened and a certain container descending to him, like a great sheet let down by four corners on the earth,
12 Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma.
in which were all kinds of four-footed animals of the earth, crawling creatures and birds of the sky.
13 Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, “Petro, sɔre na kum bi we!”
A voice came to him, "Rise, Peter, kill and eat."
14 Petro buae se, “Dabi da, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”
But Peter said, "Not so, Lord; for I have never eaten anything that is common or unclean."
15 Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”
A voice came to him again the second time, "What God has cleansed, you must not call unclean."
16 Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ ɔsoro.
This was done three times, and immediately the vessel was received up into heaven.
17 Saa bere a na Petro redwinnwen anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no koduu Petro abobow ano.
Now while Peter was very perplexed within himself what the vision which he had seen might mean, look, the men who were sent by Cornelius, having made inquiry for Simon's house, stood before the gate,
18 Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te no ana?”
and called and asked whether Simon, who was surnamed Peter, was lodging there.
19 Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo.
While Peter was pondering the vision, the Spirit said to him, "Look, three men seek you.
20 Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ me na masoma wɔn.”
But arise, get down, and go with them, doubting nothing; for I have sent them."
21 Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amanneɛ?”
And Peter went down to the men, and said, "Look, I am the one whom you seek. Why have you come?"
22 Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.”
They said, "Cornelius, a centurion, a righteous man and one who fears God, and well spoken of by all the Jewish nation, was directed by a holy angel to invite you to his house, and to listen to what you say."
23 Petro gyee nnipa no, som wɔn hɔho. Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne agyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe.
So he called them in and lodged them. On the next day he arose and went out with them, and some of the brothers from Joppa accompanied him.
24 Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no.
On the next day he entered into Caesarea. Cornelius was waiting for them, having called together his relatives and his near friends.
25 Petro reyɛ awura fie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe.
When it happened that Peter entered, Cornelius met him, fell down at his feet, and worshiped him.
26 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”
But Peter raised him up, saying, "Stand up. I myself am also a man."
27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree.
And as he talked with him, he went in and found many gathered together.
28 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra amanamanmuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho ntew.
He said to them, "You yourselves know how it is an unlawful thing for a man who is a Jew to join himself or come to one of another nation, but God has shown me that I should not call any man unholy or unclean.
29 Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”
Therefore also I came without complaint when I was sent for. I ask therefore, why did you send for me?"
30 Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.
Cornelius said, "Four days ago until this hour, at three in the afternoon, I was praying in my house, and look, a man stood before me in bright clothing,
31 Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.
and said, 'Cornelius, your prayer is heard, and your gifts to the needy are remembered in the sight of God.
32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.’
Send therefore to Joppa, and summon Simon, who is surnamed Peter. He lodges in the house of Simon, a tanner, by the seaside.'
33 Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”
Therefore I sent to you at once, and it was good of you to come. Now therefore we are all here present in the sight of God to hear all things that have been commanded you by the Lord."
34 Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu,
And Peter opened his mouth and said, "Truly I perceive that God does not show favoritism;
35 na mmom ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no ogye no.
but in every nation he who fears him and works righteousness is acceptable to him.
36 Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no.
The word which he sent to the children of Israel, preaching good news of peace through Jesus Christ—he is Lord of all—
37 Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi.
that spoken word you yourselves know, which was proclaimed throughout all Judea, beginning from Galilee, after the baptism which John preached;
38 Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.
even Jesus of Nazareth, how God anointed him with the Holy Spirit and with power, who went about doing good and healing all who were oppressed by the devil, for God was with him.
39 “Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho nnansefo. Wɔbɔɔ no asennua mu kum no.
We are witnesses of everything he did both in the land of the Jews and in Jerusalem, whom they also killed by hanging on a tree.
40 Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma okoyii ne ho adi.
God raised him up the third day, and gave him to be revealed,
41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ nnansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee.
not to all the people, but to witnesses who were chosen before by God, to us, who ate and drank with him after he rose from the dead.
42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no.
He commanded us to preach to the people and to testify that this is the one who is appointed by God as the judge of the living and the dead.
43 Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne bɛkyɛ no.”
All the prophets testify about him, that through his name everyone who believes in him receives forgiveness of sins."
44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so.
While Peter was still speaking these words, the Holy Spirit fell on all those who heard the word.
45 Yudafo agyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufo no nso so.
They of the circumcision who believed were amazed, as many as came with Peter, because the gift of the Holy Spirit was also poured out on the non-Jewish people.
46 Efisɛ wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. Petro kae se,
For they heard them speaking in other tongues and magnifying God. Then Peter answered,
47 “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?”
"Can anyone withhold the water, that these who have received the Holy Spirit as well as we should not be baptized?"
48 Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.
He commanded them to be baptized in the name of Jesus Christ. Then they asked him to stay some days.

< Asomafo 10 >