< 3 Yohane 1 >
1 Me, Asɔre panyin, Mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.
senior Gaio carissimo quem ego diligo in veritate
2 Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no.
carissime de omnibus orationem facio prospere te ingredi et valere sicut prospere agit anima tua
3 Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kura nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye.
gavisus sum valde venientibus fratribus et testimonium perhibentibus veritati tuae sicut tu in veritate ambulas
4 Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokware mu.
maiorem horum non habeo gratiam quam ut audiam filios meos in veritate ambulantes
5 Mʼadamfo pa, wudi nokware yiye wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔho mpo.
carissime fideliter facis quicquid operaris in fratres et hoc in peregrinos
6 Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔ wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani.
qui testimonium reddiderunt caritati tuae in conspectu ecclesiae quos bene facies deducens digne Deo
7 Efisɛ wɔretu wɔn kwan wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nkyɛn.
pro nomine enim profecti sunt nihil accipientes a gentibus
8 Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.
nos ergo debemus suscipere huiusmodi ut cooperatores simus veritatis
9 Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no ntie nea meka no.
scripsissem forsitan ecclesiae sed is qui amat primatum gerere in eis Diotrepes non recipit nos
10 Sɛ meba a, mede biribiara a ɔreyɛ no ho asɛm bɛto mo anim. Mɛka nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom afoforo ba a, onnye wɔn, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no nso kwan, san apam wɔn fi asafo no mu.
propter hoc si venero commoneam eius opera quae facit verbis malignis garriens in nos et quasi non ei ista sufficiant nec ipse suscipit fratres et eos qui cupiunt prohibet et de ecclesia eicit
11 Mʼadamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn ɛ.
carissime noli imitari malum sed quod bonum est qui benefacit ex Deo est qui malefacit non vidit Deum
12 Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa, na munim sɛ nea yɛka no yɛ nokware.
Demetrio testimonium redditur ab omnibus et ab ipsa veritate et nos autem testimonium perhibemus et nosti quoniam testimonium nostrum verum est
13 Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka.
multa habui scribere tibi sed nolui per atramentum et calamum scribere tibi
14 Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa. Asomdwoe nka mo. Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.
spero autem protinus te videre et os ad os loquemur pax tibi salutant te amici saluta amicos per nomen