< 2 Timoteo 4 >
1 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ,
१परमेश्वर और मसीह यीशु को गवाह करके, जो जीवितों और मरे हुओं का न्याय करेगा, उसे और उसके प्रगट होने, और राज्य को सुधि दिलाकर मैं तुझे आदेश देता हूँ।
2 ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu.
२कि तू वचन का प्रचार कर; समय और असमय तैयार रह, सब प्रकार की सहनशीलता, और शिक्षा के साथ उलाहना दे, और डाँट, और समझा।
3 Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn.
३क्योंकि ऐसा समय आएगा, कि लोग खरा उपदेश न सह सकेंगे पर कानों की खुजली के कारण अपनी अभिलाषाओं के अनुसार अपने लिये बहुत सारे उपदेशक बटोर लेंगे।
4 Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm.
४और अपने कान सत्य से फेरकर कथा-कहानियों पर लगाएँगे।
5 Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.
५पर तू सब बातों में सावधान रह, दुःख उठा, सुसमाचार प्रचार का काम कर और अपनी सेवा को पूरा कर।
6 Wogu so rehwie me sɛ afɔre ahwiesa, na bere abɛn sɛ migyaw asetena yi.
६क्योंकि अब मैं अर्घ के समान उण्डेला जाता हूँ, और मेरे संसार से जाने का समय आ पहुँचा है।
7 Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidi no makora.
७मैं अच्छी कुश्ती लड़ चुका हूँ, मैंने अपनी दौड़ पूरी कर ली है, मैंने विश्वास की रखवाली की है।
8 Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase wɔ ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa.
८भविष्य में मेरे लिये धार्मिकता का वह मुकुट रखा हुआ है, जिसे प्रभु, जो धर्मी, और न्यायी है, मुझे उस दिन देगा और मुझे ही नहीं, वरन् उन सब को भी, जो उसके प्रगट होने को प्रिय जानते हैं।
9 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
९मेरे पास शीघ्र आने का प्रयत्न कर।
10 Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. (aiōn )
१०क्योंकि देमास ने इस संसार को प्रिय जानकर मुझे छोड़ दिया है, और थिस्सलुनीके को चला गया है, और क्रेसकेंस गलातिया को और तीतुस दलमतिया को चला गया है। (aiōn )
11 Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no yɛ.
११केवल लूका मेरे साथ है मरकुस को लेकर चला आ; क्योंकि सेवा के लिये वह मेरे बहुत काम का है।
12 Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso.
१२तुखिकुस को मैंने इफिसुस को भेजा है।
13 Sɛ woreba a, fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no.
१३जो बागा मैं त्रोआस में करपुस के यहाँ छोड़ आया हूँ, जब तू आए, तो उसे और पुस्तकें विशेष करके चर्मपत्रों को लेते आना।
14 Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; Awurade betua no nea ɔyɛɛ no so ka.
१४सिकन्दर ठठेरे ने मुझसे बहुत बुराइयाँ की हैं प्रभु उसे उसके कामों के अनुसार बदला देगा।
15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu denneennen.
१५तू भी उससे सावधान रह, क्योंकि उसने हमारी बातों का बहुत ही विरोध किया।
16 Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn.
१६मेरे पहले प्रत्युत्तर करने के समय में किसी ने भी मेरा साथ नहीं दिया, वरन् सब ने मुझे छोड़ दिया था भला हो, कि इसका उनको लेखा देना न पड़े।
17 Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom.
१७परन्तु प्रभु मेरा सहायक रहा, और मुझे सामर्थ्य दी; ताकि मेरे द्वारा पूरा-पूरा प्रचार हो, और सब अन्यजाति सुन लें; और मैं तो सिंह के मुँह से छुड़ाया गया।
18 Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen. (aiōn )
१८और प्रभु मुझे हर एक बुरे काम से छुड़ाएगा, और अपने स्वर्गीय राज्य में उद्धार करके पहुँचाएगा उसी की महिमा युगानुयुग होती रहे। आमीन। (aiōn )
19 Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me.
१९प्रिस्का और अक्विला को, और उनेसिफुरूस के घराने को नमस्कार।
20 Erasto kaa Korinto na migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ na ɔyare.
२०इरास्तुस कुरिन्थुस में रह गया, और त्रुफिमुस को मैंने मीलेतुस में बीमार छोड़ा है।
21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔwbere adu. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.
२१जाड़े से पहले चले आने का प्रयत्न कर: यूबूलुस, और पूदेंस, और लीनुस और क्लौदिया, और सब भाइयों का तुझे नमस्कार।
22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.
२२प्रभु तेरी आत्मा के साथ रहे, तुम पर अनुग्रह होता रहे।