< 2 Timoteo 3 >

1 Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no, mmere no mu bɛyɛ den.
And know this, that in the last days there will come perilous times,
2 Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛnkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso,
for men will be lovers of themselves, lovers of money, boasters, proud, slanderous, disobedient to parents, unthankful, unkind,
3 wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwfafo, wɔbɛtan wɔn mfɛfo a wɔyɛ nnipa pa no,
without natural affection, implacable, false accusers, without control, barbaric, not lovers of those who are good,
4 wɔbɛyɛ afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anigye sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn.
traitors, reckless, lofty, lovers of pleasure more than lovers of God,
5 Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho.
having a form of piety, but having denied its power; and be turning away from these,
6 Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so;
for of these there are those coming into the houses and leading captive the weak women, loaded with sins, led away with manifold desires,
7 saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua nneɛma foforo, nanso wonhu nokware no akyi kwan.
always learning, and never able to come to a knowledge of truth,
8 Sɛnea Yan ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe na wonsi hwee wɔ gyidi mu.
and even as Jannes and Jambres stood against Moses, so these also stand against the truth, men corrupted in mind, disapproved concerning the faith;
9 Wonnya nkɔso biara efisɛ obiara behu wɔn kwasea.
but they will not advance any further, for their folly will be evident to all, as theirs also became.
10 Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ, me boasetɔ, me dɔ,
And you have followed after my teaching, manner of life, purpose, faith, long-suffering, love, endurance,
11 taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu.
the persecutions, the afflictions, that befell me in Antioch, in Iconium, in Lystra; what persecutions I endured! And the LORD delivered me out of all.
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase wɔ Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn,
And all who will to live piously in Christ Jesus will also be persecuted,
13 nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho.
and evil men and impostors will advance to the worse, leading astray and being led astray.
14 Nanso wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn,
And you—remain in the things which you learned and were entrusted with, having known from whom you learned,
15 na wokae nso sɛ efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi wɔ Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa.
and because you have known the Holy Writings from infancy, which are able to make you wise—to salvation, through faith that [is] in Christ Jesus.
16 Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn,
Every Writing [is] God-breathed, and profitable for teaching, for conviction, for correction, for instruction that [is] in righteousness,
17 sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.
that the man of God may be fitted—having been completed for every good work.

< 2 Timoteo 3 >