< 2 Timoteo 1 >

1 Saa nhoma yi fi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafo no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafo, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho bɔ a ɛnam Kristo Yesu mu gyidi so de brɛ mo.
Павло, з волі Божої апо́стол Христа Ісуса, за обі́тницею життя, що в Христі Ісусі,
2 Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.
до Тимофія, сина улю́бленого: благода́ть, милість, мир від Бога Отця й Христа Ісуса, Господа нашого!
3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu.
Дякую Богові, Якому служу́ від предків чистим сумлінням, що тебе пам'ятаю я за́вжди в молитвах своїх день і ніч.
4 Mekae wo nisutew bere a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mihu wo bio a mʼani begye.
Я бажаю побачити тебе, пам'ята́ючи сльо́зи твої, щоб напо́внитись радістю.
5 Wɔkae me wo nokware gyidi a efii ase wɔ wo nenabea Lois ne wo na Eunike mu no, na magye ato mu sɛ mprempren ɛwɔ wo nso mu bi saa ara.
Я приво́джу на пам'ять собі твою нелицемірну віру, що перше була́ осели́лася в бабі твоїй Лоі́ді та в твоїй матері Евні́кії; певен же я, що й у тобі вона осели́лась.
6 Eyi nti merebɔ wo nkae sɛ, kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no.
З цієї причини я нагадую тобі, щоб ти розгрівав Божого дара, який у тобі через покла́дання рук моїх.
7 Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.
Бо не дав нам Бог духа стра́ху, але сили, і любови, і здорового розуму.
8 Mma wʼani nnwu wɔ Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo wɔ Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.
Тож, не соромся засві́дчення Господа нашого, ні мене, Його в'я́зня, але страждай з Єва́нгелією за силою Бога,
9 Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, (aiōnios g166)
що нас спас і покликав святим по́кликом, — не за наші діла, але з волі Своєї та з благодаті, що нам да́на в Христі Ісусі попе́реду вічних часі́в. (aiōnios g166)
10 nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn.
А тепер об'яви́лась через з'я́влення Спасителя нашого Христа Ісуса, що й смерть зруйнував, і вивів на світло життя та нетління Єва́нгелією.
11 Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ menna Asɛmpa no adi.
що для неї я був настано́влений за проповідника, апо́стола й учителя.
12 Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so wɔ gyidi, efisɛ minim nea mede me ho to no so no, na minim nso sɛ ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.
З цієї причини й терплю́ я оце, але не соро́млюсь, бо знаю, в Кого я ввірував та впе́внився, що має Він силу заховати на той день заста́ву мою.
13 So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu.
Май же за взір здорових слів ті, які від мене почув ти у вірі й любові, що в Христі Ісусі вона.
14 Wɔde ademude a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.
Добро припору́чене стережи Святим Духом, що в нас пробува́є.
15 Sɛnea wunim no, Kristofo a wofi Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.
Ти знаєш оце, що відверну́лись від мене всі, хто в А́зії, а між ними Фіге́л та Гермоге́н.
16 Awurade nhu Onesiforo fifo mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn,
Хай Госпо́дь подасть милосердя Ониси́форовому дому, бо він часто мене підкріпляв і кайда́нів моїх не соро́мився.
17 na oduu Roma pɛ, na ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii sɛ ohuu me.
А коли він до Риму прибув, шукав мене пильно й знайшов, —
18 Awurade mmoa no na da no, onya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan ahorow a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.
хай Госпо́дь йому дасть знайти милість від Господа в день той, — скільки ж він послужив був в Ефе́сі мені, ти ві́даєш краще!

< 2 Timoteo 1 >