< 2 Tesalonikafo 2 >

1 Nea ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no ho no, mesrɛ mo anuanom,
בנוגע לבואו של ישוע המשיח אדוננו ופגישתנו איתו, אני מבקש מכם, אחים יקרים, אנא,
2 mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforo nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka se yɛn nhoma a yɛkyerɛwee no bi mu na saa asɛm no wɔ.
אל תאבדו את עשתונותיכם ואל תפחדו משמועות כזב, חזיונות שווא, נבואות שקר ומסמכים מזויפים, שנכתבו כביכול על־ידי, שמספרים כי הגיע יום ה׳.
3 Mommma obiara nnaadaa mo saa wɔ ɔkwan yi so. Saa da no remma da, gye sɛ atuatew a etwa to no aba ama wɔada ɔbɔnefo no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu no adi.
אל תניחו לאף אחד לרמות ולבלבל אתכם, כי לפניכן יפרוץ המרד ואיש הרשע יתגלה, זה שנידון לאבדון.
4 Ɔbɛsɔre atia biribiara a nnipa som na wobu no kronkron no; na ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka se ɔno ne Onyankopɔn.
הוא ירומם את עצמו מעל כל מה שמאלוהים וכל מה שקדוש, עד שיעז אפילו לשבת בהיכל אלוהים ויכריז שהוא עצמו אלוהים!
5 Monkae sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka eyinom nyinaa kyerɛ mo.
האם אינכם זוכרים שסיפרתי לכם כל זאת כשהייתי אצלכם?
6 Na mprempren munim nea abɔ ne ba no asɛn no sɛnea wɔbɛda no adi akyerɛ mo wɔ bere pa mu.
עכשיו אתם יודעים מה מונע בעדו מלהופיע לפני הזמן המתאים.
7 Ɔbɔnefo no di ne dwuma dedaw na nea ɛbɛba no remma da, gye sɛ wɔayi nea okura ne mu no afi hɔ ansa.
מעלליו הרעים כבר משתוללים בעולם, אך הוא עצמו יוכל להופיע רק כשיוסר המעצור מדרכו.
8 Ɛno ansa na ɔbɔnefo no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so betu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu anuonyam asɛe no.
ואז יתגלה בן־האבדון הרשע, אשר האדון ישוע ישתק בהבל־פיו וישמיד אותו כליל בזוהר כבודו.
9 Ɔbɔnefo no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne,
הרשע הזה יבוא בשליחות השטן ובכוחו, וידהים את כולם באותות־שקר ואחיזת־עיניים.
10 na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, efisɛ wɔannye nokware no anto mu, annɔ nokware no amma wɔannya nkwa.
הוא יצליח להטעות את האנשים שנועדו לגיהינום, בגלל סירובם לאהוב את האמת שבכוחה להושיעם.
11 Eyi nti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokware no adi.
על כן יניח להם אלוהים להאמין בכל השקרים האלה,
12 Awiei no ara ne sɛ wobebu wɔn a wonnye nokware no nni na wɔn ani gye bɔne ho no atɛn.
כדי שיוכל לשפטם על אשר האמינו בשקרים, עשו בכוונה את הרע וסרבו להאמין באמת.
13 Anuanom, ɛsɛ sɛ bere biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Efisɛ ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a mudi kan a wobegye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfo kronkron wɔ mo gyidi a mowɔ wɔ nokware mu no mu.
אך אנו חייבים להודות תמיד לאלוהים בעדכם, אחי יקירי האדון, כי עוד מבראשית הוא בחר להושיע ולטהר אתכם באמצעות רוח הקודש ואמונתכם באמת.
14 Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛnea mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanuonyam no mu.
הוא אף הזמינכם לקחת חלק בכבודו של אדוננו ישוע המשיח, באמצעות הבשורה שבישרנו לכם.
15 Enti anuanom, munnyina pintinn na monka mo ho mmata nokware a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nhoma no mu no ho.
על כן, אחים יקרים, התמידו באמונתכם, ואל תרפו מכל מה שלימדנו אתכם בכתב ובעל־פה.
16 Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidaso pa no, (aiōnios g166)
מי ייתן שאדוננו ישוע המשיח ואלוהים אבינו, אשר אהב אותנו והעניק לנו נחמת־עולם ותקווה שאיננו ראויים לה, (aiōnios g166)
17 nkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den wɔ asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.
ינחם את לבכם ויעזור לכם בכל דבר טוב שתאמרו או תעשו.

< 2 Tesalonikafo 2 >