< 2 Tesalonikafo 1 >

1 Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfo no:
パウロとシルワノとテモテから、わたしたちの父なる神と主イエス・キリストとにあるテサロニケ人たちの教会へ。
2 Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
父なる神と主イエス・キリストから、恵みと平安とが、あなたがたにあるように。
3 Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no mu den ara na ɛreyɛ.
兄弟たちよ。わたしたちは、いつもあなたがたのことを神に感謝せずにはおられない。またそうするのが当然である。それは、あなたがたの信仰が大いに成長し、あなたがたひとりびとりの愛が、お互の間に増し加わっているからである。
4 Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.
そのために、わたしたち自身は、あなたがたがいま受けているあらゆる迫害と患難とのただ中で示している忍耐と信仰とにつき、神の諸教会に対してあなたがたを誇としている。
5 Eyinom nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee; ɛno nti wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼahenni a morehu ho amane no mu.
これは、あなたがたを、神の国にふさわしい者にしようとする神のさばきが正しいことを、証拠だてるものである。その神の国のために、あなたがたも苦しんでいるのである。
6 Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ. Wɔn a wɔbɛma mo ahu amane no, ɔno nso bɛma wɔahu amane,
すなわち、あなたがたを悩ます者には患難をもって報い、悩まされているあなたがたには、わたしたちと共に、休息をもって報いて下さるのが、神にとって正しいことだからである。
7 na wama mo a morehu amane no ne yɛn nso ahome. Saa asɛm yi besi wɔ bere a Awurade Yesu nam ogyaframa mu fi ɔsoro reba a nʼabɔfo atumfo ka ne ho no,
それは、主イエスが炎の中で力ある天使たちを率いて天から現れる時に実現する。
8 abɛtwe wɔn a wonnim Onyankopɔn na wontie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso.
その時、主は神を認めない者たちや、わたしたちの主イエスの福音に聞き従わない者たちに報復し、
9 Wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu na wɔayi wɔn afi Awurade anim ne nʼanuonyam mu, (aiōnios g166)
そして、彼らは主のみ顔とその力の栄光から退けられて、永遠の滅びに至る刑罰を受けるであろう。 (aiōnios g166)
10 da a ɔbɛma nʼakyidifo ne nʼasuafo ahyɛ no anuonyam no. Mo nso mobɛfra saa nkurɔfo no mu, efisɛ moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.
その日に、イエスは下ってこられ、聖徒たちの中であがめられ、すべて信じる者たちの間で驚嘆されるであろうわたしたちのこのあかしは、あなたがたによって信じられているのである。
11 Eyi nti na daa yɛbɔ mpae ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi mmɔ ɔbra a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Onnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛde ne biribiara a mo gyidi bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa.
このためにまた、わたしたちは、わたしたちの神があなたがたを召しにかなう者となし、善に対するあらゆる願いと信仰の働きとを力強く満たして下さるようにと、あなたがたのために絶えず祈っている。
12 Yɛbɔ mpae sɛnea monam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo anuonyam wɔ ne mu.
それは、わたしたちの神と主イエス・キリストとの恵みによって、わたしたちの主イエスの御名があなたがたの間であがめられ、あなたがたも主にあって栄光を受けるためである。

< 2 Tesalonikafo 1 >