< 2 Samuel 9 >
1 Da bi, Dawid pɛɛ sɛ obehu sɛ obi aka wɔ Saulo fi ana. Efisɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔe.
David sa: Er det ennu nogen tilbake av Sauls hus, så jeg kan gjøre vel mot ham for Jonatans skyld?
2 Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfo mu. Na ɔhene bisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no ana?” Obuaa no se, “Yiw, me ne Siba no.”
Nu var der i Sauls hus en tjener som hette Siba; han blev kalt til David, og kongen sa til ham: Er du Siba? Han svarte: Ja, din tjener heter så.
3 Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.” Siba buaa ɔhene se, “Yonatan babarima obubuafo bi da so wɔ hɔ.”
Da sa kongen: Er det ikke ennu nogen tilbake av Sauls hus, så jeg kunde gjøre Guds miskunnhet mot ham? Siba svarte: Det er ennu en sønn av Jonatan, en som er lam i begge føtter.
4 Ɔhene bisae se, “Ɔwɔ he?” Siba buae se, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar.”
Kongen spurte: Hvor er han? Siba svarte: Han er i huset hos Makir, sønn av Ammiel, i Lo-Debar.
5 Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no fii Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
Så sendte kong David bud og hentet ham fra Makirs, Ammiels sønns hus i Lo-Debar.
6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nena. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopo kotow no, kae se, “Meyɛ wo somfo.”
Og da Mefiboset, sønn av Jonatan, Sauls sønn, kom inn til David, kastet han sig ned med ansiktet mot jorden. Og David sa: Mefiboset! Han svarte: Her er din tjener.
7 Dawid ka kyerɛɛ no se, “Nsuro, na nea ɛbɛyɛ biara no, esiane wʼagya Yonatan nti, mɛyɛ wo adɔe. Nsase a na ɛyɛ wo nena Saulo agyapade no nyinaa, mɛsan de ama wo, na woadidi me didipon so daa daa.”
David sa til ham: Vær ikke redd! Jeg vil gjøre vel mot dig for Jonatans, din fars skyld og gi dig tilbake all Sauls, din fars jordeiendom, og du skal alltid ete ved mitt bord.
8 Mefiboset bɔɔ ne mu ase kae se, “Hena ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔe yi?”
Da kastet han sig ned og sa: Hvad er din tjener, at du lar ditt øie falle på en død hund som mig?
9 Ɔhene frɛɛ ne somfo Siba, ka kyerɛɛ no se, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fifo agyapade no nyinaa ama wo wura Saulo nenabarima no.
Så kalte kongen på Siba, Sauls tjener, og sa til ham: Alt som har hørt Saul og hele hans hus til, har jeg gitt din herres sønn.
10 Wo ne wo mmabarima ne mo asomfo na mobɛdɔw asase no, ayɛ so mfuw ama no, na wanya aduan ama ne fifo. Na Mefiboset de, ɔne me bɛtena mʼahemfi ha.” Na Siba a na ɔwɔ mmabarima dunum ne asomfo aduonu no buae se,
Og du skal dyrke jorden for ham, du og dine sønner og dine tjenere, og høste inn for ham, så din herres sønn kan ha brød å ete, men selv skal Mefiboset, din herres sønn, alltid ete ved mitt bord. Siba hadde femten sønner og tyve tjenere.
11 “Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, medi so.” Na efi saa bere no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛnea ɔyɛ nʼasen mu ba.
Da sa Siba til kongen: Din tjener skal i alle måter gjøre således som min herre kongen befaler sin tjener. Men Mefiboset skal ete ved mitt bord som en av kongens sønner sa kongen.
12 Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na efi saa bere no, Siba fifo nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfo.
Mefiboset hadde en liten sønn som hette Mika, og alle som bodde i Sibas hus, var Mefibosets tjenere.
13 Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafo no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfi hɔ.
Men selv bodde Mefiboset i Jerusalem; for han åt alltid ved kongens bord; og han var lam i begge sine føtter.