< 2 Samuel 8 >
1 Akyiri no, Dawid dii Filistifo no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛse no.
१इसके बाद दाऊद ने पलिश्तियों को जीतकर अपने अधीन कर लिया, और दाऊद ने पलिश्तियों की राजधानी की प्रभुता उनके हाथ से छीन ली।
2 Dawid san dii Moabfo so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde hama susuw wɔn. Osusuw hama no abien a, na wakyerɛ sɛ wonkum saa nnipa no. Ɛnna osusuw hama no baako a, na wakyerɛ sɛ wonnyaa saa nkurɔfo no. Enti Moabfo a wonyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfo a na afe biara woyi tow brɛ no.
२फिर उसने मोआबियों को भी जीता, और इनको भूमि पर लिटा कर डोरी से मापा; तब दो डोरी से लोगों को मापकर घात किया, और डोरी भर के लोगों को जीवित छोड़ दिया। तब मोआबी दाऊद के अधीन होकर भेंट ले आने लगे।
3 Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na odi hene wɔ Soba no akofo, bere a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛe sɛ ɔkɔhyɛ ne nniso mu den no.
३फिर जब सोबा का राजा रहोब का पुत्र हदादेजेर फरात के पास अपना राज्य फिर ज्यों का त्यों करने को जा रहा था, तब दाऊद ने उसको जीत लिया।
4 Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo a wɔnam mpem aduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntin, na ogyaw mu ɔha pɛ.
४और दाऊद ने उससे एक हजार सात सौ सवार, और बीस हजार प्यादे छीन लिए; और सब रथवाले घोड़ों के घुटनों के पीछे की नस कटवाई, परन्तु एक सौ रथ के लिये घोड़े बचा रखे।
5 Bere a Aramfo a wofi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kum wɔn mu mpem aduonu.
५जब दमिश्क के अरामी सोबा के राजा हदादेजेर की सहायता करने को आए, तब दाऊद ने अरामियों में से बाईस हजार पुरुष मारे।
6 Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
६तब दाऊद ने दमिश्क के अराम में सिपाहियों की चौकियाँ बैठाईं; इस प्रकार अरामी दाऊद के अधीन होकर भेंट ले आने लगे। और जहाँ-जहाँ दाऊद जाता था वहाँ-वहाँ यहोवा उसको जयवन्त करता था।
7 Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem.
७हदादेजेर के कर्मचारियों के पास सोने की जो ढालें थीं उन्हें दाऊद लेकर यरूशलेम को आया।
8 Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkurow no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔe.
८और बेतह और बेरौताई नामक हदादेजेर के नगरों से दाऊद राजा बहुत सा पीतल ले आया।
9 Bere a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no,
९जब हमात के राजा तोई ने सुना कि दाऊद ने हदादेजेर की समस्त सेना को जीत लिया है,
10 ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.
१०तब तोई ने योराम नामक अपने पुत्र को दाऊद राजा के पास उसका कुशल क्षेम पूछने, और उसे इसलिए बधाई देने को भेजा, कि उसने हदादेजेर से लड़कर उसको जीत लिया था; क्योंकि हदादेजेर तोई से लड़ा करता था। और योराम चाँदी, सोने और पीतल के पात्र लिए हुए आया।
11 Ɔhene Dawid too akyɛde no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a onya fii aman bi a odii wɔn so no nyinaa ka ho.
११इनको दाऊद राजा ने यहोवा के लिये पवित्र करके रखा; और वैसा ही अपने जीती हुई सब जातियों के सोने चाँदी से भी किया,
12 Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne nea efi Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
१२अर्थात् अरामियों, मोआबियों, अम्मोनियों, पलिश्तियों, और अमालेकियों के सोने चाँदी को, और रहोब के पुत्र सोबा के राजा हदादेजेर की लूट को भी रखा।
13 Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu.
१३जब दाऊद नमक की तराई में अठारह हजार अरामियों को मारकर लौट आया, तब उसका बड़ा नाम हो गया।
14 Ɔde asraafo bansifo tuatuaa Edom nyinaa ano. Na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii wɔ baabiara a ɔkɔe no.
१४फिर उसने एदोम में सिपाहियों की चौकियाँ बैठाईं; पूरे एदोम में उसने सिपाहियों की चौकियाँ बैठाईं, और सब एदोमी दाऊद के अधीन हो गए। और दाऊद जहाँ-जहाँ जाता था वहाँ-वहाँ यहोवा उसको जयवन्त करता था।
15 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
१५दाऊद तो समस्त इस्राएल पर राज्य करता था, और दाऊद अपनी समस्त प्रजा के साथ न्याय और धार्मिकता के काम करता था।
16 Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.
१६प्रधान सेनापति सरूयाह का पुत्र योआब था; इतिहास का लिखनेवाला अहीलूद का पुत्र यहोशापात था;
17 Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo. Na Seraia yɛ asennii kyerɛwfo.
१७प्रधान याजक अहीतूब का पुत्र सादोक और एब्यातार का पुत्र अहीमेलेक थे; मंत्री सरायाह था;
18 Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo ne Peletifo so, na Dawid mmabarima tua asɔfodɔm ano.
१८करेतियों और पलेतियों का प्रधान यहोयादा का पुत्र बनायाह था; और दाऊद के पुत्र भी मंत्री थे।