< 2 Samuel 7 >

1 Bere a wɔbɔɔ ɔhene no atenase wɔ nʼahemfi na Awurade ama asomdwoe aba asase no so no,
A estas alturas el rey estaba cómodo en su palacio y el Señor le había dado la paz de todas las naciones enemigas que lo rodeaban.
2 Dawid frɛɛ odiyifo Natan se, “Hwɛ, mete ahemfi a wɔde sida asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntamadan mu.”
Así que le dijo al profeta Natán: “Mírame: vivo en un palacio hecho de cedro, pero el Arca de Dios sigue en una tienda de campaña”.
3 Na Natan buaa ɔhene no se, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”
“Adelante, haz lo que quieras, porque el Señor está contigo”, le dijo Natán al rey.
4 Na anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Natan se,
Pero esa noche el Señor habló a Natán y le dijo:
5 “Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Wone obi a ɛsɛ sɛ wusi dan ma me na metena mu ana?
“Ve y dile a mi siervo David: Esto es lo que dice el Señor: ¿Debes ser tú quien construya una casa para que yo viva en ella?
6 Efi bere a mede Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ no, mentenaa ɔdan mu da. Daa wotu mʼase fi baabi kɔ baabi.
Porque nunca he vivido en una casa, desde que saqué a los israelitas de Egipto hasta ahora. Siempre me he trasladado de un lugar a otro, viviendo en una tienda y en un tabernáculo.
7 Bere biara a wotu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mibisaa wɔn sodifo, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo Israelfo no se, “Adɛn nti na momfaa sida nsii ofi mmaa me da?”’
Pero en todos esos viajes con todo Israel, ¿le reclamé alguna vez a algún líder israelita al que puse a cargo de mi pueblo: ‘Por qué no has construido una casa de cedro para mí’?
8 “Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo fii mmoa adidibea ne nguan akyidi mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene.
“Entonces, dile a mi siervo David que esto es lo que dice el Señor Todopoderoso: Fui yo quien te sacó del campo, de cuidar ovejas, para convertirte en jefe de mi pueblo Israel.
9 Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfo nyinaa afi wʼanim. Na mɛma woagye din wɔ asase yi nyinaa so.
He estado contigo dondequiera que has ido. He destruido a todos tus enemigos delante de ti, y haré que tu reputación sea tan grande como la de las personas más famosas de la tierra.
10 Na mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no,
Elegiré un lugar para mi pueblo Israel. Allí los asentaré y ya no serán molestados. Los malvados no los perseguirán como antes,
11 efi bere a mepaw atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Mɛsan ama mo bammɔ afi mo atamfo nyinaa nsam. “‘Na Awurade aka akyerɛ wo se, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere ofi ama wo; ahemfo ntoatoaso fi.
desde que puse jueces a cargo de mi pueblo. Derrotaré a todos sus enemigos. “También quiero dejar claro que yo, el Señor, les construiré una casa.
12 Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ofi wʼasen mu adi wʼade, na matim nʼaheman ase.
Porque cuando llegues al final de tu vida y te unas a tus antepasados en la muerte, llevaré al poder a uno de tus descendientes, a uno de tus hijos, y me aseguraré de que su reino tenga éxito.
13 Ɔno ne obi a obesi dan de me din ato so. Na matim nʼaheman mu ahengua ase afebɔɔ.
Él será quien me construya una casa, y me aseguraré de que su reino dure para siempre.
14 Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me Ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso.
Yo seré un padre para él, y él será un hijo para mí. Si hace el mal, lo disciplinaré con la vara como se hace con la gente, como un padre que castiga a un hijo.
15 Nanso, merenyi me dɔ mfi ne so da, sɛnea miyi fii Saulo a miyii no fii wʼanim no so ansa na wubedii nʼade no.
Pero nunca le quitaré mi bondad y mi amor, como hice en el caso de Saúl, a quien quité de en medio.
16 Wo fi ne wʼahenni betim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahengua betim daa nyinaa.’”
Tu casa y tu reino serán eternos; tu dinastía estará segura para siempre”.
17 Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
Así que esto fue lo que Natán le explicó a David, y fue todo lo que se le dijo en esta revelación divina.
18 Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se, “Awurade Tumfo, me ne hena, na me fifo yɛ dɛn a wode me abedu nnɛ?
Entonces el rey David fue y se sentó en presencia del Señor. Oró: “¿Quién soy yo, Señor Dios? ¿Qué importancia tiene mi familia para que me hayas traído hasta este lugar?
19 Na afei Otumfo Awurade, eyinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahenni a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sɛɛ ana, Awurade Tumfo?
Dios, hablas como si esto fuera una cosa pequeña para ti, y también has hablado del futuro de mi casa, de la dinastía de mi familia. ¿Es esta tu forma habitual de tratar con los seres humanos, Señor Dios?
20 “Dɛn bio na metumi aka? Efisɛ wunim wʼakoa, Awurade Tumfo.
“¿Qué más puedo decirte? Tú sabes perfectamente cómo es tu siervo David, Señor Dios.
21 Wʼasɛm ne wo pɛ mu nti, woayɛ nneɛma kɛse yi nyinaa akyerɛ wo somfo.
Todo esto lo haces por mí y me lo has explicado, a mí, tu siervo, por tu promesa y porque así lo deseas tú.
22 “Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Awurade Tumfo! Obiara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforo bi mpo ho asɛm ɛ!
“¡Qué grande eres, Señor Dios! Realmente no hay nadie como tú; no hay otro Dios, sólo tú. Nunca hemos oído hablar de otro.
23 Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn na woayi no afi nkoasom mu de wɔn ayɛ wo man? Bere a wuyii wo nkurɔfo fii Misraim no, wugyee din. Woyɛɛ anwonwade a ɛyɛ hu de pam aman ne ahoni ahorow a na wɔyɛ akwanside ma wo nkurɔfo no.
¿Quién más es tan afortunado como tu pueblo Israel? ¿A quién más en la tierra fue Dios a redimir para hacer su propio pueblo? Te ganaste una reputación maravillosa por todas las cosas grandes y asombrosas que hiciste al expulsar a otras naciones y a sus dioses delante de tu pueblo cuando lo redimiste de Egipto.
24 Woasi wo nkurɔfo Israel sɛ wʼankasa wʼade afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
Hiciste tuyo a tu pueblo Israel para siempre, y tú, Señor, te has convertido en su Dios.
25 “Na afei, Awurade Nyankopɔn, di bɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne fi ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa,
“Así que ahora, Señor Dios, haz que lo que has dicho de mí y de mi casa se cumpla y se confirme para siempre. Por favor, haz lo que has prometido,
26 na ama wo din akorɔn afebɔɔ. Na nnipa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Israel so Nyankopɔn.’ Na ma wo somfo Dawid ahenni ase ntim wɔ wʼanim.
y que tu verdadera naturaleza sea honrada para siempre, y que el pueblo declare: ‘¡El Señor Todopoderoso es el Dios de Israel!’ Que la casa de tu siervo David siga estando en tu presencia.
27 “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi efisɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekye ofi a ɛyɛ daa ahenni ama me.
Señor Todopoderoso, Dios de Israel, tú me lo has revelado a mí, tu siervo, diciéndome: ‘Voy a construir una casa para ti’. Por eso tu siervo ha tenido el valor de hacerte esta oración.
28 Awurade Tumfo, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotoso, na woahyɛ wo somfo nnepa ho bɔ.
¡Señor Todopoderoso, tú eres Dios! Tus palabras son verdaderas, y tú eres quien ha prometido estas cosas buenas a tu siervo.
29 Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wubehyira wʼakoa fi so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Awurade, woakasa, na wo nhyira a wode behyira wo somfo fi no bɛyɛ daapem nhyira.”
Así que ahora, por favor, bendice la casa de tu siervo para que continúe en tu presencia para siempre. Porque tú has hablado, Señor Dios, y con tu bendición la casa de tu siervo será bendecida para siempre”.

< 2 Samuel 7 >