< 2 Samuel 6 >

1 Na Dawid boaboaa Israel mmabun a wɔn ho mmu wɔn dwɛ mpem aduasa ano.
And again David gathered every chosen one in Israel—thirty thousand,
2 Odii wɔn anim fi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka, a ekura Awurade Tumfo no a wɔde no asi kerubim ntam no din.
and David rises and goes, and all the people who [are] with him, from Ba‘ale-Judah, to bring up the Ark of God from there, whose name has been called—the Name of YHWH of Hosts, inhabiting the cherubim—on it.
3 Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no
And they cause the Ark of God to ride on a new cart, and lift it up from the house of Abinadab, which [is] in the height, and Uzzah and Ahio sons of Abinadab are leading the new cart;
4 a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na odi anim.
and they lift it up from the house of Abinadab, which [is] in the height, with the Ark of God, and Ahio is going before the Ark,
5 Dawid ne Israel manfo gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde asanku, mmɛnta, akasae, mfirikyiwa ne kyɛnkyɛn nenam mu.
and David and all the house of Israel are playing before YHWH, with all kinds of [instruments] of fir-wood, even with harps, and with psalteries, and with timbrels, and with horns, and with cymbals.
6 Na woduu Nakon awiporowbea no, nantwi no nan totoe, maa Usa teɛɛ ne nsa soo Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔreteɛ no.
And they come to the threshing-floor of Nachon, and Uzzah puts forth [his hand] to the Ark of God, and lays hold on it, for they released the oxen;
7 Na Awurade bo fuw Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no ma owu daa adaka no ho.
and the anger of YHWH burns against Uzzah, and God strikes him there for the error, and he dies there by the Ark of God.
8 Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae hɔ din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de besi nnɛ.
And it is displeasing to David, because that YHWH has broken forth a breach on Uzzah, and [one] calls that place Perez-Uzzah to this day;
9 Afei, na Dawid suro Awurade nti obisaa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade adaka no bɛba me nkyɛn?”
and David fears YHWH on that day and says, “How does the Ark of YHWH come to me?”
10 Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fi.
And David has not been willing to turn aside the Ark of YHWH to himself, to the City of David, and David turns it aside to the house of Obed-Edom the Gittite,
11 Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fifo nkyɛn asram abiɛsa, na Awurade hyiraa no ne ne fi mu nnipa nyinaa.
and the Ark of YHWH inhabits the house of Obed-Edom the Gittite [for] three months, and YHWH blesses Obed-Edom and all his house.
12 Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Esiane Awurade Adaka no nti, Awurade ahyira Obed-Edom fi ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛse baa Dawid Kuropɔn no mu.
And it is declared to King David, saying, “YHWH has blessed the house of Obed-Edom, and all that he has, because of the Ark of God”; and David goes and brings up the Ark of God from the house of Obed-Edom to the City of David with joy.
13 Nnipa a na wɔso Awurade Adaka no tuu anammɔn asia pɛ, wogyinaa hɔ twɛnee, sɛnea Dawid betumi de nantwi ne nantwi ba a wadɔ srade abɔ afɔre.
And it comes to pass, when those carrying the Ark of YHWH have stepped six steps, that he sacrifices an ox and a fatling.
14 Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu.
And David is dancing with all [his] strength before YHWH, and David is girded with a linen ephod,
15 Enti Dawid ne Israel nyinaa de nteɛteɛmu ne ntorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔe.
and David and all the house of Israel are bringing up the Ark of YHWH with shouting, and with the voice of a horn,
16 Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu sɛ ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.
and it has come to pass, the Ark of YHWH has come into the City of David, and Michal daughter of Saul has looked through the window and sees King David moving and dancing before YHWH, and she despises him in her heart.
17 Wɔde Awurade Adaka no kosii nʼafa wɔ ntamadan a ɛno nti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Awurade anim.
And they bring in the Ark of YHWH, and set it up in its place, in the midst of the tent which David has spread out for it, and David causes burnt-offerings and peace-offerings to ascend before YHWH.
18 Owiei no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Asafo Awurade din mu.
And David finishes from causing the burnt-offering and the peace-offerings to ascend, and blesses the people in the Name of YHWH of Hosts,
19 Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu onipa biara brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fi.
and he apportions to all the people, to all the multitude of Israel, from man and to woman, to each, one cake of bread, and one eshpar, and one ashisha, and all the people go, each to his house.
20 Bere a Dawid san kɔɔ ne fi sɛ ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, “Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”
And David turns back to bless his house, and Michal daughter of Saul goes out to meet David and says, “How honorable was the king of Israel today, who was uncovered today before the eyes of the handmaids of his servants, as one of the vain ones is openly uncovered!”
21 Dawid buaa Mikal se, “Na meresaw wɔ Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu.
And David says to Michal, “Before YHWH, who fixed on me above your father, and above all his house, to appoint me leader over the people of YHWH, and over Israel—indeed, I played before YHWH;
22 Yiw, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam.”
and I have been more vile than this, and have been low in my eyes, and with the handmaids whom you have spoken of, I am honored with them.”
23 Na Saulo babea Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.
As for Michal daughter of Saul, she had no child until the day of her death.

< 2 Samuel 6 >