< 2 Samuel 5 >

1 Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.
Alors toutes les tribus d'Israël vinrent auprès de David à Hébron et lui parlèrent ainsi: « Voici, nous sommes tes os et ta chair.
2 Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’”
Autrefois, lorsque Saül régnait sur nous, c'est toi qui faisais sortir et entrer Israël. Yahvé t'a dit: « Tu seras le berger de mon peuple d'Israël, et tu seras le prince d'Israël ».
3 Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
Tous les anciens d'Israël vinrent donc trouver le roi à Hébron, et le roi David fit alliance avec eux à Hébron, devant Yahvé, et ils oignirent David comme roi d'Israël.
4 Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan.
David avait trente ans lorsqu'il devint roi, et il régna quarante ans.
5 Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.
A Hébron, il régna sur Juda pendant sept ans et six mois, et à Jérusalem, il régna pendant trente-trois ans sur tout Israël et Juda.
6 Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ.
Le roi et ses hommes partirent pour Jérusalem contre les Jébusiens, habitants du pays, qui parlaient à David en disant: « Les aveugles et les boiteux t'empêcheront d'entrer ici », pensant: « David ne peut pas entrer ici. »
7 Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
Néanmoins, David prit la forteresse de Sion. C'est la ville de David.
8 Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.
Ce jour-là, David dit: « Que celui qui frappe les Jébusiens monte au cours d'eau et qu'il frappe les boiteux et les aveugles, qui sont haïs par l'âme de David. » C'est pourquoi on dit: « L'aveugle et le boiteux ne peuvent entrer dans la maison. »
9 Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu.
David habitait dans la forteresse, et il l'appelait la ville de David. David construisit tout autour, depuis Millo et vers l'intérieur.
10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn ka ne ho.
David devenait de plus en plus grand, car Yahvé, le Dieu des armées, était avec lui.
11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae.
Hiram, roi de Tyr, envoya des messagers à David, avec des cèdres, des charpentiers et des maçons, et ils construisirent une maison à David.
12 Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.
David comprit que l'Éternel l'avait établi roi d'Israël et qu'il avait élevé son royaume à cause de son peuple d'Israël.
13 Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree.
David prit encore des concubines et des femmes à Jérusalem, après être venu d'Hébron, et il lui naquit encore des fils et des filles.
14 Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo
Voici les noms de ceux qui lui sont nés à Jérusalem: Shammua, Shobab, Nathan, Salomon,
15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia
Ibhar, Elishua, Nepheg, Japhia,
16 Elisama, Eliada ne Elifelet.
Elishama, Eliada et Eliphelet.
17 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu.
Lorsque les Philistins apprirent qu'on avait oint David comme roi d'Israël, tous les Philistins montèrent à la recherche de David, mais David l'apprit et descendit à la forteresse.
18 Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ.
Les Philistins étaient venus et s'étaient répandus dans la vallée des Rephaïm.
19 Enti Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?” Awurade buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.”
David consulta l'Éternel et dit: « Monterai-je contre les Philistins? Les livreras-tu entre mes mains? » Yahvé dit à David: « Monte, car je vais livrer les Philistins entre tes mains. »
20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim.
David arriva à Baal Perazim, et là il les frappa. Il dit alors: « Yahvé a brisé mes ennemis devant moi, comme une brèche dans les eaux. » C'est pourquoi il donna à ce lieu le nom de Baal Perazim.
21 Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe.
Ils laissèrent là leurs images, et David et ses hommes les emportèrent.
22 Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho,
Les Philistins montèrent encore et se répandirent dans la vallée des Rephaïm.
23 enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim.
David consulta Yahvé, qui lui dit: « Tu ne monteras pas. Fais le tour derrière eux, et attaque-les devant les mûriers.
24 Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.”
Quand tu entendras le bruit de la marche dans les cimes des mûriers, alors remue-toi, car c'est alors que Yahvé sortira devant toi pour frapper l'armée des Philistins. »
25 Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.
David fit ainsi, comme Yahvé le lui avait ordonné, et il frappa les Philistins sur tout le chemin, de Guéba à Guézer.

< 2 Samuel 5 >