< 2 Samuel 4 >

1 Bere a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, nʼaba mu bui, na saa ara nso na ne nkurɔfo no bɔɔ huboa.
When Saul’s son heard that Abner was dead in Hebron, his hands became feeble, and all the Israelites were troubled.
2 Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofo no. Na wɔyɛ Rimon a ofi Benyamin fi wɔ Beerot kurow mu no mmabarima. Wɔfa no sɛ kurow Beerot ka Benyamin ho,
Saul’s son had two men who were captains of raiding bands. The name of one was Baanah and the name of the other Rechab, the sons of Rimmon the Beerothite, of the children of Benjamin (for Beeroth also is considered a part of Benjamin;
3 efisɛ wɔn a na wɔte Beerot mmere bi no guan kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔho de besi nnɛ yi.
and the Beerothites fled to Gittaim, and have lived as foreigners there until today).
4 Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.
Now Jonathan, Saul’s son, had a son who was lame in his feet. He was five years old when the news came about Saul and Jonathan out of Jezreel; and his nurse picked him up and fled. As she hurried to flee, he fell and became lame. His name was Mephibosheth.
5 Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome.
The sons of Rimmon the Beerothite, Rechab and Baanah, went out and came at about the heat of the day to the house of Ishbosheth as he took his rest at noon.
6 Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.
They came there into the middle of the house as though they would have fetched wheat, and they struck him in the body; and Rechab and Baanah his brother escaped.
7 Ansa na wɔbɛkɔ no, wotwaa ne ti bere a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kotwaa Yordan bon no, nantew anadwo mu no nyinaa kɔe.
Now when they came into the house as he lay on his bed in his bedroom, they struck him, killed him, beheaded him, and took his head, and went by the way of the Arabah all night.
8 Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”
They brought the head of Ishbosheth to David to Hebron, and said to the king, “Behold, the head of Ishbosheth, the son of Saul, your enemy, who sought your life! The LORD has avenged my lord the king today of Saul and of his offspring.”
9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokware akyerɛ mo.
David answered Rechab and Baanah his brother, the sons of Rimmon the Beerothite, and said to them, “As the LORD lives, who has redeemed my soul out of all adversity,
10 Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, ‘Saulo awu’ a na osusuw sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.
when someone told me, ‘Behold, Saul is dead,’ thinking that he brought good news, I seized him and killed him in Ziklag, which was the reward I gave him for his news.
11 Na akatua bɛn na memfa mma amumɔyɛfo a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fi bere a ɔda ne mpa so? Ɛnsɛ sɛ mibisa ne mogya fi mo nsam ana?”
How much more, when wicked men have slain a righteous person in his own house on his bed, should I not now require his blood from your hand, and rid the earth of you?”
12 Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
David commanded his young men, and they killed them, cut off their hands and their feet, and hanged them up beside the pool in Hebron. But they took the head of Ishbosheth and buried it in Abner’s grave in Hebron.

< 2 Samuel 4 >