< 2 Samuel 3 >

1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛe yiye, na ne mfiase ni. Bere a Dawid adedi renya ahoɔden no na Saulo adedi no resɛe.
Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.
2 Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron: Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ofi Yesreel no babarima.
Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron: Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima.
3 Nea ɔto so abien no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ofi Karmel no kunabea babarima; nea ɔto so abiɛsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babea Maaka babarima.
Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka babarima.
4 Nea ɔto so anan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima; nea ɔto so anum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.
Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima; deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.
5 Na nea ɔto so asia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.
Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.
6 Bere a na ɔko a ɛda Saulo fi ne Dawid fi no gu so no, na Abner agye din ama nʼankasa ne ho wɔ Saulo fi.
Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so.
7 Na Saulo wɔ mpena bi a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aia babea. Na Is-Boset bisaa Abner se, “Adɛn nti na wo ne mʼagya mpena dae?”
Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.
8 Abner bo fuw yiye kae se, “Meyɛ akraman sodifo wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Nea mayɛ ama wo ne wʼagya, a manyi mo amma Dawid no, mʼayeyi ne sɛ, mode ɔbea yi ho asɛm rekyekyere me?
Abner bo fuu yie kaa sɛ, “Meyɛ nkraman sodifoɔ wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne sɛ, mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me?
9 Sɛ mammoa Dawid amma ne nsa anka nea Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no ɔnwene so.
Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.
10 Mede Saulo ahenni bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahengua ase wɔ Israel ne Yuda so afi Dan akosi Beer-Seba.”
Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.”
11 Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner nti, wantumi ankasa bio.
Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio.
12 Afei, Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe na mɛboa ama yɛadan Israelman mu no nyinaa ama wo.”
Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.”
13 Dawid buae se, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛe no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babea no brɛ me.”
Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.”
14 Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amanneɛ se, “Ma me nsa nka me yere Mikal, efisɛ mede Filistifo ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ sɛ, “Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri sɛ, mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
15 Enti Is-Boset gyee Mikal fii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam.
Enti, Is-Boset gyee Mikal firii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam.
16 Na Paltiel de osu dii ɔbea no akyi koduu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie.” Na Paltiel san kɔɔ fie.
Na Paltiel de su dii ɔbaa no akyi kɔduruu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie.” Na Paltiel sane kɔɔ efie.
17 Na Abner ne Israel ntuanofo adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mmere kakra a atwam no, na mopɛ sɛ musi Dawid ɔhene.
Na Abner ne Israel ntuanofoɔ adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mmerɛ kakra a atwam nie no, na mopɛ sɛ mosi Dawid ɔhene.
18 Bere no ni. Efisɛ Awurade aka se, ‘Mayi Dawid sɛ onnye me nkurɔfo mfi Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.’”
Ɛberɛ no nie. Ɛfiri sɛ, Awurade aka sɛ, ‘Mayi Dawid sɛ ɔnnye me nkurɔfoɔ mfiri Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.’”
19 Abner san ne Benyamin abusua mu ntuanofo kasae. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amanneɛ se, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi.
Abner sane ne Benyamin abusua mu ntuanofoɔ kasaeɛ. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amaneɛ sɛ, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi.
20 Bere a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn pon kɛse.
Ɛberɛ a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn ɛpono kɛseɛ.
21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid se, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo hene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wo koma pɛ so.” Enti Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo ɔhene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wʼakoma pɛ so.” Enti, Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
22 Abner kɔe ara pɛ, Yoab ne Dawid asraafo no bi fi ɔsa mu bae a wokura asade bebree.
Abner kɔeɛ ara pɛ, Yoab ne Dawid akodɔm no bi firi ɔsa mu baeɛ a wɔkura asadeɛ bebree.
23 Bere a wɔka kyerɛɛ Yoab se Abner baa hɔ nkyɛe koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoe mu no,
Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ Abner baa hɔ nkyɛree koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoeɛ mu no,
24 Yoab yɛɛ ntɛm kohuu ɔhene bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔe yi, wokyerɛ dɛn?
Yoab yɛɛ ntɛm kɔhunuu ɔhene bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔeɛ yi, wokyerɛ sɛn?
25 Wunim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafo, bɛhwehwɛɛ nea woreyɛ nyinaa mu ana?”
Wonim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?”
26 Ɛhɔ ara, Yoab fi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfo sɛ wontiw Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtare ho, twee no de no bae. Nanso na Dawid nnim ho hwee.
Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee.
27 Afei, Abner san kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kosii ɔpon ano te sɛ nea ɔrekɔka kokoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so were no nti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu afoa ma owui.
Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ.
28 Akyiri no a Dawid tee asɛm no, ɔkae se, “Me ne mʼaheman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim.
Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa sɛ, “Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ Awurade anim.
29 Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fi so! Yoab fi de, awo ntoatoaso mu nyinaa, obi a watutu akuru anaa ɔyare kwata, nea ɔnam pema ho nantew anaa nea owu afoa ano ne nea ɔsrɛsrɛ aduan rempa hɔ da.”
Ne mogya ngu Yoab ne nʼagya fie so! Yoab efie deɛ, awoɔ ntoatoasoɔ mu nyinaa, obi a watutu akuro anaa ɔyare kwata, deɛ ɔnam poma ho nanteɛ anaa deɛ ɔwu akofena ano ne deɛ ɔsrɛsrɛ aduane rempa hɔ da.”
30 Yoab ne ne nuabarima Abisai kum Abner, efisɛ Abner kum wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
Yoab ne ne nuabarima Abisai kumm Abner, ɛfiri sɛ, Abner kumm wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa se, “Munsunsuan mo ntama mu, na mumfura atweaatam. Muntwa Abner ho agyaadwo.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɔda no so.
Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so.
32 Wosiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne da no ho.
Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne damena no ho.
33 Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner: “Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛnea nkwaseafo wu ana?
Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner: “Ɛsɛ sɛ Abner wu sɛdeɛ nkwaseafoɔ wuo anaa?
34 Wɔankyekyere wo nsa; wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn. Dabi, wodii wo awu; amumɔyɛfo atirimpɔw so ade.” Nnipa no nyinaa suu Abner bio.
Wɔankyekyere wo nsa; wɔangu wo nan nkɔnsɔnkɔnsɔn. Dabi, wɔdii wo awu; amumuyɛfoɔ atirimpɔ so adeɛ.” Nnipa no nyinaa suu Abner bio.
35 Da a wɔreyɛ ayi no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no se onnidi. Nanso na Dawid aka ntam se, “Sɛ mididi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nkum me.”
Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no sɛ ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam sɛ, “Sɛ medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me.”
36 Eyi sɔɔ nnipa no ani yiye. Nokware, biribiara a ɔhene no yɛe no sɔɔ ɔmanfo no ani.
Yei sɔɔ nnipa no ani yie. Nokorɛm, biribiara a ɔhene no yɛeɛ no sɔɔ ɔmanfoɔ no ani.
37 Eyi maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no huu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na okum Abner.
Yei maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no hunuu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na ɔkumm Abner.
38 Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfo no se, “Munhu sɛ ɔkannifo kɛse ne onipa kɛse atɔ fam nnɛ wɔ Israel ana?
Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfoɔ no sɛ, “Monhunu sɛ ɔkannifoɔ kɛseɛ ne onipa kɛseɛ atɔ fam ɛnnɛ wɔ Israel anaa?
39 Na ɛwɔ mu sɛ me ne ɔhene a wɔasra no de, nanso Seruia mmabarima Yoab ne Abisai de, wɔyɛ den dodo ma me sɛ metumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno nti, Awurade ntua saa mmarima amumɔyɛfo yi so ka wɔ wɔn amumɔyɛsɛm ho.”
Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔ wɔn amumuyɛsɛm ho.”

< 2 Samuel 3 >