< 2 Samuel 24 >

1 Bio, Awurade abufuw baa Israel so nti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nhaw wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfo ne Yudafo nyinaa.”
А Господ се опет разгневи на Израиља, и надражи Давида на њих говорећи: Хајде изброј Израиља и Јуду.
2 Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab se, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, efi Dan a ɛwɔ atifi fam, de besi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam, na ama mahu nnipa dodow a wɔwɔ ha.”
И рече цар Јоаву, војводи свом: Прођи по свим племенима Израиљевим од Дана до Вирсавеје, и избројте народ, да знам колико има народа.
3 Na Yoab buaa ɔhene no se, “Awurade mma wo ntena ase kosi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahenni yi mu ase bɛterɛw mmɔho ɔha. Na adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ eyi?”
А Јоав рече цару: Нека дода Господ Бог твој к народу колико га је сад још сто пута толико, и да цар господар мој види својим очима; али зашто цар господар мој хоће то?
4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa nti, Yoab ne nʼadwumayɛfo kɔkan nnipa a wɔwɔ Israel.
Али реч царева би јача од Јоава и војвода; и отиде Јоав и војводе од цара да преброје народ Израиљев.
5 Nea edi kan no, wotwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kurow a ɛwɔ obon no anafo a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser,
И прешавши преко Јордана стадоше у логор у Ароиру, с десне стране града, који је на средини потока Гадовог, и код Јазира.
6 toaa so koduu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu.
Потом дођоше у Галад, и у доњу земљу Одсију, а одатле отидоше у Дан-Јан и у околину сидонску.
7 Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifo ne Kanaanfo nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafo, koduu Beer-Seba de wiei.
Потом дођоше до града Тира и у све градове јевејске и хананејске; и отидоше на јужну страну Јудину у Вирсавеју.
8 Wowurawuraa asase no nyinaa so, de asram akron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, san kɔɔ Yerusalem.
И обишавши сву земљу вратише се у Јерусалим после девет месеци и двадесет дана.
9 Yoab de ne nnipa dodow a wonyae brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔadu sogyadi mfe so wɔ Israel no dodow yɛ mpem ahanwɔtwe, na mpem ahannum nso wɔ Yuda.
И Јоав даде цару број преписаног народа; и беше од Израиља осам стотина хиљада људи за војску који махаху мачем, а људи од Јуде пет стотина хиљада.
10 Dawid kan nnipa no nyinaa wiei no, nʼahonim buu no fɔ, nti ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nea meyɛe yi nti, mayɛ bɔne. Enti Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbu yi fi wo somfo so. Mayɛ nkwaseade.”
Тада Давида такну у срце, пошто преброја народ, и рече Давид Господу: Сагреших веома што то урадих. Али, Господе, узми безакоње слуге свог, јер веома лудо радих.
11 Ade kyee no, Awurade asɛm baa odiyifo Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo nkyɛn se:
А кад Давид уста ујутру, дође реч Господња Гаду, пророку који беше Давиду виделац, и рече:
12 “Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛnea Awurade se ni: ‘Mede nsɛm abiɛsa reto wʼanim. Yi mu baako na menyɛ ntia wo.’”
Иди и кажи Давиду: Овако вели Господ: Троје ти дајем, изабери једно да ти учиним.
13 Enti Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kobisaa no se, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfe abiɛsa ana? Anaa, atamfo a wogu wo so no wubeguan wɔn asram abiɛsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo man yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yiye, na ma minhu mmuae a memfa nkɔma Awurade.”
И дође Гад к Давиду, и каза му говорећи: Хоћеш ли ти да буде седам гладних година у земљи твојој, или да бежиш три месеца од непријатеља својих и они да те гоне, или да буде три дана помор у твојој земљи? Сад промисли и гледај шта ћу одговорити Ономе који ме је послао.
14 Dawid ka kyerɛɛ Gad se, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, efisɛ nʼadɔe dɔɔso; nanso mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
А Давид рече Гаду: У тескоби сам љутој; али нека западнемо Господу у руке, јер је милост Његова велика; а људима да не западнем у руке.
15 Enti Awurade tow ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma edii nnansa. Na nnipa mpem aduɔson fii Dan kosi Beer-Seba wuwui.
И тако пусти Господ помор на Израиља од јутра до одређеног времена, и помре народа од Дана до Вирсавеје седамдесет хиљада људи.
16 Bere a ɔbɔfo no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye! Gyae.” Saa bere no na Awurade bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
А кад анђео пружи руку своју на Јерусалим да га убија, сажали се Господу са зла, и рече анђелу који убијаше народ: Доста, спусти руку. А анђео Господњи беше код гумна Орне Јевусејина.
17 Bere a Dawid huu ɔbɔfo no, ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Me na mayɛ bɔne. Eyinom de wonnim ho hwee, dɛn na wɔayɛ? Ma wo bɔfo nsɛe me ne me fifo.”
А Давид кад виде анђела где бије народ, проговори и рече Господу: Ево, ја сам згрешио, ја сам зло учинио, а те овце шта су учиниле? Нека се рука Твоја обрати на мене и на дом оца мог.
18 Da no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kosi afɔremuka ma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.”
Потом опет дође Гад к Давиду исти дан, и рече му: Иди, начини Господу олтар на гумну Орне Јевусејина.
19 Na Dawid kɔyɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
И отиде Давид по речи Гадовој, како Господ заповеди.
20 Bere a Arauna huu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, opue bɛkotow ɔhene, de nʼanim butuw fam.
Тада Орна обазревши се угледа цара и слуге његове где иду к њему; и отиде Орна и поклони се цару лицем до земље,
21 Arauna bisae se, “Adɛn nti na woaba, me wura?” Dawid buae se, “Merebɛtɔ awiporowbea hɔ, na masi afɔremuka wɔ hɔ ama Awurade, sɛnea Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”
И рече: Што је дошао цар господар мој слузи свом? А Давид рече: Да купим од тебе то гумно, да начиним на њему олтар Господу да би престао помор у народу.
22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Me wura fa na fa yɛ nea wopɛ. Nantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua ne nantwi mpamho nnua no ayɛ nnyina wɔ afɔremuka no so.
А Орна рече Давиду: Нека узме цар господар мој и принесе на жртву шта му је воља; ево волова за жртву паљеницу, и кола и јармова волујских за дрва.
23 Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ se, Awurade, wo Nyankopɔn nnye afɔre yi.”
Све то даваше цару Орна као цар, и рече Орна цару: Господ Бог твој нека те милостиво прими.
24 Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi da, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, me Nyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.” Enti Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahannum aduoson anum de tɔɔ awiporowbea ne nantwi no.
А цар рече Орни: Не; него ћу купити од тебе по цени, нити ћу принети Господу Богу свом жртву паљеницу поклоњену. И тако купи Давид гумно и волове за педесет сикала сребра.
25 Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre hɔ. Na Awurade tiee ne mpaebɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.
И онде начини Давид олтар Господу, и принесе жртве паљенице и жртве захвалне. И Господ се умилостиви земљи, и преста помор у Израиљу.

< 2 Samuel 24 >