< 2 Samuel 23 >
1 Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔso a ɛyɛ nwonwa, na Yakob Nyankopɔn sraa no ngo no, Israel nnwomhyehyɛfo mu otiban:
Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa, na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no, ne nnwomsiaani papa bi nie:
2 “Awurade honhom kasa fa me mu; ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.
“Awurade honhom kasa fa me mu; ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.
3 Israel Nyankopɔn kasae. Israel botan ka kyerɛɛ me se: ‘Onipa a odi hene trenee mu, na ɔde Onyamesuro di hene no,
Israel Onyankopɔn kasaeɛ, Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu, na ɔde Nyamesuro di ɔhene no,
4 ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ anɔpa a omununkum nni hɔ apueiwia hann; ɔte sɛ osutɔ akyi hyerɛn, na ɛma sare foforo pue fi asase mu.’
ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ; ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ, na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’
5 “Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi. Yiw, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ne nhyehyɛe yɛ afebɔɔ, bi nni hɔ bio, na wɔasɔw ano. Ɔbɛhwɛ me yiyedi ne me nkɔso daa.
“Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi. Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano. Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa.
6 Na wɔn a wonnim Onyame no te sɛ nsɔe a wɔbɛtow agu, efisɛ wɔwowɔ nsa a eso mu no.
Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo, ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.
7 Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee.”
Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.”
8 Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima: Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.
Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima: Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.
9 Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no.
Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane.
10 Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.
Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii sɛ afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no.
11 Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee,
Deɛ ɔdi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ɔfiri Harar babarima. Ɛda koro bi, Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so asɛdua afuo bi mu. Israel akodɔm no dwaneeɛ,
12 nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.
nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim.
13 Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.
Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ wɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.
14 Saa bere no na Dawid te nsraban mu hɔ a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem.
Saa ɛberɛ no na Dawid te sraban mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm no fa bi nso akɔtena Betlehem.
15 Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, “Ao, sɛ minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano hɔ no bi a, anka mɛnom.”
Dawid daa nʼakɔnnɔ adi sɛ, “Ao, sɛ menya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kuro no ɛpono no ano hɔ no bi a, mɛnom.”
16 Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim.
Enti, Baasa no bu faa Filistifoɔ no mu kɔsaa nsuo no bi firii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso, wannom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim.
17 Ɔteɛɛ mu se, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya.” Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.
Ɔteaam sɛ, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom yei! Saa nsuo yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaa nsuo yi brɛɛ me yi mogya.” Enti, Dawid annom. Aninsɛm a Baasa no yɛeɛ nhwɛsoɔ bi nie.
18 Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa sɛ Baasa no.
Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Ɛda bi, ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ ahasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.
19 Abisai na ogyee din pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din sɛ Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.
Abisai na ɔgyee edin pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwom na ɔnka Baasa no ho deɛ, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.
20 Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne sɛ, okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no.
Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofoɔ kokodurufoɔ a ɔfiri Kabseel. Ɔdii aninsɛm bebree a ebi ne sɛ, ɔkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu. Ɛberɛ bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro deɛ, nanso ɔkyeree gyata no, kumm no.
21 Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no.
Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no.
22 Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no.
23 Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.
Na ɔwɔ animuonyam sene wɔn a na wɔfra Aduasa no mu, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfoɔ no so ɔsahene.
24 Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni: Yoab nuabarima Asahel; Dodo a ofi Betlehem babarima Elhanan;
Wɔn a aka a wɔfra Aduasa no mu nie: Yoab nuabarima Asahel; Dodo a ɔfiri Betlehem babarima Elhanan;
25 Sama a ofi Harod; Elika a ofi Harod;
Sama a ɔfiri Harod; Elika a ɔfiri Harod;
26 Heles a ofi Palti; Ira, Ikes a ofi Tekoa babarima;
Heles a ɔfiri Palti; Ira, Ikes a ɔfiri Tekoa babarima;
27 Abieser a ofi Anatot; Sibekai a ofi Husa;
Abieser a ɔfiri Anatot; Sibekai a ɔfiri Husa;
28 Salmon a ofi Ahoa; Maharai a ofi Netofa;
Salmon a ɔfiri Ahoa; Maharai a ɔfiri Netofa;
29 Heleb, Baana a ofi Netofa babarima; Itai, Ribai a ofi Gibea (Benyamin abusuakuw mu) babarima;
Heleb, Baana a ɔfiri Netofa babarima; Itai, Ribai a ɔfiri Gibea (Benyamin abusuakuo mu) babarima;
30 Benaia a ofi Piraton; Hidai a ofi Nahale-Gaas;
Benaia a ɔfiri Piraton; Hidai a ɔfiri Nahale-Gaas;
31 Arbatini Abi-Albon; Asmawet a ofi Bahurim;
Arbatini Abi-Albon; Asmawet a ɔfiri Bahurim;
32 Eliahba a ofi Saalbon; Yaasen mmabarima;
Eliahba a ɔfiri Saalbon; Yaasen mmammarima;
33 Yonatan, Sama a ofi Harar babarima; Sarar, Ahiam a ofi Maaka babarima;
Yonatan, Sama a ɔfiri Harar babarima; Sarar, Ahiam a ɔfiri Maaka babarima;
34 Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima; Eliam, Ahitofel a ofi Gilo babarima;
Elifelet, Ahasbai a ɔfiri Maaka babarima; Eliam, Ahitofel a ɔfiri Gilo babarima;
35 Hesro a ofi Karmel; Paarai a ofi Arba;
Hesro a ɔfiri Karmel; Paarai a ɔfiri Arba;
36 Igal, Natan a ofi Soba babarima; Bani a ofi Gad;
Igal, Natan a ɔfiri Soba babarima; Bani a ɔfiri Gad;
37 Selek a ofi Amon; Naharai a ofi Beerot (Yoab akodekurafo);
Selek a ɔfiri Amon; Naharai a ɔfiri Beerot (Yoab akodeɛkurafoɔ);
38 Ira a ofi Yitri; Gareb a ofi Yitri;
Ira a ɔfiri Yitri; Gareb a ɔfiri Yitri;
39 Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodow yɛ aduasa ason.
Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nson.