< 2 Samuel 20 >

1 Ɔtɔkwapɛfo bi a na wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ofi Benyamin babarima, hyɛn torobɛnto teɛɛ mu se, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yenni agyapade biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!”
Il se trouvait là un homme de Bélial, nommé Séba, fils de Bochri, Benjamite; il sonna de la trompette et dit: « Nous n’avons point de part avec David, nous n’avons point d’héritage avec les fils de Jessé. Chacun à ses tentes, Israël! »
2 Enti Israel mmarima gyaw Dawid hɔ, kodii Seba akyi. Nanso Yuda mmarima no de, wɔtenaa wɔn hene nkyɛn, na wɔwowaw no fi Asubɔnten Yordan ho, kosii Yerusalem.
Et tous les hommes d’Israël s’éloignèrent de David et suivirent Séba, fils de Bochri. Mais les hommes de Juda s’attachèrent à leur roi, depuis le Jourdain jusqu’à Jérusalem.
3 Bere a oduu nʼahemfi hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenanom du a ogyaw wɔn hɔ no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kokoa mu baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiade nyinaa, nanso ɔne wɔn renna bio. Enti wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafo, kosii ne wuda.
David revint dans sa maison, à Jérusalem, et le roi prit les dix concubines qu’il avait laissées pour veiller sur la maison, et les mit dans une maison gardée. Il pourvut à leur entretien, mais il n’alla plus vers elles; et elles furent enfermées jusqu’au jour de leur mort, vivant ainsi dans l’état de veuvage.
4 Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda asraafo ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa bere no mu.
Le roi dit à Amasa: « Convoque-moi d’ici à trois jours les hommes de Juda; et toi, sois ici présent. »
5 Enti Amasa kɔbɔɔ asraafo no amanneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.
Amasa partit pour convoquer Juda; mais il tarda au-delà du temps que le roi avait fixé.
6 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Saa ɔtɔkwapɛfo Seba no rebɛhaw yɛn asen sɛ nea Absalom haw yɛn no. Fa mʼakofo no, na taa no ansa na waguan akɔbɔ ne ho aguaa wɔ hintabea nkurow no mu baabi a yɛn nsa renka no.”
Alors David dit à Abisaï: « Séba, fils de Bochri, va maintenant nous faire plus de mal qu’Absalom. Toi donc, prends les serviteurs de ton maître et poursuis-le, de peur qu’il ne trouve des villes fortes et ne se dérobe à nos yeux. »
7 Enti Abisai ne Yoab yiyii awɛmfo a wodi mu fii Yoab asraafo ne ɔhene no ankasa de mu de tiw Seba.
Derrière Abisaï partirent les gens de Joab, les Céréthiens et les Phéléthiens, et tous les vaillants hommes; ils sortirent de Jérusalem afin de poursuivre Séba, fils de Bochri.
8 Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim sɛ ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam.
Lorsqu’ils furent près de la grande pierre qui est à Gabaon, Amasa arriva devant eux. Joab avait pour vêtement une tunique militaire, et sur cette tunique était ceinte une épée attachée à ses reins dans son fourreau. Comme il s’avançait, l’épée tomba.
9 Yoab bisaa no se, “Me nua, wo ho te dɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, sɛ nea ɔrefew nʼano.
Et Joab dit à Amasa: « Te portes-tu bien, mon frère? » Et la main droite de Joab saisit la barbe d’Amasa pour le baiser.
10 Amasa anhu sɛ afoa no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de afoa no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab betia ne so koraa, na Amasa wui. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaw no hɔ, toaa so tiw Bikri babarima Seba.
Amasa ne prit pas garde à l’épée qui était dans la main de Joab; et Joab l’en frappa au ventre et répandit ses entrailles à terre et, sans qu’on lui portât un second coup, Amasa mourut. Joab et son frère Abisaï se mirent à la poursuite de Séba, fils de Bochri.
11 Yoab asraafo no mu aberante a ɔyɛ panyin wɔ nsraadɔm no so no mu baako teɛɛ mu kyerɛɛ Amasa asraafo no se, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ommedi Yoab akyi.”
Mais un des jeunes hommes de Joab resta près d’ Amasa, et il disait: « Qui est favorable à Joab, et qui est pour David, qu’il suive Joab! »
12 Amasa daa ne mogyabura mu wɔ ɔkwan no mfimfini. Na ɔbarima no huu sɛ asraafo no adu hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no fii ɔkwan no mu, de no too wuram, de atade kataa ne so.
Or Amasa s’était roulé dans son sang, au milieu de la route. Cet homme, voyant que tout le peuple s’arrêtait, tira Amasa hors de la route dans un champ, et jeta sur lui un manteau, parce qu’il voyait que tous ceux qui arrivaient près de lui s’arrêtaient.
13 Woyii Amasa fii ɔkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.
Lorsqu’il fut ôté de la route, chacun passa après Joab, à la poursuite de Séba, fils de Bochri.
14 Saa bere no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fifo Bikrifo ano wɔ Abel-Bet-Maaka.
Joab traversa toutes les tribus d’Israël jusqu’à Abel et Beth-Maacha, et tous les hommes d’élite se rassemblèrent et le suivirent.
15 Yoab asraafo no duu hɔ no, wɔtow hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wosisii mpie wɔ kurow no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho na wɔpempem afasu no, pɛɛ sɛ wodwiriw gu.
Ils vinrent assiéger Séba dans Abel-Beth-Maacha, et ils élevèrent contre la ville une terrasse, qui atteignait le rempart; et tout le peuple qui était avec Joab s’efforçait à faire tomber la muraille.
16 Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, “Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.”
Alors une femme avisée se mit à crier de la ville: « Écoutez, écoutez, je vous prie! Dites à Joab: Approche jusqu’ici, je veux te parler. »
17 Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na obisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?” Obuae se, “Yiw.” Ɔkae se, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.” Obuae se, “Meretie.”
Il s’approcha d’elle et la femme dit: « Es-tu Joab? » Il répondit: « C’est moi. » Et elle lui dit: « Écoute les paroles de ta servante. » Il répondit: « J’écoute. »
18 Ɔkae se, “Tete no, na yɛka se, ‘Yɛrekɔpɛ afotu wɔ Abel.’
Et elle dit: « Autrefois on avait coutume de dire: Que l’on consulte Abel, — et tout s’arrangeait ainsi.
19 Yɛpɛ asomdwoe ne nokware wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kurow a adi nokware wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?”
Je suis une des villes paisibles et fidèles en Israël; toi, tu cherches à détruire une ville qui est une mère en Israël! Pourquoi détruirais-tu l’héritage de Yahweh! »
20 Yoab buae se, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn.
Joab répondit: « Loin, bien loin de moi! Je ne veux ni détruire ni ruiner?
21 Nea merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ofi Efraim bepɔw so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mefi kurow no mu.” Ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab se, “Wɔbɛtow ne ti afi ɔfasu no so ama wo.”
La chose n’est pas ainsi. Mais un homme de la montagne d’Ephraïm, nommé Séba, fils de Bochri, a levé sa main contre le roi David; livrez-le, lui seul, et je m’éloignerai de la ville. » La femme dit à Joab: « Voici que sa tête te sera jetée par-dessus la muraille. »
22 Afei, ɔbea no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wotwaa Bikri babarima Seba ti, tow maa Yoab. Enti ɔhyɛn torobɛnto maa ne mmarima no bɔ hwetee, maa obiara kɔɔ ne fi. Na Yoab san kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
La femme alla vers tout le peuple et lui parla sagement; et ils coupèrent la tête à Séba, fils de Bochri, et la jetèrent à Joab. Joab fit sonner de la trompette, et l’on se dispersa loin de la ville, chacun vers ses tentes; et Joab retourna à Jérusalem vers le roi.
23 Yoab bɛyɛɛ Dawid asraafo no so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene bammɔfo so panyin.
Joab commandait toute l’armée d’Israël; Banaïas, fils de Joïada, commandait les Céréthiens et les Phéléthiens;
24 Adoram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so, na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima no kyerɛw ahemfo ho abakɔsɛm.
Aduram était préposé aux corvées; Josaphat, fils d’Ahilud, était archiviste; Siva était secrétaire;
25 Na Sewa yɛ asennii kyerɛwfo. Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfo.
Sadoc et Abiathar étaient prêtres,
26 Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfo.
et Ira le Jaïrite était aussi conseiller intime de David.

< 2 Samuel 20 >