< 2 Samuel 2 >
1 Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?” Awurade buaa no se, “Kɔ.” Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?” Awurade buaa no se, “Hebron.”
此のちダビデ、ヱホバに問ていひけるは我ユダのひとつの邑にのぼるべきやヱホバかれにいひたまひけるはのぼれダビデいひけるは何處にのぼるべきやヱホバいひたまひけるはヘブロンにのぼるべしと
2 Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom,
ダビデすなはち彼處にのぼれりその二人の妻ヱズレル人アヒノアムおよびカルメル人ナバルの妻なりしアビガルもともにのぼれり
3 ne ne mmarima ne wɔn fifo nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkurow so.
ダビデ其おのれとともにありし從者と其家族をことごとく將のぼりければ皆ヘブロンの諸巴にすめり
4 Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so. Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no,
時にユダの人々きたり彼處にてダビデに膏をそそぎてユダの家の王となせり 人々ダビデにつげてサウルを葬りしはヤベシギレアデの人なりといひければ
5 ɔsomaa abɔfo kosee wɔn se, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokware a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no anuonyam so.
ダビデ使者をヤベシギレアデの人におくりてこれにいひけるは汝らこの厚意を汝らの主サウルにあらはしてかれを葬りたればねがはくは汝らヱホバより福祉をえよ
6 Na afei, Awurade ne mo nni no yiye na ontua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso metua mo nea a moayɛ yi so ka.
ねがはくはヱホバ恩寵と眞實を汝等にしめしたまへ汝らこの事をなしたるにより我亦汝らに此恩惠をしめすなり
7 Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfo nokwafo sɛ Yudafo a wɔasra me ngo sɛ minni wɔn so hene no.”
されば汝ら手をつよくして勇ましくなれ汝らの主サウルは死たり又ユダの家我に膏をそそぎて我をかれらの王となしたればなりと
8 Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakofo so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim.
爰にサウルの軍の長ネルの子アブネル、サウルの子イシボセテを取りてこれをマナイムにみちびきわたり
9 Ɛhɔ na osii Is-Boset hene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifo asase ne Israel nyinaa so.
ギレアデとアシユリ人とヱズレルとエフライムとベニヤミンとイスラエルの衆の王となせり
10 Bere a Is-Boset dii ade no, na wadi mfirihyia aduanan, na odii ade fi Mahanaim mfe abien. Na Yuda abusuakuw no dii Dawid nokware.
サウルの子イシボセテはイスラエルの王となりし時四十歳にして二年のあひだ位にありしがユダの家はダビデにしたがへり
11 Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na odii Yuda so hene mfirihyia ason ne fa.
ダビデのヘブロンにありてユダの家の王たりし日數は七年と六ヶ月なりき
12 Da koro bi, Abner dii Is-Boset asraafo anim, fi Mahanaim kɔɔ Gibeon.
ネルの子アブネル及びサウルの子なるイシボセテの臣僕等マハナイムを出てギベオンに至れり
13 Saa bere koro no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid asraafo anim, fi Hebron na wohyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtare ho. Akuw abien no tenatenaa ase a na wodi nhwɛanim.
セルヤの子ヨアブとダビデの臣僕もいでゆけり彼らギベオンの池の傍にて出會一方は池の此畔に一方は池の彼畔に坐す
14 Afei, Abner susuw ho kyerɛɛ Yoab se, “Ma yɛmfa yɛn akofo no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako.” Yoab penee so kae se, “Wɔnsɔre nko ɛ.”
アブネル、ヨアブにいひけるはいざ少者をして起て我らのまへに戯れしめんヨアブいひけるは起しめんと
15 Enti woyii mmarima dumien fii kuw biara mu sɛ wonni wɔn ho ako.
サウルの子イシボセテに屬するベニヤミンの人其數十二人及びダビデの臣僕十二人起て前み
16 Obiara soo ne tamfo tinwi mu, de nʼafoa wowɔɔ wɔn ho wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwui. Enti wɔfrɛ atɔe mu hɔ se Afoa Afuw de besi nnɛ.
おのおの其敵手の首を執へて劍を其敵手の脅に刺し斯して彼等倶に斃れたり是故に其處はヘルカテハヅリム(利劍の地)と稱らる即ちギベオンにあり
17 Afei, nsraadɔm abien no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awiei no, na Dawid nsraadɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
此日戰甚だ烈しくしてアブネルとイスラエルの人々ダビデの臣僕のまへに敗る
18 Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmabarima baasa no ka Dawid asraafo no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforote,
其處にゼルヤの三人の子ヨアブ、アビシヤイ、アサヘル居たりしがアサヘルは疾足なること野にをる麆のごとくなりき
19 na ɔpam Abner ara sɛ ɔbɛkyere no.
アサヘル、アブネルの後を追ひけるが行に右左にまがらずアブネルの後をしたふ
20 Bere a Abner twaa nʼani huu sɛ odi nʼakyi no, ɔteɛɛ mu se, “Wo ni, Asahel!” Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me!”
アブネル後を顧みていふ汝はアサヘルなるか彼しかりと答ふ
21 Na Abner ka kyerɛɛ no se, “Ɛno de, kɔhwehwɛ obi foforo, na wone no nko. Kɔ na kotintim mmerante no baako, na gye nʼakode a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso Asahel, kɔɔ so taa no.
アブネルかれにいひけるは汝の右か左に轉向て少者の一人を擒へて其戎服を取れと然どアサヘル、アブネルをおふことを罷て外に向ふを肯ぜず
22 Bio, Abner teɛɛ mu ka kyerɛɛ Asahel se, “Fi ha kɔ! Sɛ mikum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”
アブネルふたたびアサヘルにいふ汝我を追ことをやめて外に向へ我なんぞ汝を地に撃ち仆すべけんや然せば我いかでかわが面を汝の兄ヨアブにむくべけんと
23 Nanso Asahel antie ara, enti Abner de ne peaw no wɔɔ ne yafunu mu, maa peaw no pue fii nʼakyi. Obu hwee fam wuu wɔ hɔ. Na obiara a oduu atɔe mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ.
然どもかれ外にむかふことをいなむによりアブネル槍の後銛をもてかれの腹を刺しければ槍その背後にいでたりかれ其處にたふれて立時に死り斯しかばアサヘルの仆れて死るところに來る者は皆たちどまれり
24 Bere a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Bere a woduu Amma bepɔw a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɔkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon sare so no, na onwini adwo.
されどヨアブとアビシヤイはアブネルの後を追きたりしがギベオンの野の道傍にギアの前にあるアンマの山にいたれる時日暮ぬ
25 Abner asraafo a wofi Benyamin abusuakuw mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no so yɛɛ krado maa ɔko.
ベニヤミンの子孫アブネルにしたがひて集まり一隊となりてひとつの山の頂にたてり
26 Ɛhɔ na Abner teɛɛ mu, ka kyerɛɛ Yoab se, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa afoa so de ka yɛn ntam asɛm ana? Munnhu sɛ, saa ɔkwan no de nitan bɛto yɛn ntam ana? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn se, wonnyae wɔn nuanom Israelfo akyidi?”
爰にアブネル、ヨアブをよびていひけるは刀劍豈永久にほろぼさんや汝其終りには怨恨を結ぶにいたるをしらざるや汝何時まで民に其兄弟を追ふことをやめてかへることを命ぜざるや
27 Na Yoab kae se, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na onim nea ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.”
ヨアブいひけるは神は活く若し汝が言出さざりしならば民はおのおの其兄弟を追はずして今晨のうちにさりゆきしならんと
28 Enti Yoab hyɛn ne torobɛnto, maa ne mmarima no gyaee Israel asraafo no taa.
かくてヨアブ喇叭を吹きければ民皆たちどまりて再イスラエルの後を追はずまたかさねて戰はざりき
29 Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nantew kɔɔ Araba. Wotwaa Yordan bon, toaa so kɔɔ Bitron, beduu Mahanaim.
アブネルと其從者終夜アラバを經ゆきてヨルダンを濟りビテロンを通りてマハナイムに至れり
30 Na Yoab gyaee Abner akyidi, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wohuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera.
ヨアブ、アブネルを追ことをやめて歸り民をことごとく集めたるにダビデの臣僕十九人とアサヘル缺てをらざりき
31 Nanso na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfo no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no.
されどダビデの臣僕はベニヤミンとアブネルの從者三百六十人を撃ち殺せり
32 Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantew anadwo mu no nyinaa koduu Hebron adekyee.
人々アサヘルを取りあげてベテレヘムにある其父の墓に葬るヨアブと其從者は終夜ゆきて黎明にヘブロンにいたれり