< 2 Samuel 17 >

1 Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom se, “Meyi asraafo mpem dumien, na mafi ha anadwo yi akɔtaa Dawid.
ויאמר אחיתפל אל אבשלום אבחרה נא שנים עשר אלף איש ואקומה וארדפה אחרי דוד הלילה
2 Mɛto no wɔ bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe,
ואבוא עליו והוא יגע ורפה ידים והחרדתי אתו ונס כל העם אשר אתו והכיתי את המלך לבדו
3 na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima.”
ואשיבה כל העם אליך כשוב הכל--האיש אשר אתה מבקש כל העם יהיה שלום
4 Saa nhyehyɛe yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa ani.
ויישר הדבר בעיני אבשלם ובעיני כל זקני ישראל
5 Nanso Absalom kae se, “Momfrɛ Husai a ofi Arki no mmra na yentie nea ɔwɔ ka.”
ויאמר אבשלום קרא נא גם לחושי הארכי ונשמעה מה בפיו גם הוא
6 Husai bae no, Absalom kaa nea Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei obisaa no se, “Wʼadwene ne dɛn? Yɛmfa Ahitofel afotu no ana? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”
ויבא חושי אל אבשלום ויאמר אבשלום אליו לאמר כדבר הזה דבר אחיתפל הנעשה את דברו אם אין אתה דבר
7 Husai buaa Absalom se, “Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi.
ויאמר חושי אל אבשלום לא טובה העצה אשר יעץ אחיתפל בפעם הזאת
8 Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho yɛ hu sɛ sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi.
ויאמר חושי אתה ידעת את אביך ואת אנשיו כי גברים המה ומרי נפש המה כדב שכול בשדה ואביך איש מלחמה ולא ילין את העם
9 Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na sɛ odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, ‘Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.’
הנה עתה הוא נחבא באחת הפחתים או באחד המקומת והיה כנפל בהם בתחלה ושמע השמע ואמר היתה מגפה בעם אשר אחרי אבשלם
10 Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko yɛ duru.
והוא גם בן חיל אשר לבו כלב האריה--המס ימס כי ידע כל ישראל כי גבור אביך ובני חיל אשר אתו
11 “Enti mitu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea. Na migye di sɛ wʼankasa bedi asraafo no anim.
כי יעצתי האסף יאסף עליך כל ישראל מדן ועד באר שבע כחול אשר על הים לרב ופניך הלכים בקרב
12 Na sɛ yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka.
ובאנו אליו באחת (באחד) המקומת אשר נמצא שם ונחנו עליו כאשר יפל הטל על האדמה ולא נותר בו ובכל האנשים אשר אתו גם אחד
13 Na sɛ Dawid aguan kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi sɛ ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”
ואם אל עיר יאסף--והשיאו כל ישראל אל העיר ההיא חבלים וסחבנו אתו עד הנחל עד אשר לא נמצא שם גם צרור
14 Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.
ויאמר אבשלום וכל איש ישראל טובה עצת חושי הארכי מעצת אחיתפל ויהוה צוה להפר את עצת אחיתפל הטובה לבעבור הביא יהוה אל אבשלום את הרעה
15 Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar.
ויאמר חושי אל צדוק ואל אביתר הכהנים כזאת וכזאת יעץ אחיתפל את אבשלם ואת זקני ישראל וכזאת וכזאת יעצתי אני
16 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ otwa kɔ sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu.”
ועתה שלחו מהרה והגידו לדוד לאמר אל תלן הלילה בערבות המדבר וגם עבור תעבור--פן יבלע למלך ולכל העם אשר אתו
17 Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn.
ויהונתן ואחימעץ עמדים בעין רגל והלכה השפחה והגידה להם והם ילכו והגידו למלך דוד כי לא יוכלו להראות לבוא העירה
18 Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu.
וירא אתם נער ויגד לאבשלם וילכו שניהם מהרה ויבאו אל בית איש בבחורים ולו באר בחצרו--וירדו שם
19 Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw sɛ nnipa hyɛ abura no mu.
ותקח האשה ותפרש את המסך על פני הבאר ותשטח עליו הרפות ולא נודע דבר
20 Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?” Obuaa wɔn se, “Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem.
ויבאו עבדי אבשלום אל האשה הביתה ויאמרו איה אחימעץ ויהונתן ותאמר להם האשה עברו מיכל המים ויבקשו ולא מצאו וישבו ירושלם
21 Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, “Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no.
ויהי אחרי לכתם ויעלו מהבאר וילכו ויגדו למלך דוד ויאמרו אל דוד קומו ועברו מהרה את המים--כי ככה יעץ עליכם אחיתפל
22 Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.
ויקם דוד וכל העם אשר אתו ויעברו את הירדן עד אור הבקר עד אחד לא נעדר אשר לא עבר את הירדן
23 Ahitofel huu sɛ nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no wɔ nʼagya ɔda mu.
ואחיתפל ראה כי לא נעשתה עצתו ויחבש את החמור ויקם וילך אל ביתו אל עירו ויצו אל ביתו ויחנק וימת ויקבר בקבר אביו
24 Ankyɛ na Dawid duu Mahanaim. Saa bere no na Absalom aboaboa Israel asraafo no nyinaa ano a odi wɔn anim rekotwa Asubɔnten Yordan.
ודוד בא מחנימה ואבשלם עבר את הירדן--הוא וכל איש ישראל עמו
25 Absalom yii Amasa de no tuaa asraafo no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no anan mu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babea, na ɔyɛ Seruia nuabea, a ɔyɛ Yoab na ba.
ואת עמשא שם אבשלם תחת יואב--על הצבא ועמשא בן איש ושמו יתרא הישראלי אשר בא אל אביגל בת נחש אחות צרויה אם יואב
26 Israelfo no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
ויחן ישראל ואבשלם ארץ הגלעד
27 Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas a ofi Raba babarima Sobi Amonni no, kyiaa no fɛw so. Saa ara na Amiel a ofi Lo-debar babarima Makir ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim nso gyee no fɛw so.
ויהי כבוא דוד מחנימה ושבי בן נחש מרבת בני עמון ומכיר בן עמיאל מלא דבר וברזלי הגלעדי מרגלים
28 Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ ne asedua,
משכב וספות וכלי יוצר וחטים ושערים וקמח וקלי ופול ועדשים וקלי
29 ɛwo ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na wɔkae se, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɔkɔm ne osukɔm de mo efisɛ moanantew kwan tenten wɔ sare so.”
ודבש וחמאה וצאן ושפות בקר הגישו לדוד ולעם אשר אתו לאכול כי אמרו--העם רעב ועיף וצמא במדבר

< 2 Samuel 17 >