< 2 Samuel 16 >

1 Dawid sian bepɔw no pɛ na ɔne Mefiboset somfo Siba hyiae. Na ɔwɔ mfurum abien a wɔahyehyɛ brodo mua ahannu, bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne nsa nhoma kotoku ma wɔ wɔn so.
داوود از آن طرف کوه سرازیر می‌شد که به صیبا، خدمتگزار مِفیبوشِت که منتظر او بود برخورد. صیبا با خود یک جفت الاغ پالان شده آورده بود که روی آنها دویست نان معمولی، صد نان کشمشی، صد خوشه انگور و یک مشک شراب بود.
2 Ɔhene no bisaa Siba se, “Na eyinom nso ɛ?” Na Siba buae se, “Mfurum no, mo nkurɔfo ntena wɔn so, na brodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmerante no na wonni. Na nsa no nso, momfa nkɔ sare so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ nti wɔbɛtɔ beraw no anom.”
پادشاه از صیبا پرسید: «اینها را برای چه آورده‌ای؟» صیبا جواب داد: «الاغها را برای اهل خانهٔ تو آورده‌ام تا بر آنها سوار شوند. نان و میوه برای خوراک افرادت می‌باشد تا آنها را بخورند و شراب هم برای کسانی که در بیابان خسته می‌شوند.»
3 Na ɔhene no bisaa no se, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buae se, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkae se, ‘Nnɛ, mɛsan agye me nena Saulo ahemman no.’”
پادشاه از او پرسید: «پس مِفیبوشِت کجاست؟» صیبا پاسخ داد: «در اورشلیم ماند، چون فکر می‌کند اسرائیلی‌ها امروز تاج و تخت پدر بزرگش شائول را به او بازمی‌گردانند.»
4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba se, “Sɛ saa na ɛte de a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no rema wo.” Siba buae se, “Meda wo ase awura. Bere biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
پادشاه به صیبا گفت: «در این صورت، هر چه مال او بود از این پس مال تو باشد.» صیبا گفت: «من غلام شما هستم؛ لطفتان از سر من کم نشود.»
5 Bere a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfo retwa mu wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue fii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima.
وقتی داوود و همراهانش به بحوریم رسیدند، با مردی روبرو شدند که از شهر خارج می‌شد. او با دیدن داوود شروع کرد به ناسزا گفتن. این مرد شمعی پسر جیرا، از طایفهٔ شائول بود.
6 Ɔpaa Dawid ne ne mpanyimfo ne asraafo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa abo.
با اینکه داوود توسط محافظان و افرادش از دو طرف محافظت می‌شد، ولی شمعی به سوی او و درباریانش سنگ می‌انداخت،
7 Ɔteɛɛ mu guu Dawid so se, “Fi ha kɔ! Mogyapɛfo a ɔte sɛ wo! Ohuhuni!
و فریاد می‌زد: «از اینجا دور شو ای قاتل! ای جنایتکار!
8 Awurade atua wo ka sɛ wuhwiee Saulo ne ne fifo mogya gui. Wuwiaa nʼahengua, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa wʼaduru, mogyapɛfo.”
خداوند انتقام خون خاندان شائول را از تو می‌گیرد. تو تاج و تخت او را دزدیدی و حال، خداوند آن را به پسرت ابشالوم داده است! ای آدمکش بالاخره به سزایت رسیدی!»
9 Na Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura ɔhene? Ma menkɔ na minkotwa ne ti.”
ابیشای پسر صرویه گفت: «ای پادشاه، چرا اجازه می‌دهید این سگ مرده به شما دشنام بدهد؟ اجازه بفرمایید بروم سرش را از تنش جدا کنم!»
10 Nanso ɔhene no kae se, “Dɛn na me ne mo Seruia mmabarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no se, ɔnnome me a, me ne hena a metumi aka akyerɛ no se onnyae?”
پادشاه خطاب به ابیشای و برادرش یوآب گفت: «شما چه کار دارید؟ اگر خداوند به او گفته است که به من دشنام دهد، من کی هستم که مانع کار او شوم؟
11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanyimfo se, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ okum me. Na dɛn na esiw Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Munnyaa no, momma ɔnnome, efisɛ Awurade na waka akyerɛ no se ɔnyɛ saa.
پسر خودم به خونم تشنه است، این که یک بنیامینی است و فقط به من ناسزا می‌گوید. بگذارید دشنام دهد، بدون شک دست خداوند در این کار است.
12 Ebia Awurade behu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no nnɛ yi no so ka.”
شاید خداوند ظلمی را که به من می‌شود ببیند و به جای این ناسزاها، مرا برکت بدهد.»
13 Enti Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn kwan a saa bere no, na Simei nso nam bepɔw bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, totow abo bɔ Dawid, tu mfutuma gu wim.
پس داوود و افرادش راه خود را پیش گرفتند و شمعی همچنان به دنبال آنها از کنار کوه می‌رفت و دشنام می‌داد، سنگ پرت می‌کرد و خاک به هوا می‌پاشید.
14 Ɔhene ne ne nkurɔfo nyinaa brɛɛ wɔ ɔkwan so nti, woduu Asubɔnten Yordan ho no, wogyee wɔn ahome.
پادشاه و همراهانش خسته به مقصد خود رسیدند و استراحت کردند.
15 Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho.
در این هنگام، ابشالوم و افرادش وارد اورشلیم شدند. اخیتوفل هم با آنها بود.
16 Na Husai a ofi Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”
حوشای ارکی دوست داوود وقتی ابشالوم را دید به سوی او رفت و گفت: «زنده باد پادشاه! زنده باد پادشاه!»
17 Na Absalom bisaa Husai se, “Eyi ne ɔkwan a wode wʼadamfo Dawid fa so? Adɛn nti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
ابشالوم از او پرسید: «با دوست خود داوود اینطور رفتار می‌کنی؟ چرا همراه او نرفتی؟»
18 Husai ka kyerɛɛ Absalom se, “Mewɔ ha efisɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no.
حوشای جواب داد: «من به کسی خدمت می‌کنم که از طرف خداوند و قوم اسرائیل انتخاب شده باشد.
19 Nea ɛka ho bio ne sɛ, hena na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛnea mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
حال، چه کسی بهتر از پسر اربابم؟ من پیش از این به پدرت خدمت می‌کردم، ولی از این پس در خدمت تو خواهم بود!»
20 Absalom dan ne ho bisaa Ahitofel se, “Dɛn bio na menyɛ?”
ابشالوم رو به اخیتوفل کرده، پرسید: «حال که به اینجا رسیدیم چه باید کرد؟»
21 Ahitofel buaa no se, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenanom no nna, efisɛ wagyaw wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfi hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahu sɛ, woabu no animtiaa a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.”
اخیتوفل به او گفت: «برو و با کنیزان پدرت همبستر شو. داوود آنها را در اینجا گذاشته تا از کاخ او نگهداری کنند. با این کار، تمام اسرائیلی‌ها متوجه می‌شوند که تو و داوود واقعاً دشمن یکدیگر شده‌اید، آنگاه پیروانت با دلگرمی از تو پشتیبانی خواهند کرد.»
22 Enti wosii ntamadan wɔ ahemfi no atifi baabi a obiara behu, na Absalom kɔɔ ntamadan no mu, na ɔne nʼagya mpenanom no dae.
پس روی پشت بام کاخ سلطنتی، جایی که در معرض دید همه بود، چادری زدند و ابشالوم به داخل چادر رفت تا با کنیزان پدرش همبستر شود.
23 Absalom tiee Ahitofel afotu sɛnea Dawid yɛe no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a efi Ahitofel anom bae no mu nyansa no yɛɛ sɛnea efi Onyankopɔn anom.
در آن روزها، هر نصیحتی که اخیتوفل می‌داد، ابشالوم آن را مانند کلام خدا می‌پذیرفت. داوود هم قبلاً به همین شکل نصیحت‌های اخیتوفل را می‌پذیرفت.

< 2 Samuel 16 >