< 2 Samuel 14 >
1 Na Yoab huu sɛ ɔhene pɛ sɛ ohu Absalom.
ゼルヤの子ヨアブ王の心のアブサロムに趣くを知れり
2 Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree.
ヨアブ乃ちテコアに人を遣りて彼處より一人の哲婦を呼きたらしめて其婦にいひけるは請ふ汝喪にある眞似して喪の服を着油む身にぬらず死者のために久しく哀しめる婦のごとく爲りて
3 Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbea no kɔka no kyerɛɛ no.
王の所にいたり是のごとくかれに語るべしとヨアブ其語言をかれの口に授けたり
4 Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, “Ao Nana! Boa me!”
テコアの婦王にいたり地に伏て拝し王にいひけるは王よ助けたまへ
5 Ɔhene no bisaa no se, “Ɛyɛ asɛm bɛn?” Obuaa no se, “Meyɛ okunafo.
王婦にひけるは何事なるや婦いひけるは我は實に嫠婦にしてわが夫は死り
6 Me mma baanu twaa wɔn ho koe, a na obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn. Ɔbaako bɔɔ ɔbaako kum no.
仕女に二人の子あり倶に野に爭ひしが誰もかれらを排解ものなきにより此遂に彼を撃て殺せり
7 Nanso abusua no nkae no kae se, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera wɔ asase so ha.”
是において視よ全家仕女に逼りていふ其兄弟を撃殺したる者を付せ我らかれをその殺したる兄弟の生命のために殺さんと斯く嗣子をも滅ぼし存れるわが炭火を熄てわが夫の名をも遺存をも地の面に無らしめんとす
8 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ fie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
王婦にいひけるは汝の家に往け我汝の事につきて命令を下さん
9 Ɔkae se, “Me wura, meda wo ase. Mmoa a wode ama me yi nti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho sobo no.”
テコアの婦王にいひけるは王わが主よねがはくは其罪は我とわが父の家に歸して王と王の位には罪あらざれ
10 Ɔhene no kae se, “Mma eyi nhaw wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na metumi ama wo awerehyɛmu sɛ, obiara renwiinwii wɔ ho bio.”
王いひけるは誰にても爾に語る者をば我に將來れしかせば彼かさねて爾に觸ること无るべし
11 Afei, ɔbea no kae se, “Fa Awurade, wo Nyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Menhwehwɛ mogyahwiegu bio.” Ɔhene no nso kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ba no tinwi a ɛwɔ ne ti so mu baako mpo ho renka.”
婦いひけるは願くは王爾の神ヱホバを憶えてかの仇を報ゆる者をして重て滅すことを爲しめず我子を斷ことなからしめたまへと王いひけるはヱホバは生く爾の子の髮毛一すぢも地に隕ることなかるべし
12 Afei, ɔbea no kae se, “Ma wo somfo nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.” Obuae se, “Kɔ so kasa.”
婦いひけるは請ふ仕女をして一言わが主王に言しめたまヘダビデいひけるは言ふべし
13 Ɔbea no bisae se, “Adɛn nti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinae yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asu no ba fie.
婦いひけるは爾なんぞ斯る事を神の民にむかひて思ひたるや王此言を言ふにより王は罪ある者のごとし其は王その放れたる者を歸らしめざればなり
14 Nea ɛte biara no, obiara bewu. Na sɛnea nsu hwie gu fam a wosesaw a ɛnyɛ yiye no, saa ara na nkwa te. Ɛno nti na Onyankopɔn san de yɛn ba ne nkyɛn bere a yɛatew yɛn ho afi ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
抑我儕は死ざるべからず我儕は地に潟れたる水の再び聚る能はざるがごとし神は生命を取りたまはず方法を設けて其放れたる者をして己の所より放たれをることなからしむ
15 “Na maba sɛ merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, ‘Ebia, ɔhene betie me,
我此事を王我主に言んとて來れるは民我を恐れしめたればなり故に仕女謂らく王に言ん王婢の言を行ひたまふならんと
16 na wagye yɛn afi wɔn a wobetwa yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo ho no nsam.’
其は王聞て我とわが子を共に滅して神の產業に離れしめんとする人の手より婢を救ひいだしたまふべければなり
17 “Yiw, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoe bio. ‘Minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo a wubetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Awurade, wo Nyankopɔn, nka wo ho.’”
仕女また思り王わが主の言は慰となるべしと其は神の使のごとく王わが主は善も惡も聽たまへばなりねがはくは爾の神ヱホバ爾と共に在せと
18 Ɔhene no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Mepɛ sɛ mihu ade baako; mfa nhintaw me.” Ɔbea no kae se, “Ɛyɛ dɛn asɛm, me wura?”
王こたへて婦にいひけるは請ふわが爾に問んところの事を我に隱すなかれ婦いふ請ふ王わが主言たまへ
19 “Yoab na ɔsomaa wo ha ana?” Ɔbea no buae se, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka.
王いひけるは比すべての事においてはヨアブの手爾とともにあるや婦答へていひけるは爾の霊魂は活く王わが主よ凡て王わが主の言たまひしところは右にも左にもまがらず皆に爾の僕ヨアブ我に命じ是等の言を悉く仕女の口に授けたり
20 Ɔyɛɛ saa, sɛnea mɛfa ɔkwan foforo so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wunim nyansa te sɛ Onyankopɔn bɔfo, na biribiara a esi yɛn ntam ha no nso, wote ase.”
其事の見ゆるとこるを變んとて爾の僕ヨアブ此事をなしたるなり然どわが主は神の使の智慧のごとく智慧ありて地にある事を悉く知たまふと
21 Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab bae, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye, kɔ na kɔfa aberante Absalom bra.”
是において王ヨアブにいひけるは視よ我此事を爲すされば往て少年アブサロムを携歸るべし
22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no se, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisade ama me.”
ヨアブ地に伏し拝し王を祝せりしかしてヨアブいひけるは王わが主よ王僕の言を行ひたまへば今日僕わが爾に惠るるを知ると
23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.
ヨアブ乃ち起てゲシユルに往きアブサロムをエルサレムに携きたれり
24 Nanso ɔhene hyɛe se, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fi, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti Absalom anhu ɔhene no.
王いひけるは彼は其家に退くべしわが面を見るべからずと故にアブサロム己の家に退きて王の面を觀ざりき
25 Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Efi ne ti so kosi ne nan ase, na wuhu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa.
偖イスラエルの中にアブサロムのごとく其美貌のために讃られたる人はなかりき其足の跖より頭の頂にいたるまで彼には瑕疵あることなし
26 Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa.
アブサロム其頭を剪る時其頭の髮を衡るに王の權衡の二百シケルあり毎年の終にアブサロム其頭を剪り是は己の重によりて剪たるなり
27 Na ɔwɔ mmabarima baasa ne ɔbabea baako. Na ne babea no din de Tamar. Na Tamar nso wɔ ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
アブサロムに三人の男子と一人のタマルといふ女子生れたりタマルは美女なり
28 Absalom tenaa Yerusalem mfe abien a wanhu ɔhene no da.
アブサロム二年のあひだエルサレムにをりたれども王の顔を見ざりき
29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ.
是によりてアブサロム王に遣さんとてヨアブを呼に遣はしけるが彼來ることを肯ぜず再び遣せしかども來ることを肯ぜざりき
30 Ɛno nti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokofuw a ɛbɛn me de no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuw no mu, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
アブサロム其僕にいひけるは視よヨアブの田地は我の近くにありて其處に大麥あり往て其に火を放てとアブサロムの僕等田地に火を放てり
31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasomfo akɔto mʼafuw mu gya?”
ヨアブ起てアブサロムの家に來りてこれにいひけるは何故に爾の僕等田地に火を放たるや
32 Na Absalom buaa no se, “Efisɛ na mepɛ sɛ wukobisa ɔhene ma me sɛ, adɛn nti na ɔmaa me san fii Gesur bae, nanso ɔmpɛ sɛ ohu mʼanim koraa? Ɛno de, sɛ anka metenaa me dedaw mu hɔ ara a, anka eye. Ma minhu ɔhene no, na sɛ midi fɔ wɔ biribi ho a, otumi kum me.”
アブサロム、ヨアブにいひけるは我人を爾に遣はして此に來れ我爾を王につかはさんと言り即ち爾をして王に我何のためにゲシユルよりきたりしや彼處に尚あらば我ためには反て善しと言しめんとせり然ば我今王の面を見ん若し我に罪あらば王我を殺すべし
33 Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.
ヨアブ王にいたりてこれに告たれば王アブサロムを召す彼王にいたりて王のまへに地に伏て拝せり王アブサロムに接吻す