< 2 Samuel 12 >

1 Awurade somaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Oduu hɔ no ɔkae se, “Na mmarima baanu bi te kurow bi so. Na mmarima no mu baako yɛ ɔdefo, na nea ɔka ho no nso yɛ ohiani.
Then the LORD sent Nathan to David, and when he arrived, he said, “There were two men in a certain city, one rich and the other poor.
2 Na ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree,
The rich man had a great number of sheep and cattle,
3 ohiani no de, na onni hwee ka oguan bere ketewa bi a ɔtɔɔ no no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyin bɔɔ mu. Na ɔne aboa no di nʼaduan, nom fi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ne babea.
but the poor man had nothing except one small ewe lamb that he had bought. He raised it, and it grew up with him and his children. It shared his food and drank from his cup; it slept in his arms and was like a daughter to him.
4 “Da koro bi, ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wankum ne nguan anaa ne nantwi annoa aduan amfa ansom no hɔho. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no guanbere no, de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a wabɛsoɛ no no.”
Now a traveler came to the rich man, who refrained from taking one of his own sheep or cattle to prepare for the traveler who had come to him. Instead, he took the poor man’s lamb and prepared it for his guest.”
5 Dawid tee asɛm no, ne bo fuw saa ɔbarima no yiye, na ɔka kyerɛɛ Natan se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wu.
David burned with anger against the man and said to Nathan: “As surely as the LORD lives, the man who did this deserves to die!
6 Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.”
Because he has done this thing and has shown no pity, he must pay for the lamb four times over.”
7 Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid se, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Nyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo fii Saulo tumi ase.
Then Nathan said to David, “You are that man! This is what the LORD, the God of Israel, says: ‘I anointed you king over Israel, and I delivered you from the hand of Saul.
8 Mede ne fi ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛno nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho.
I gave your master’s house to you and your master’s wives into your arms. I gave you the house of Israel and Judah, and if that was not enough, I would have given you even more.
9 Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.
Why then have you despised the command of the LORD by doing evil in His sight? You put Uriah the Hittite to the sword and took his wife as your own, for you have slain him with the sword of the Ammonites.
10 Efi nnɛ rekɔ, afoa na ɛbɛyɛ ahunahunade ama wo fifo, efisɛ woabu me animtiaa, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’
Now, therefore, the sword will never depart from your house, because you have despised Me and have taken the wife of Uriah the Hittite to be your own.’
11 “Esiane nea woayɛ yi nti, me Awurade, mɛma wʼankasa fi mufo asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforo, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahu.
This is what the LORD says: ‘I will raise up adversity against you from your own house. Before your very eyes I will take your wives and give them to another, and he will lie with them in broad daylight.
12 Woyɛɛ eyi wɔ kokoa mu, nanso mɛma nea ɛreba wo so no ada gua, ama Israel nyinaa ahu.”
You have acted in secret, but I will do this thing in broad daylight before all Israel.’”
13 Na Dawid ka kyerɛɛ Natan se, “Mayɛ bɔne atia Awurade.” Natan buae se, “Awurade ayi wo bɔne no afi wo so. Worenwu.
Then David said to Nathan, “I have sinned against the LORD.” “The LORD has taken away your sin,” Nathan replied. “You will not die.
14 Nanso sɛ woama Awurade atamfo kwan sɛ wommu no animtiaa, ngu ne din ho fi nti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bewu.”
Nevertheless, because by this deed you have shown utter contempt for the word of the LORD, the son born to you will surely die.”
15 Natan kɔɔ ne fi ara pɛ, Awurade maa abofra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree denneennen.
After Nathan had gone home, the LORD struck the child that Uriah’s wife had borne to David, and he became ill.
16 Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abofra no ntena ase. Ɔkyen ho kɔm, na ɔkɔɔ fi, na anadwo mu no nyinaa, furaa atweaatam, daa fam tim.
David pleaded with God for the boy. He fasted and went into his house and spent the night lying in sackcloth on the ground.
17 Mpanyimfo a wɔwɔ ne fi srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene.
The elders of his household stood beside him to help him up from the ground, but he was unwilling and would not eat anything with them.
18 Ne nnanson so, abofra no wui. Na Dawid afotufo no suro sɛ wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ abofra no awu, efisɛ na wɔn adwene ne se, “Bere a na abofra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no se abofra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
On the seventh day the child died. But David’s servants were afraid to tell him that the child was dead, for they said, “Look, while the child was alive, we spoke to him, and he would not listen to us. So how can we tell him the child is dead? He may even harm himself.”
19 Na Dawid huu sɛ nʼafotufo no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abofra no awu. Obisae se, “Abofra no awu ana?” Wobuae se, “Yiw, wawu.”
When David saw that his servants were whispering to one another, he perceived that the child was dead. So he asked his servants, “Is the child dead?” “He is dead,” they replied.
20 Na Dawid sɔre fii fam hɔ. Afei, oguare wiee a ɔpetee ne ho aduhuam, na ɔsesaa ne ntade no, ɔkɔɔ Awurade fi kɔsɔree. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa fi, na ɔno ankasa ka ma wɔbrɛɛ no aduan, na odidii.
Then David got up from the ground, washed and anointed himself, changed his clothes, and went into the house of the LORD and worshiped. Then he went to his own house, and at his request they set food before him, and he ate.
21 Nʼafotufo no bisaa no se, “Nea woreyɛ yi, ase ne dɛn? Bere a abofra no te ase no, wudii mmuada, twaa agyaadwo. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidi!”
“What is this you have done?” his servants asked. “While the child was alive, you fasted and wept, but when he died, you got up and ate.”
22 Obuae se, “Bere a na abofra no da so te ase no de, midii abuada, twaa agyaadwo. Medwenee sɛ, ‘Hena na onim? Ebia, Awurade behu me mmɔbɔ ama abofra no atena.’
David answered, “While the child was alive, I fasted and wept, for I said, ‘Who knows? The LORD may be gracious to me and let him live.’
23 Na afei a wawu yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi abuada? Metumi asan de no aba nkwa mu bio ana? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn ha da.”
But now that he is dead, why should I fast? Can I bring him back again? I will go to him, but he will not return to me.”
24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no dae. Onyinsɛnee, woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Salomo. Awurade pɛɛ abofra no asɛm,
Then David comforted his wife Bathsheba, and he went to her and lay with her. So she gave birth to a son, and they named him Solomon. Now the LORD loved the child
25 na ɔde asɛm faa odiyifo Natan so se, ɛsɛ sɛ abofra no din yɛ Yedidia, efisɛ na Awurade dɔ no.
and sent word through Nathan the prophet to name him Jedidiah because the LORD loved him.
26 Saa bere no, na Yoab ne Israel asraafo no ako afa Amon ahenkurow Raba no nnommum.
Meanwhile, Joab fought against Rabbah of the Ammonites and captured the royal fortress.
27 Yoab somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Mako atia Raba, afa nea wonya wɔn nsu fi.
Then Joab sent messengers to David to say, “I have fought against Rabbah and have captured the water supply of the city.
28 Afei, fa asraafo a wɔaka no bra na wonwie adwuma no, sɛnea ɛbɛyɛ a, wubenya nkonimdi anuonyam no sen sɛ ɛbɛyɛ me de.”
Now, therefore, assemble the rest of the troops, lay siege to the city, and capture it. Otherwise I will capture the city, and it will be named after me.”
29 Enti Dawid dii nʼakofo a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ.
So David assembled all the troops and went to Rabbah; and he fought against it and captured it.
30 Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛw, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛw no a aboɔdenmmo bobɔ mu a, na ɛkari nsania ani kilogram aduasa anan. Dawid fow asade bebree wɔ kuropɔn no mu.
Then he took the crown from the head of their king. It weighed a talent of gold and was set with precious stones, and it was placed on David’s head. And David took a great amount of plunder from the city.
31 Ɔsan faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɔwan, pinkase ne mmonnua yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkurow nyinaa so dii no. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.
David brought out the people who were there and put them to work with saws, iron picks, and axes, and he made them work at the brick kilns. He did the same to all the Ammonite cities. Then David and all his troops returned to Jerusalem.

< 2 Samuel 12 >