< 2 Samuel 11 >
1 Asusowbere a edi so no mu, bere a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel asraafo nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfo. Wokotuaa kuropɔn Raba ano, na Dawid de, ɔkaa Yerusalem.
Now it happened that, at the turn of the year, in the time when kings usually go forth to war, David sent Joab, and his servants with him, and all of Israel, and they laid waste to the sons of Ammon, and they besieged Rabbah. But David remained in Jerusalem.
2 Da bi anwummere a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre fii ne mpa so nantew faa nʼahemfi no atifi. Ogyina hɔ no, ohuu ɔbea bi sɛ ɔreguare. Na ɔbea no ho yɛ fɛ yiye;
While these things were taking place, David happened to arise from his bed after midday, and he walked upon the terrace of the king’s house. And he saw, across from his terrace, a woman washing herself. And the woman was very beautiful.
3 na Dawid somaa obi sɛ onkobisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkae se, “Ɛyɛ Eliam babea Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.”
Therefore, the king sent and inquired who the woman might be. And it was reported to him that she was Bathsheba, the daughter of Eliam, the wife of Uriah, the Hittite.
4 Na Dawid tuu abɔfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no dae. (Odwiraa ne ho fii ne nsabu mu no, na ɛnkyɛe.) Afei, ɔsan kɔɔ fie.
And so, David sent messengers, and he took her. And when she had entered to him, he slept with her. And presently, she was purified from her uncleanness.
5 Bere a Batseba huu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.
And she returned to her house, having conceived an unborn child. And sending, she informed David, and she said, “I have conceived.”
6 Enti Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa Hetini Uria brɛ me.”
Then David sent to Joab, saying, “Send me Uriah, the Hittite.” And Joab sent Uriah to David.
7 Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa gyinabea a Yoab ne asraafo no wɔ mu ne sɛnea ɔko no rekɔ so.
And Uriah went to David. And David inquired whether Joab was doing well, and about the people, and how the war was being conducted.
8 Na ɔka kyerɛɛ Uria se, “Kɔ fie na kɔhome.” Na mpo, Uria fii ahemfi hɔ no, Dawid soma ma wɔde akyɛde bi kɔmaa no.
And David said to Uriah, “Go into your house, and wash your feet.” And Uriah departed from the house of the king. And a meal from the king followed after him.
9 Nanso Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfo no bi tenaa ahemfi pon no ano.
But Uriah slept before the gate of the king’s house, with the other servants of his lord, and he did not go down to his own house.
10 Bere a Dawid tee nea Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no se, “Dɛn na ɛhaw wo? Wufii fie akyɛ na adɛn na woankɔ hɔ nnɛra anadwo?”
And it was reported to David by some, saying, “Uriah did not go into his house.” And David said to Uriah: “Did you not arrive from a journey? Why did you not go down to your house?”
11 Uria buae se, “Apam Adaka no ne Israel asraafo ne Yuda tete ntamadan mu, na Yoab nso ne ne mpanyimfo abɔ atenae wɔ wuram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ fie akɔnom nsa, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam se merenyɛ eyi na madi ho fɔ.”
And Uriah said to David: “The ark of God, and Israel and Judah, dwell in tents, and my lord Joab, and the servants of my lord, stay upon the face of the earth. And should I then go into my own house, so that I may eat and drink, and sleep with my wife? By your welfare and by the welfare of your soul, I will not do this thing.”
12 Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Eye, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ asraafo no mu.” Enti Uria tenaa Yerusalem da no ne nʼadekyee.
Therefore, David said to Uriah, “Even so, remain here today, and tomorrow I will send you away.” So Uriah remained in Jerusalem, on that day and the next.
13 Na Dawid frɛɛ no adidi ne ɔnom aponto, na ɔmaa no nsa ma ɔbowee. Na ɛno mpo, Uria ankɔ fie ankohu ne yere. Ɔdaa ahemfi no kwan ano bio.
And David called him, so that he might eat and drink before him, and he made him inebriated. And departing in the evening, he slept on his bedding, with the servants of his lord, and he did not go down to his own house.
14 Ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab.
Therefore, when morning arrived, David wrote a letter to Joab. And he sent it by the hand of Uriah,
15 Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab se, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo de, san wʼakyi, sɛnea ɛbɛyɛ a, wobekum no.”
writing in the letter: “Place Uriah opposite the warfare, where the battle is the strongest, and then abandon him, so that, having been wounded, he may die.”
16 Enti Yoab maa Uria kogyinaa baabi a ɛbɛn kurow no fasu, a ɛhɔ na onim sɛ atamfo no mmarima a wɔyɛ den no reko.
And so, when Joab was besieging the city, he positioned Uriah in the place where he knew the strongest men to be.
17 Ɛhɔ na wokum Hetini Uria ne Israel asraafo no bebree.
And the men, departing from the city, made war against Joab. And some of the people among the servants of David fell, and Uriah the Hittite also died.
18 Na Yoab de ɔsa mu amanneɛ kɔbɔɔ Dawid.
And so, Joab sent and reported to David every word about the battle.
19 Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfo no se, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene.
And he instructed the messenger, saying: “When you have completed all the words about the war to the king,
20 Nanso ebia ne bo befuw, ama wabisa se, ‘Adɛn nti na asraafo no kɔbɛn kurow no pɛɛ saa? Na wonnim sɛ wɔbɛtow agyan afi afasu no mu?
if you see him to be angry, and if he says: ‘Why did you draw near to the wall in order to fight? Are you ignorant that many darts are thrown from above the wall?
21 Ɔbeabasia antow awiyammo ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no se, wɔakum Hetini Uria nso.”
Who struck down Abimelech, the son of Jerubbaal? Did not a woman throw a fragment of a millstone upon him from the wall, and so kill him at Thebez? Why did you approach beside the wall?’ then you shall say: ‘Your servant Uriah, the Hittite, also lies dead.’”
22 Enti abɔfo no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amanneɛ kyerɛɛ Dawid sɛnea Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka no.
Therefore, the messenger departed. And he went and described to David all that Joab had instructed him.
23 Abɔfo no ka kyerɛɛ Dawid se, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wotiaa yɛn petee mu de, nanso yepiaa wɔn kɔɔ kurow no pon ano.
And the messenger said to David: “The men prevailed against us, and they went out to us in the field. Then we pursued them, making an assault, even to the gate of the city.
24 Ɛhɔ na agyantowfo tow wʼasomfo fii ɔfasu ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwui. Na wo somfo Hetini Uria nso awu.”
And the archers directed their arrows at your servants from the wall above. And some of the king’s servants died, and then also your servant Uriah the Hittite died.”
25 Dawid ka kyerɛɛ abɔfo no se, “Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu de obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na munni kuropɔn no so nkonim.”
And David said to the messenger: “You shall say these things to Joab: ‘Do not let this matter dishearten you. For varied are the events of war. Now this one, and now that one, is consumed by the sword. Encourage your warriors against the city and exhort them, so that you may destroy it.’”
26 Bere a Batseba tee sɛ ne kunu awu no, osuu no.
Then the wife of Uriah heard that her husband Uriah had died, and she mourned for him.
27 Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fi. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na nea Dawid yɛe no ansɔ Awurade ani.
But when the lamentation was completed, David sent and brought her into his house, and she became his wife, and she bore a son to him. And this word, which David had done, was displeasing in the sight of the Lord.