< 2 Samuel 10 >

1 Akyiri no, Amonfo hene Nahas wui. Ne babarima Hanun na odii nʼade sɛ ɔhene.
此後,亞捫人的王死了,他兒子哈嫩接續他作王。
2 Dawid kae se, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔe, sɛnea nʼagya yɛɛ me adɔe no.” Nʼagya wu nti, Dawid tuu abɔfo kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Bere a Dawid abɔfo baa Amonfo asase so no,
大衛說:「我要照哈嫩的父親拿轄厚待我的恩典厚待哈嫩。」於是大衛差遣臣僕,為他喪父安慰他。大衛的臣僕到了亞捫人的境內。
3 Amonfo atitiriw no kobisaa wɔn wura Hanun se, “Wugye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfo baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ nidi ampa ara ana? Wunnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabetu agu?”
但亞捫人的首領對他們的主哈嫩說:「大衛差人來安慰你,你想他是尊敬你父親嗎?他差臣僕來不是詳察窺探、要傾覆這城嗎?」
4 Ɛno nti, Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii obiara abogyesɛ fa, twitwaa wɔn ntade to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wogyaa wɔn kwan, ma wɔde animguase kɔe.
哈嫩便將大衛臣僕的鬍鬚剃去一半,又割斷他們下半截的衣服,使他們露出下體,打發他們回去。
5 Bere a wɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, otuu abɔfo ma wokohyiaa mmarima no, efisɛ woguu wɔn anim ase yiye. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Montena Yeriko kosi sɛ mo abogyesɛ befuw ansa na moasan aba.”
有人告訴大衛,他就差人去迎接他們,(因為他們甚覺羞恥),告訴他們說:「可以住在耶利哥,等到鬍鬚長起再回來。」
6 Bere a Amonfo huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw no, wɔkɔbɔɔ Aramfo asraafo mpem aduonu paa fii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem fii ne nkyɛn, na Tob nso wonyaa mmarima mpem dumien.
亞捫人知道大衛憎惡他們,就打發人去,招募伯‧利合的亞蘭人和瑣巴的亞蘭人,步兵二萬,與瑪迦王的人一千、陀伯人一萬二千。
7 Dawid tee saa no, ɔkaa Yoab ne akofo asraafo guu mu.
大衛聽見了,就差派約押統帶勇猛的全軍出去。
8 Amonfo no gyinaa wɔn kurow pon ano. Saa bere no na Aramfo a wofi Soba ne Rehob ne mmarima a wofi Tob ne Maaka no wɔ mfikyiri baabiara retwɛn ɔtamfo no.
亞捫人出來,在城門前擺陣;瑣巴與利合的亞蘭人、陀伯人,並瑪迦人,另在郊野擺陣。
9 Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ.
約押看見敵人在他前後擺陣,就從以色列軍中挑選精兵,使他們對着亞蘭人擺陣。
10 Ogyaw asraafo no nkae hɔ, de wɔn hyɛɛ ne nuabarima Abisai nsa sɛ ɔsafohene a ɔbɛkɔ akotua Amonfo no.
其餘的兵交與他兄弟亞比篩,對着亞捫人擺陣。
11 Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfo no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo.
約押對亞比篩說:「亞蘭人若強過我,你就來幫助我;亞捫人若強過你,我就去幫助你。
12 Ma wo bo nyɛ duru. Ma yɛnko akokoduru so mfa nnye yɛn nkurɔfo ne Onyankopɔn nkurow. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
我們都當剛強,為本國的民和上帝的城邑作大丈夫。願耶和華憑他的意旨而行!」
13 Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee.
於是,約押和跟隨他的人前進攻打亞蘭人;亞蘭人在約押面前逃跑。
14 Na Amonfo no huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fii Abisai ho kɔhyɛɛ kurow no mu. Ɔko no gui no, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
亞捫人見亞蘭人逃跑,他們也在亞比篩面前逃跑進城。約押就離開亞捫人那裏,回耶路撒冷去了。
15 Afei, Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo. Enti wɔboaa wɔn ho ano bio.
亞蘭人見自己被以色列人打敗,就又聚集。
16 Aram asraafo foforo bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn fii Asubɔnten Eufrate fa nohɔ bae. Saa asraafo no beduu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a otua Hadadeser asraafo nyinaa ano nso.
哈大底謝差遣人,將大河那邊的亞蘭人調來;他們到了希蘭,哈大底謝的將軍朔法率領他們。
17 Bere a Dawid tee nea ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii asraafo no anim, koduu Helam. Ɛhɔ na Aramfo no fifii wɔn mpasua so tow hyɛɛ Dawid so.
有人告訴大衛,他就聚集以色列眾人,過約旦河,來到希蘭。亞蘭人迎着大衛擺陣,與他打仗。
18 Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.
亞蘭人在以色列人面前逃跑;大衛殺了亞蘭七百輛戰車的人,四萬馬兵,又殺了亞蘭的將軍朔法。
19 Bere a ahemfo a wɔhyɛ Hadadeser ase no huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfo nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo suroo sɛ wɔbɛboa Amonfo.
屬哈大底謝的諸王見自己被以色列人打敗,就與以色列人和好,歸服他們。於是亞蘭人不敢再幫助亞捫人了。

< 2 Samuel 10 >