< 2 Petro 1 >
1 Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn, Ɔde rekɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no:
Simon Peter, Jesu Kristi Tjener og Apostel, til dem, der have faaet samme dyrebare Tro som vi ved vor Guds og Frelsers Jesu Kristi Retfærdighed:
2 Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.
Naade og Fred vorde eder mangfoldig til Del i Erkendelse af Gud og vor Herre Jesus.
3 Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ nea ofi nʼanuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi.
Saasom hans guddommelige Magt har skænket os alt, hvad der hører til Liv og Gudfrygtighed ved Erkendelsen af ham, som kaldte os ved sin Herlighed og Kraft,
4 Ɔnam nʼanuonyam ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yiye. Ɛno nti, mobɛyɛ ne nyameyɛ no adedifo na moafi nea wiase yi porɔwee a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.
hvorved han har skænket os de største og dyrebare Forjættelser, for at I ved disse skulle faa Del i guddommelig Natur, naar I undfly Fordærvelsen i Verden, som har sin Grund i Begær,
5 Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho;
saa anvender just derfor al Flid paa i eders Tro at udvise Dyd og i Dyden Kundskab
6 na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho;
og i Kundskaben Afholdenhed og i Afholdenheden Udholdenhed og i Udholdenheden Gudsfrygt
7 na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho.
og i Gudsfrygten Broderkærlighed og i Broderkærligheden Kærlighed.
8 Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.
Thi naar dette findes hos eder og er i Tiltagen, lader det eder ikke staa ørkesløse eller ufrugtbare i Erkendelsen af vor Herre Jesus Kristus;
9 Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade. Ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne ho afi ne bɔne dedaw no mu.
den nemlig, som ikke har dette, er blind, svagsynet, idet han har glemt Renselsen fra sine fordums Synder.
10 Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso.
Derfor, Brødre! gører eder des mere Flid for at befæste eders Kaldelse og Udvælgelse; thi naar I gøre dette, skulle I ingen Sinde støde an.
11 Sɛ mofa saa ɔkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahenni a ɛto ntwa da no mu. (aiōnios )
Thi saa skal der rigelig gives eder Indgang i vor Herres og Frelsers Jesu Kristi evige Rige. (aiōnios )
12 Ne saa nti daa mekaakae mo saa asɛm yi a munim na ase atim wɔ nokware a moagye adi no mu no.
Derfor vil jeg ikke forsømme altid at paaminde eder om dette, ihvorvel I vide det og ere befæstede i den Sandhed, som er til Stede hos os.
13 Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho.
Men jeg anser det for ret at vække eder ved Paamindelse, saa længe jeg er i dette Telt,
14 Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no.
da jeg ved, at Aflæggelsen af mit Telt kommer brat, saaledes som jo vor Herre Jesus Kristus har givet mig til Kende.
15 Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama moakae saa nsɛm yi bere biara wɔ me wu akyi.
Og jeg vil ogsaa gøre mig Flid for, at I til enhver Tid efter min Bortgang kunne drage eder dette i Minde.
16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse.
Thi vi have ikke fulgt kløgtigt opdigtede Fabler, da vi kundgjorde eder vor Herres Jesu Kristi Kraft og Tilkommelse, men vi have været Øjenvidner til hans Majestæt,
17 Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a nne bi fii Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.
nemlig da han fik Ære og Herlighed af Gud Fader, idet en saadan Røst lød til ham fra den majestætiske Herlighed: „Denne er min Søn, den elskede, i hvem jeg har Velbehag.”
18 Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi ɔsoro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no.
Og vi hørte denne Røst lyde fra Himmelen, da vi vare med ham paa det hellige Bjerg.
19 Ɛno nti ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkyɛ ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no.
Og des mere stadfæstet have vi det profetiske Ord, hvilket I gøre vel i at agte paa som paa et Lys, der skinner paa et mørkt Sted, indtil Dagen bryder frem, og Morgenstjernen oprinder i eders Hjerter,
20 Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmhyɛ ase.
idet I fornemmelig mærke eder dette, at ingen Profeti i Skriften beror paa egen Tydning.
21 Na nkɔmhyɛ biara mfi onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a efi Onyankopɔn.
Thi aldrig er nogen Profeti bleven fremført ved et Menneskes Villie; men drevne af den Helligaand talte hellige Guds Mænd.