< 2 Petro 3 >

1 Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene.
ܗܕܐ ܡܢ ܟܕܘ ܚܒܝܒܝ ܐܓܪܬܐ ܕܬܪܬܝܢ ܟܬܒ ܐܢܐ ܠܟܘܢ ܗܠܝܢ ܕܒܗܝܢ ܡܥܝܪ ܐܢܐ ܒܥܘܗܕܢܐ ܠܪܥܝܢܟܘܢ ܫܦܝܐ
2 Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifo akronkron no kaa no mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no.
ܕܬܬܥܗܕܘܢ ܠܡܠܐ ܕܩܕܡ ܐܬܐܡܪ ܡܢ ܢܒܝܐ ܩܕܝܫܐ ܘܠܦܘܩܕܢܗ ܕܡܪܢ ܘܦܪܘܩܢ ܕܒܝܕ ܫܠܝܚܐ
3 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw
ܟܕ ܗܕܐ ܠܘܩܕܡ ܝܕܥܝܢ ܐܢܬܘܢ ܕܢܐܬܘܢ ܒܚܪܬܐ ܕܝܘܡܬܐ ܡܒܙܚܢܐ ܕܡܒܙܚܝܢ ܟܕ ܐܝܟ ܪܓܝܓܬܐ ܕܝܠܗܘܢ ܡܗܠܟܝܢ
4 aka se, “Ɔhyɛɛ mo bɔ se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!”
ܘܐܡܪܝܢ ܕܐܝܟܐ ܐܝܬܘܗܝ ܡܘܠܟܢܐ ܕܡܐܬܝܬܗ ܡܢ ܟܕ ܓܝܪ ܐܒܗܬܢ ܫܟܒܘ ܟܠܡܕܡ ܗܟܢܐ ܡܟܬܪ ܡܢ ܫܘܪܝܗ ܕܒܪܝܬܐ
5 Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ, efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase.
ܛܥܝܐ ܠܗܘܢ ܓܝܪ ܗܕܐ ܟܕ ܨܒܝܢ ܕܫܡܝܐ ܐܝܬܝܗܘܢ ܗܘܘ ܡܢ ܩܕܝܡ ܘܐܪܥܐ ܡܢ ܡܝܐ ܘܒܝܕ ܡܝܐ ܩܡܬ ܒܡܠܬܐ ܕܐܠܗܐ
6 Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no.
ܗܠܝܢ ܕܒܐܝܕܝܗܘܢ ܥܠܡܐ ܕܗܝܕܝܢ ܛܦ ܒܡܝܐ ܘܐܒܕ
7 Nanso Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya wɔ mu de asɛe nnebɔneyɛfo.
ܫܡܝܐ ܕܝܢ ܕܗܫܐ ܘܐܪܥܐ ܒܡܠܬܐ ܕܝܠܗ ܐܤܝܢܝܢ ܟܕ ܠܢܘܪܐ ܡܬܢܛܪܝܢ ܠܝܘܡܐ ܕܕܝܢܐ ܘܕܐܒܕܢܐ ܕܒܢܝܢܫܐ ܪܫܝܥܐ
8 Nanso anuanom, mommma mo werɛ mfi ade baako sɛ Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, abien no nyinaa yɛ pɛ.
ܗܕܐ ܕܝܢ ܚܕܐ ܠܐ ܬܛܥܝܟܘܢ ܚܒܝܒܝ ܕܚܕ ܝܘܡܐ ܠܡܪܝܐ ܐܝܟ ܐܠܦ ܫܢܝܢ ܐܝܬܘܗܝ ܘܐܠܦ ܫܢܝܢ ܐܝܟ ܝܘܡܐ ܚܕ
9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea ebinom susuw no. Mmom ɔwɔ mo ho ntoboase, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra fi ne bɔne ho.
ܠܐ ܡܫܬܘܚܪ ܡܪܝܐ ܒܡܘܠܟܢܘܗܝ ܐܝܟ ܕܐܢܫܝܢ ܫܘܘܚܪܐ ܡܤܒܪܝܢ ܐܠܐ ܡܓܪ ܪܘܚܗ ܡܛܠܬܟܘܢ ܒܕܠܐ ܨܒܐ ܕܐܢܫ ܢܐܒܕ ܐܠܐ ܟܠܢܫ ܠܬܝܒܘܬܐ ܢܐܬܐ
10 Na Awurade da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo. Da no, ɔsoro bɛbobɔ mu na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.
ܐܬܐ ܕܝܢ ܝܘܡܗ ܕܡܪܝܐ ܐܝܟ ܓܢܒܐ ܗܘ ܕܒܗ ܫܡܝܐ ܡܢ ܫܠܝ ܥܒܪܝܢ ܐܤܛܘܟܤܐ ܕܝܢ ܟܕ ܝܩܕܝܢ ܢܫܬܪܘܢ ܘܐܪܥܐ ܘܥܒܕܐ ܕܒܗ ܬܫܬܟܚ
11 Na sɛ saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na ɔbra bɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn.
ܟܕ ܗܟܝܠ ܗܠܝܢ ܟܠܗܘܢ ܡܫܬܪܝܢ ܕܐܝܟ ܐܝܠܝܢ ܙܕܩ ܠܟܘܢ ܕܬܗܘܘܢ ܒܗܘܦܟܝܟܘܢ ܩܕܝܫܐ ܘܒܕܚܠܬ ܐܠܗܐ
12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera wɔ ogyaframa mu no.
ܟܕ ܡܤܟܝܢ ܐܢܬܘܢ ܘܤܘܚܝܢ ܐܢܬܘܢ ܠܡܐܬܝܬܐ ܕܝܘܡܗ ܕܐܠܗܐ ܗܘ ܕܒܗ ܫܡܝܐ ܟܕ ܡܬܒܚܪܝܢ ܒܢܘܪܐ ܢܫܬܪܘܢ ܘܐܤܛܘܟܤܐ ܟܕ ܝܩܕܝܢ ܢܫܘܚܘܢ
13 Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na trenee bɛtena.
ܠܫܡܝܐ ܕܝܢ ܚܕܬܐ ܘܐܪܥܐ ܚܕܬܐ ܐܝܟ ܡܘܠܟܢܐ ܕܝܠܗ ܡܤܟܝܢܢ ܗܠܝܢ ܕܒܗܘܢ ܙܕܝܩܘܬܐ ܥܡܪܐ
14 Enti anuanom, mugu so retwɛn da no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronkron a mfomso biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoe mu.
ܡܛܠ ܗܢܐ ܚܒܝܒܝ ܟܕ ܠܗܠܝܢ ܡܤܟܝܢ ܐܢܬܘܢ ܝܨܦܘ ܕܕܠܐ ܟܘܬܡܐ ܘܕܠܐ ܡܘܡܐ ܠܗ ܬܫܬܟܚܘܢ ܒܫܠܡܐ
15 Monkae nhu sɛ Awurade wɔ ntoboase efisɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no.
ܘܠܡܓܪܬ ܪܘܚܗ ܕܡܪܝܐ ܦܘܪܩܢܐ ܬܚܫܒܘܢ ܐܝܟܢܐ ܕܐܦ ܐܚܘܢ ܚܒܝܒܐ ܦܘܠܘܤ ܐܝܟ ܚܟܡܬܐ ܕܐܬܝܗܒܬ ܠܗ ܟܬܒ ܠܟܘܢ
16 Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no.
ܐܝܟܢܐ ܕܒܟܠܗܝܢ ܐܓܪܬܗ ܡܠܠ ܒܗܝܢ ܥܠ ܗܠܝܢ ܐܝܠܝܢ ܕܐܝܬ ܒܗܝܢ ܡܕܡ ܕܥܤܝܩ ܠܤܘܟܠܐ ܗܠܝܢ ܕܐܝܠܝܢ ܕܕܠܐ ܝܘܠܦܢܐ ܐܢܘܢ ܘܠܐ ܤܡܝܟܝܢ ܡܥܩܡܝܢ ܠܗܝܢ ܐܝܟ ܕܐܦ ܠܗܠܝܢ ܟܬܒܐ ܕܫܪܟܐ ܠܘܬ ܐܒܕܢܐ ܕܝܠܗܘܢ
17 Nanso anuanom, esiane sɛ wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa hɔ.
ܐܢܬܘܢ ܗܟܝܠ ܚܒܝܒܝ ܟܕ ܩܕܡܝܢ ܐܢܬܘܢ ܝܕܥܝܢ ܛܪܘ ܢܦܫܟܘܢ ܕܕܠܡܐ ܟܕ ܐܙܠܝܢ ܐܢܬܘܢ ܒܬܪ ܛܥܝܘܬܐ ܕܐܝܠܝܢ ܕܕܠܐ ܢܡܘܤ ܐܢܘܢ ܬܦܠܘܢ ܡܢ ܤܡܟܐ ܕܝܠܟܘܢ
18 Munyin wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen. (aiōn g165)
ܗܘܝܬܘܢ ܕܝܢ ܡܬܪܒܝܢ ܒܛܝܒܘܬܐ ܘܒܝܕܥܬܐ ܕܡܪܢ ܘܦܪܘܩܢ ܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ ܘܕܐܠܗܐ ܐܒܐ ܕܠܗ ܬܫܒܘܚܬܐ ܐܦ ܗܫܐ ܘܒܟܠܙܒܢ ܘܠܝܘܡܝ ܥܠܡܐ ܐܡܝܢ (aiōn g165)

< 2 Petro 3 >

The Great Flood
The Great Flood