< 2 Ahemfo 7 >
1 Elisa buae se, “Tie saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn! Sɛnea Awurade se ni: Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria egua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien pɛ.”
Élisée dit: « Écoutez la parole de Yahweh: Ainsi dit Yahweh: Demain, à cette heure, on aura une mesure de fleur de farine pour un sicle, et deux mesures d’orge pour un sicle, à la porte de Samarie. »
2 Ɔpanyin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Elisa kae se, “Wubehu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.”
L’officier sur la main duquel s’appuyait le roi répondit à l’homme de Dieu et dit: « Quand Yahweh ferait des fenêtres au ciel, cela pourrait-il arriver? » Élisée dit: « Voici que tu le verras de tes yeux, mais tu n’en mangeras point. »
3 Afei, mmarima akwatafo baanan bi bɛtenatenaa kurow no apon ano. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara kosi sɛ yebewuwu?
Il y avait à l’entrée de la porte quatre lépreux, qui se dirent l’un à l’autre: « Pourquoi resterions-nous ici jusqu’à ce que nous mourrions?
4 Sɛ yɛtena ha a, ɔkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara na sɛ yɛsan kɔ kurow no mu nso a, ɔkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ebeye sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfo asraafo no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yiye mu ne no. Na sɛ wokunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.”
Si nous prenons le parti d’entrer dans la ville, la famine est dans la ville, et nous y mourrons; si nous restons ici, nous mourrons également. Venez donc et jetons-nous dans le camp des Syriens; s’ils nous laissent la vie, nous vivrons, et s’ils nous font mourir, nous mourrons. »
5 Enti saa anwummere no, wosii mu kɔɔ Aramfo nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ.
Ils se levèrent au crépuscule pour se rendre au camp des Syriens, et ils arrivèrent à l’entrée du camp des Syriens, et voici qu’il n’y avait personne.
6 Na Awurade ama asraafo no nyinaa ate nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no ne apɔnkɔ no ne asraafo dɔm kɛse a wɔrebɛn wɔn no nnyigyei. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene afa Hetifo ne Misraimfo sɛ wɔmmɛtow nhyɛ yɛn so.”
Le Seigneur avait fait entendre dans le camp des Syriens un bruit de chars et un bruit de chevaux, le bruit d’une grande armée, et ils s’étaient dit l’un à l’autre: « Voici que le roi d’Israël a pris à sa solde contre nous les rois des Héthéens et les rois des Égyptiens pour venir nous attaquer ».
7 Enti wɔbɔɔ huboa, na woguan anadwo no, gyaw wɔn ntamadan, apɔnkɔ, mfurum ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa.
Et, se levant, ils avaient pris la fuite au crépuscule, abandonnant leurs tentes, leurs chevaux et leurs ânes, le camp tel qu’il était, et ils s’étaient enfuis pour sauver leur vie.
8 Bere a akwatafo no duu nsraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntamadan no mu mmaako mmaako didii, nom nsa, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntade de kosiei.
Les lépreux, arrivés à l’entrée du camp, pénétrèrent dans une tente, et, après avoir bu et mangé, ils en emportèrent de l’argent, de l’or et des vêtements qu’ils allèrent cacher. Ils revinrent, pénétrèrent dans une autre tente et en emportèrent des objets qu’ils allèrent cacher de la même manière.
9 Akyiri no, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nea yɛreyɛ yi nye. Eyi yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amanneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, nea ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Momma yɛnkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfi no amanneɛ.”
Alors ils se dirent l’un à l’autre: « Nous n’agissons pas bien. Ce jour est un jour de bonne nouvelle; si nous gardons le silence et si nous attendons jusqu’à la lumière du matin, nous trouverons le châtiment. Venez donc et allons informer la maison du roi. »
10 Enti wɔsan baa kurow no mu, bɛbɔɔ aponanohwɛfo no asɛm a asi no ho amanneɛ sɛ wɔakɔ Aramfo no nsraban mu, na na obiara nni hɔ; nnyigyei biara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfurum no ahama, na ntamadan no de, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ.
Ils partirent et, ayant appelé les gardes de la porte de la ville, ils leur firent ce rapport: « Nous sommes entrés dans le camp des Syriens, et voici qu’il n’y a personne, ni aucune voix d’homme; il n’y a que des chevaux attachés, des ânes attachés, et les tentes comme elles étaient. »
11 Aponanohwɛfo no teɛteɛɛ mu, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfi hɔ no tee.
Les gardes de la porte poussèrent des cris et portèrent la nouvelle à l’intérieur de la maison du roi.
12 Ɔdasu mu na ɔhene no sɔre fii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanyimfo se, “Minim asɛm a asi. Aramfo nim sɛ ɔkɔm rekum yɛn nti, wɔatu afi wɔn nsraban mu, akɔtetɛw wuram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yebefi kurow no mu, na wɔakyekyere yɛn anikann, na wɔafa kurow no.”
Le roi se leva de nuit, et il dit à ses serviteurs: « Je veux vous apprendre ce que nous font les Syriens. Sachant que nous sommes affamés, ils ont quitté leur camp pour se cacher dans les champs, et ils se sont dit: Quand ils sortiront de la ville, nous les saisirons vivants, et nous entrerons dans la ville. »
13 Mpanyimfo no mu baako kae se, “Eye sɛ yɛbɛsoma akwansrafo, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu anum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwere kɛse biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bewuwu.”
L’un de ses serviteurs prit la parole et dit: « Que l’on prenne cinq des chevaux survivants qui restent encore dans la ville, — voici qu’ils sont comme toute la multitude d’Israël qui y est restée, voici qu’ils sont comme toute la multitude d’Israël qui se meurt, — et nous enverrons voir. »
14 Enti wosiesiee nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafo kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfo asraafo no.
On prit deux chars avec les chevaux, et le roi envoya des hommes sur les traces de l’armée des Syriens, en disant: « Allez et voyez. »
15 Wɔkɔe ara koduu Asubɔnten Yordan, dii ntade ne ahyehyɛde a Aramfo atow agu no akyi, bere a na wɔde anikrakra reguan no. Akwansrafo no san bɛbɔɔ ɔhene no amanneɛ.
Ils Allèrent après eux jusqu’au Jourdain, et voici que toute la route était couverte de vêtements et d’objets que les Syriens avaient jetés, dans leur précipitation. À leur retour, les messagers rapportèrent tout au roi.
16 Enti Samariafo bɔɔ twi, kɔfow Aramfo nsraban no. Ɛno nti na ɛyɛ nokware sɛ wɔtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia saa da no, de gye dwetɛ gram dubaako, atoko lita du nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram du abien, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ.
Aussitôt le peuple sortit et pilla le camp des Syriens, et l’on eut une mesure de fleur de farine pour un sicle, et deux mesures d’orge pour un sicle, selon la parole de Yahweh.
17 Ɔhene no yii ne panyin ma ɔhwɛɛ ɔpon no mu ahyɛmfiri so, nanso nnipadɔm no twiw faa ne so ma owui. Enti biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔhene no baa ne fi no.
Le roi avait confié la garde de la porte à l’officier sur la main duquel il s’appuyait; mais cet officier y fut foulé aux pieds par le peuple, et il mourut, selon la parole qu’avait dite l’homme de Dieu quand le roi était descendu vers lui.
18 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram du baako wɔ Samaria gua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien.”
En effet, quand l’homme de Dieu avait parlé au roi en disant: « On aura deux mesures d’orge pour un sicle et une mesure de fleur de farine pour un sicle, demain, à cette heure, à la porte de Samarie, »
19 Ɔhene no panyin no buae se, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn nipa no kae se, “Wubehu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.”
l’officier avait répondu à l’homme de Dieu et dit: « Quand Yahweh ferait des fenêtres au ciel, cela pourrait-il arriver? » Et Élisée avait dit: « Voici que tu le verras de tes yeux, mais tu n’en mangeras point. »
20 Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twiw faa ne so, kum no wɔ ɔpon no ano.
Et c’est ce qui lui arriva: le peuple le foula aux pieds à la porte, et il mourut.