< 2 Ahemfo 6 >

1 Da bi, adiyifo kuw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea wo ara wuhu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua.
Proročki sinovi rekoše Elizeju: “Gle, tijesan nam je prostor u tebe.
2 Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ de, yebetumi asi ɔdan foforo, ahyia mu wɔ hɔ.” Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eye, monkɔyɛ.”
Nego da odemo do Jordana, pa da svaki ondje uzmemo po brvno i načinimo sebi ondje prebivalište.” On odgovori: “Idite.”
3 Obi kaa nʼadwene se, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.” Ɔkae se, “Mate yɛbɛkɔ.”
Jedan od njih reče mu: “Udostoj se poći sa svojim slugama.” On odgovori: “Hoću.”
4 Bere a woduu Yordan ho no, wofii ase buu nnua.
I pođe s njima. Kad su stigli do Jordana, uzeše sjeći drva.
5 Nanso wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ asu no mu. Ɔteɛɛ mu se, “O me wura! Ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛe!”
A dok je jedan od njih tesao gredu, pade mu sjekira u vodu i on povika: “Jao, gospodaru! I još je bila posuđena!”
6 Onyankopɔn nipa no bisae se, “Ɛhefa na ɛtɔe?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa pema, na ɔtow kyenee asu no mu. Ɛhɔ ara abonnua ti no pagyaw ne ho, bɛtɛn asu no ani.
A čovjek Božji upita ga: “Gdje je pala?” Onaj mu pokaza mjesto. Tada on odsiječe komad drveta, baci ga na ono mjesto i učini da sjekira ispliva.
7 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Ma so yi.” Na ɔbarima no teɛɛ ne nsa yii.
I reče: “Izvadi je!” I čovjek pruži ruku te je uze.
8 Bere a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanyimfo tuu agyina, kae se, “Yɛbɛboaboa yɛn asraafo ano wɔ ha anaa ɛha.”
Aramejski kralj bio u ratu s Izraelom. Posavjetovao se sa svojim časnicima i rekao: “Podignite šatore na tom mjestu.”
9 Ntɛm pa ara, Onyankopɔn nipa Elisa bɔɔ Israelhene kɔkɔ se, “Ntwiw mmɛn beae hɔ, efisɛ Aramfo no reyɛ nhyehyɛe, aboaboa wɔn asraafo ano wɔ hɔ.”
Ali Elizej poruči izraelskom kralju: “Čuvaj se onoga mjesta jer su se Aramejci ondje utaborili.”
10 Enti Israelhene hwɛɛ beae a Onyame nipa no kyerɛe no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeae a ɛtete saa no ho.
I kralj izraelski upozori ljude na mjesto za koje mu je rekao čovjek Božji. On je upozoravao i kralj se čuvao; a bilo je to više puta.
11 Aramhene werɛ how wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanyimfo bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔyɛ ɔfatwafo no? Hena na ɔka me nhyehyɛe a mayɛ kyerɛ Israelhene?”
Srce aramejskog kralja uznemiri se zbog toga, pa on pozva svoje časnike te ih upita: “Nećete li mi reći tko od naših drži s kraljem Izraelovim?”
12 Mpanyimfo no mu baako buae se, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifo wɔ Israel no na ɔka wo kokoamsɛm kyerɛ Israelhene.”
Jedan od časnika odgovori: “Ne, gospodaru kralju; Elizej, prorok Izraelov, otkriva izraelskom kralju riječi koje kazuješ u svojoj spavaonici.”
13 Ɔhene no hyɛe se, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma asraafo ama wɔakɔkyere no.” Na nkra bae se, “Elisa wɔ Dotan.”
On reče: “Idite i pogledajte gdje je, pa ću već poslati da ga uhvate.” I javiše mu: “Eno ga u Dotanu.”
14 Enti anadwo bi, Aramhene somaa asraafo bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kotwaa dantaban faa kuropɔn no ho.
Tada kralj posla onamo konje, kola i jake čete. Oni stigoše noću i opkoliše grad.
15 Bere a Onyankopɔn nipa no somfo sɔree ahemadakye, sii afikyiri no, na asraafo, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ Elisa se, “O, me wura! Dɛn na yɛnyɛ?”
Ujutro, ustavši, čovjek Božji iziđe, a to oko grada stoji vojska s konjima i kolima! Njegov mu momak reče: “Ah, gospodaru moj, što nam je činiti?”
16 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na yɛwɔ dɔm sen wɔn.”
A on odgovori: “Ne boj se jer ih ima više s nama nego s njima.”
17 Afei, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, bue nʼani na ma onhu ade,” Awurade buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
I Elizej se pomoli ovako: “Jahve, otvori mu oči da vidi!” I Jahve otvori oči momku i on vidje: gora oko Elizeja sva prekrivena ognjenim konjima i kolima!
18 Bere a Aramfo asraafo bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfurafura.” Na Awurade yɛɛ nea Elisa bisae no.
Kad su Aramejci sišli prema njemu, Elizej se ovako pomoli Jahvi: “Udari sljepoćom ove ljude!” I na riječ Elizejevu udari ih sljepoćom.
19 Na Elisa fii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moafa ɔkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kurow a morehwehwɛ no ni. Munni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na odii wɔn anim koduu Samaria.
Elizej im reče: “Nije ovo put i nije ovo grad. Pođite za mnom, ja ću vas odvesti čovjeku koga tražite.” Ali ih odvede u Samariju.
20 Na woduu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wonhu ade.” Na Awurade yɛe, na wohuu sɛ wɔwɔ Samaria.
Kad su ulazili u Samariju, Elizej reče: “Jahve, otvori ovima oči da progledaju.” Jahve im otvori oči i oni vidješe da su usred Samarije!
21 Bere a Israelhene huu wɔn no, ɔteɛɛ mu, bisaa Elisa se, “Mʼagya, minkunkum wɔn ana?”
Kad ih vidje kralj Izraela, reče Elizeju: “Treba li ih poubijati, oče moj?”
22 Elisa buaa no se, “Nkunkum wɔn. So wubekunkum wɔn a wode wʼankasa afoa ne agyan afa wɔn nnommum no ana? Ma wɔn aduan ne nsu, na wonnidi, nnom na ma wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.”
A on odgovori: “Nemoj ih ubiti. Zar ćeš ubiti one koje nisi zarobio svojim lukom i mačem? Ponudi im kruha i vode; neka jedu i piju i neka se vrate svome gospodaru.”
23 Enti ɔhene no too wɔn pon kɛse, na wodidi, nom wiee no ɔma wɔsan kɔɔ wɔn hene nkyɛn. Enti Aramfo afowfo no twee wɔn ho fii Israel asase ho koraa.
Kralj im priredi veliku gozbu. Pošto su jeli i pili, otpusti ih. I vratiše se svome gospodaru. I tako aramejski pljačkaši nisu više zalazili na izraelsko tlo.
24 Akyiri no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, de wɔn kotuaa Samaria ano.
Dogodi se poslije toga te aramejski kralj Ben-Hadad skupi svu svoju vojsku i uzađe i opkoli Samariju.
25 Ɛbaa saa no, ɔkɔm kɛse baa kurow no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afurum ti nsania ani dwetɛ kilogram baako, na aborɔnoma bin kuruwa ma, na ne bo yɛ nsania ani dwetɛ gram aduonum awotwe.
I nasta velika glad u Samariji, a opsada potraja toliko da je magareća glava stajala osamdeset šekela srebra, a četvrt kaba golubinje nečisti pet šekela srebra.
26 Da bi a Israelhene nam kurow no fasu ho no, ɔbea bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”
Kada je kralj prolazio po zidinama, neka mu žena vikne: “Pomozi, gospodaru kralju!”
27 Obuaa no se, “Sɛ Awurade ammoa wo a, dɛn na metumi ayɛ? Minni aduan anaa nsa a mede bɛma wo.”
On odgovori: “Neka ti pomogne Jahve! Kako ću ti ja pomoći? Nečim s gumna ili iz tijeska?”
28 Ɔhene no bisaa no se, “Dɛn asɛm?” Obuae se, “Saa ɔbea yi kae se, yɛnwe me babarima da bi, na ade kye a, yɛawe ɔno nso de.
Još joj kralj reče: “Što ti je?” Ona odgovori: “Ova mi je žena rekla: 'Daj svoga sina da ga pojedemo danas, a sutra ćemo pojesti moga!'
29 Enti yɛnoaa me babarima wee. Afei, ade kyee no, meka kyerɛɛ no se, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso na ɔde no akosie.”
Skuhale smo moga sina i pojele ga. A sutradan rekoh joj: 'Daj svoga sina da ga pojedemo.' Ali je ona sakrila svoga sina.”
30 Na ɔhene no tee saa asɛm no, osunsuan ne ntade mu. Na ɔhene no nenam ɔfasu no ho no, nnipa no huu sɛ ɔhyɛ atweaatam wɔ nʼase.
Kada je kralj čuo riječi te žene, razdrije na sebi haljine. I kad je išao po zidinama, narod vidje da mu je na tijelu kostrijet.
31 Ɔhene no kaa ntam se, “Sɛ nnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nkum me.”
I reče tada kralj: “Neka mi Bog učini ovo zlo i doda drugo ako glava Elizeja, sina Šafatova, ostane danas na njegovim ramenima!”
32 Elisa te ne fi a ɔne Israel mpanyimfo reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfo kɔfrɛɛ no. Nanso ansa na abɔfo no rebedu no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Owudifo asoma ɔbarima bi sɛ ommekum me. Sɛ odu ha a, to pon no mu, na ɔnka akyi. Na ɛrenkyɛ ne wura no bedi nʼakyi aba.”
Elizej sjedio u svojoj kući i starješine sjedile s njim. Kralj je ispred sebe poslao glasnika, ali Elizej reče starješinama, prije nego što je glasnik stigao do njega: “Vidite li da je onaj krvnički sin naredio da mi skinu glavu? Pazite: kada glasnik stigne, zatvorite vrata i odbijte ga od vrata. Ne čuje li se topot koraka njegova gospodara za njim?”
33 Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfo no bae. Na ɔhene no kae se, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”
Dok im je još govorio, kralj stupi preda nj i reče mu: “Ova je nevolja, gle, od Jahve! Što da još očekujem od Jahve?”

< 2 Ahemfo 6 >