< 2 Ahemfo 4 >

1 Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.”
mulier autem quaedam de uxoribus prophetarum clamabat ad Heliseum dicens servus tuus vir meus mortuus est et tu nosti quia servus tuus fuit timens Dominum et ecce creditor venit ut tollat duos filios meos ad serviendum sibi
2 Elisa bisaa no se, “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ fie.” Obuae se, “Minni hwee sɛ ngo ahina baako.”
cui dixit Heliseus quid vis ut faciam tibi dic mihi quid habes in domo tua at illa respondit non habeo ancilla tua quicquam in domo mea nisi parum olei quo unguear
3 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodow biara a wubenya afi wo nnamfonom ne wo mfɛfo nkyɛn.
cui ait vade pete mutuo ab omnibus vicinis tuis vasa vacua non pauca
4 Afei, fa wo mmabarima no kɔ wo fi, na to pon mu. Hwie ngo no fi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Nea ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”
et ingredere et claude ostium cum intrinsecus fueris tu et filii tui et mitte inde in omnia vasa haec et cum plena fuerint tolles
5 Enti ɔyɛɛ saa. Ne mmabarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no amaama.
ivit itaque mulier et clusit ostium super se et super filios suos illi offerebant vasa et illa infundebat
6 Ankyɛ na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no mu baako se, “Brɛ me ahina foforo.” Ɔka kyerɛɛ no se, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no sae.
cumque plena fuissent vasa dixit ad filium suum adfer mihi adhuc vas et ille respondit non habeo stetitque oleum
7 Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no.”
venit autem illa et indicavit homini Dei et ille vade inquit vende oleum et redde creditori tuo tu autem et filii tui vivite de reliquo
8 Da koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurow mu. Na ɔbea ɔdefo bi te kurow no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ommedidi. Efi saa bere no, bere biara a obetwa mu wɔ hɔ no, ɔfa hɔ kodidi.
facta est autem quaedam dies et transiebat Heliseus per Sunam erat autem ibi mulier magna quae tenuit eum ut comederet panem cumque frequenter inde transiret devertebat ad eam ut comederet panem
9 Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Migye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron.
quae dixit ad virum suum animadverto quod vir Dei sanctus est iste qui transit per nos frequenter
10 Ma yensiesie ɔdan bi mma no wɔ soro hɔ na yɛmfa mpa, ɔpon, akongua ne kanea nsi mu mma no. Na bere biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoɛ.”
faciamus ergo cenaculum parvum et ponamus ei in eo lectulum et mensam et sellam et candelabrum ut cum venerit ad nos maneat ibi
11 Da bi, Elisa san baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe.
facta est igitur dies quaedam et veniens devertit in cenaculum et requievit ibi
12 Ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi se, “Ka kyerɛ ɔbea no se, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbea no bae no,
dixitque ad Giezi puerum suum voca Sunamitin istam qui cum vocasset eam et illa stetisset coram eo
13 Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Ka kyerɛ no se, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no nea yɛn so yebetumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ midi ne ho adanse kyerɛ ɔhene anaa asraafo sahene no?” Obuae se, “Dabi, efisɛ mʼabusuafo hwɛ me yiye.”
dixit ad puerum loquere ad eam ecce sedule in omnibus ministrasti nobis quid vis ut faciam tibi numquid habes negotium et vis ut loquar regi sive principi militiae quae respondit in medio populi mei habito
14 Akyiri no, Elisa bisaa Gehasi se, “Dɛn na wugye di sɛ yebetumi ayɛ ama no?” Ɔtow maa no se, “Onni babarima na ne kunu nso abɔ akwakoraa.”
et ait quid ergo vult ut faciam ei dixitque Giezi ne quaeras filium enim non habet et vir eius senex est
15 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Frɛ no bra bio.” Ɔbea no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɔpon no ano se,
praecepit itaque ut vocaret eam quae cum vocata fuisset et stetisset ad ostium
16 “Afe sesɛɛ saa bere yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” Ɔteɛɛ mu se, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Onyankopɔn nipa.”
dixit ad eam in tempore isto et in hac eadem hora si vita comes fuerit habebis in utero filium at illa respondit noli quaeso domine mi vir Dei noli mentiri ancillae tuae
17 Na ampa ara, bere tiaa bi akyi no, ɔbea no nyinsɛnee. Na afe saa bere no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛnea Elisa kae no pɛpɛɛpɛ.
et concepit mulier et peperit filium in tempore et in hora eadem quam dixerat Heliseus
18 Ne ba no nyin no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafo reyɛ adwuma.
crevit autem puer et cum esset quaedam dies et egressus isset ad patrem suum ad messores
19 Prɛko pɛ, ɔkae se, “Me ti pae me! Me ti pae me!” Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafo no mu baako se, “Fa no kɔ fie kɔma ne na.”
ait patri suo caput meum caput meum at ille dixit puero tolle et duc eum ad matrem suam
20 Ɔpaani no de no kɔɔ fie. Ne na gyee no too ne srɛ so. Nanso, eduu owigyinae mu no, owui.
qui cum tulisset et adduxisset eum ad matrem suam posuit eum illa super genua sua usque ad meridiem et mortuus est
21 Ɔpagyaw no de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa so. Ɔtoo pon no mu gyaw no hɔ kɔe.
ascendit autem et conlocavit eum super lectulum hominis Dei et clusit ostium et egressa
22 Ɔsomaa ɔbɔfo kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Soma apaafo no baako na ɔmfa afurum mmra, sɛnea metumi akodu Onyankopɔn nipa no hɔ ntɛm, asan aba.”
vocavit virum suum et ait mitte mecum obsecro unum de pueris et asinam ut excurram usque ad hominem Dei et revertar
23 Obisae se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ nnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔsram Foforo Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.” Nanso ɔkae se, “Ɛwɔ mu saa.”
qui ait illi quam ob causam vadis ad eum hodie non sunt kalendae neque sabbatum quae respondit vale
24 Enti ɔhyehyɛɛ afurum no, ka kyerɛɛ ɔpaani no se, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me nti na wobɛtɔ wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ tɔ wo bo ase.”
stravitque asinam et praecepit puero mina et propera ne mihi moram facias in eundo et hoc age quod praecipio tibi
25 Ɔrebedu Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw Karmel so no, Elisa huu no wɔ akyirikyiri. Ɔka kyerɛɛ Gehasi se, “Hwɛ, ɔbea a ofi Sunem no reba.
profecta est igitur et venit ad virum Dei in montem Carmeli cumque vidisset eam vir Dei de contra ait ad Giezi puerum suum ecce Sunamitis illa
26 Tu mmirika kohyia no, na bisa no se, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho ye ana?’” Ɔbea no buae Gehasi se, “Yɛn nyinaa ho ye.”
vade ergo in occursum eius et dic ei rectene agitur circa te et circa virum tuum et circa filium tuum quae respondit recte
27 Nanso ɔbaa Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw no so no, ɔhwee ne nan ase, soo nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn nipa no kaa se, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekode no.”
cumque venisset ad virum Dei in monte adprehendit pedes eius et accessit Giezi ut amoveret eam et ait homo Dei dimitte illam anima enim eius in amaritudine est et Dominus celavit me et non indicavit mihi
28 Na ɔbea no kae se, “Wo ara me wura, wo na wokae se, menya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”
quae dixit illi numquid petivi filium a domino meo numquid non dixi tibi ne inludas me
29 Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me pema no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɔkwan so. Kɔ na fa pema no kɔto abofra no anim.”
et ille ait ad Giezi accinge lumbos tuos et tolle baculum meum in manu tua et vade si occurrerit tibi homo non salutes eum et si salutaverit te quispiam non respondeas illi et pones baculum meum super faciem pueri
30 Na abarimaa no na kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ fie gye sɛ woka me ho.” Enti Elisa san ne no kɔe.
porro mater pueri ait vivit Dominus et vivit anima tua non dimittam te surrexit ergo et secutus est eam
31 Gehasi yɛɛ ntɛm dii kan, de pema no kɔtoo abofra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnne biara amma. Ɔsan nʼakyi kohyiaa Elisa, bɔɔ no amanneɛ se, “Abofra no nnyanee ɛ.”
Giezi autem praecesserat eos et posuerat baculum super faciem pueri et non erat vox neque sensus reversusque est in occursum eius et nuntiavit ei dicens non surrexit puer
32 Bere a Elisa duu hɔ no, ampa na abofra no awu da odiyifo no mpa so.
ingressus est ergo Heliseus domum et ecce puer mortuus iacebat in lectulo eius
33 Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho pon mu, bɔɔ Awurade mpae.
ingressusque clusit ostium super se et puerum et oravit ad Dominum
34 Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio.
et ascendit et incubuit super puerum posuitque os suum super os eius et oculos suos super oculos eius et manus suas super manus eius et incurvavit se super eum et calefacta est caro pueri
35 Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɔdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abofra no so bio. Saa bere no, abofra no nwansii mpɛn ason, na ɔtew nʼani.
at ille reversus deambulavit in domo semel huc et illuc et ascendit et incubuit super eum et oscitavit puer septies aperuitque oculos
36 Afei, Elisa somaa Gehasi se, “Frɛ abofra no na bra.” Ne na no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no se, “Wo ba no ni, fa no kɔ.”
et ille vocavit Giezi et dixit ei voca Sunamitin hanc quae vocata ingressa est ad eum qui ait tolle filium tuum
37 Ofi ahodwiriw mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no sian kɔɔ fam.
venit illa et corruit ad pedes eius et adoravit super terram tulitque filium suum et egressa est
38 Elisa san kɔɔ Gilgal, nanso na ɔkɔm asi asase no so. Da bi a adiyifokuw tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Fa ɔsɛn kɛse si gya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”
et Heliseus reversus est in Galgala erat autem fames in terra et filii prophetarum habitabant coram eo dixitque uni de pueris suis pone ollam grandem et coque pulmentum filiis prophetarum
39 Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu.
et egressus est unus in agrum ut colligeret herbas agrestes invenitque quasi vitem silvestrem et collegit ex ea colocyntidas agri et implevit pallium suum et reversus concidit in ollam pulmenti nesciebat enim quid esset
40 Na wodii kakraa bi pɛ, wɔteɛteɛ mu se, “Onyankopɔn nipa, awuduru wɔ abɔmu no mu!” Ɛno nti, wɔanni bio.
infuderunt ergo sociis ut comederent cumque gustassent de coctione exclamaverunt dicentes mors in olla vir Dei et non potuerunt comedere
41 Elisa kae se, “Mommrɛ me asikresiam kakra.” Ɔde guu ɔsɛn no mu, kae se, “Afei, ayɛ yiye nti munkodi.” Na anhaw wɔn bio.
at ille adferte inquit farinam et misit in ollam et ait infunde turbae et comedat et non fuit amplius quicquam amaritudinis in olla
42 Da bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn nipa no atoko foforo kotoku ma, ne brodo mua aduonu. Elisa kae se, “Fa ma adiyifokuw no, na wonni.”
vir autem quidam venit de Balsalisa deferens viro Dei panes primitiarum et viginti panes hordiacios et frumentum novum in pera sua at ille dixit da populo ut comedat
43 Ɔsomfo no teɛɛ mu se, “Wuse dɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi ana?” Nanso Elisa tii mu se, “Fa ma adiyifokuw no na wonni, na Awurade ka se, ‘Obiara bedi amee, na bi mpo bɛka akyi.’”
responditque ei minister eius quantum est hoc ut adponam coram centum viris rursum ille da ait populo ut comedat haec enim dicit Dominus comedent et supererit
44 Na ampa ara, obiara didi mee ma bi mpo kae, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no.
posuit itaque coram eis qui comederunt et superfuit iuxta verbum Domini

< 2 Ahemfo 4 >