< 2 Ahemfo 3 >
1 Ahab babarima Yoram na odii hene wɔ Israel bere a na Yudahene Yehosafat adi ade mfe dunwɔtwe wɔ Yuda no. Odii ade wɔ Samaria mfe dumien.
Ahab babarima Yoram na ɔdii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a na Yudahene Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunwɔtwe wɔ Yuda no. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfeɛ dumienu.
2 Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso na nʼamumɔyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne na de no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya sii no.
Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso, na nʼamumuyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne maame deɛ no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya siiɛ no.
3 Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛnea Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no.
Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no.
4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfo yɛn nguan. Na wotua sonkahiri a ɛyɛ nguamma mpem ɔha ne adwennini mpem ɔha ho nwi ma Israelhene afe biara.
Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara.
5 Nanso Ahab wu akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene.
Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene.
6 Enti ɔhene Yoram fii Samaria boaboaa Israel asraafo ano.
Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano.
7 Ɔde nkra kɔmaa Yudahene Yehosafat se, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako ana?” Na Yehosafat buae se, “Me ne wo bɛkɔ. Wo ne me yɛ anuanom, me nkurɔfo yɛ wo nkurɔfo, mʼapɔnkɔ yɛ wʼapɔnkɔ.”
Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.”
8 Na Yehosafat bisae se, “Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buae se, “Yɛbɛtoa wɔn afi Edom sare so.”
Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom ɛserɛ so.”
9 Edomhene ne nʼakofo kɔkaa wɔn ho. Na asraafo dɔm abiɛsa no bɔɔ nsra twaa wɔn ho besii wɔn anan mu saa nnanson no, na wɔne wɔn mmoa nnya nsu nnom.
Edomhene ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa.
10 Israelhene teɛɛ mu bisae se, “Yɛnyɛ yɛn ho dɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so ana?”
Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.”
11 Nanso Yudahene Yehosafat bisae se, “Enti Awurade diyifo biara nka yɛn ho wɔ ha ana? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yebetumi abisa Awurade nea yɛnyɛ.” Ɔhene Yoram mpanyimfo no mu baako kae se, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia boafo.”
Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa sɛ, “Enti Awurade odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yɛbɛtumi abisa Awurade deɛ yɛnyɛ.” Ɔhene Yoram mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia ɔboafoɔ.”
12 Enti Yehosafat kae se, “Ɛno de, Awurade betumi akasa afa no so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.
Enti, Yehosafat kaa sɛ, “Ɛnneɛ, Awurade bɛtumi akasa afa ne so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.
13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene se, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo na adiyifo abosonsomfo no nkyɛn.” Nanso ɔhene Yoram kae se, “Dabi! Efisɛ ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha sɛ ɔrebeyi yɛn ahyɛ Moabhene nsa!”
Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!”
14 Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade Tumfo a mesom no no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mibu no a, anka merenhaw me ho wɔ wo ho.
Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho.
15 Afei, ma obi a obetumi abɔ sanku mmra.” Bere a wɔrebɔ sanku no, Awurade tumi baa Elisa so,
Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.” Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so,
16 ma ɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Saa obon a emu nsu ayow yi, wɔde nsu bɛhyɛ no ma.
ma ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma.
17 Worenhu mframa anaa osu sɛnea Awurade ka no, nanso saa obon yi, wɔbɛhyɛ no nsu ma. Mubenya bi ama mo ho, mo anantwi ne mo mmoa a aka no.
Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ Awurade ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no.
18 Na eyi yɛ ade a ɛyɛ mmerɛw ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab asraafo so nkonim.
Na yei yɛ ade kumaa bi ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab akodɔm so nkonim.
19 Mubedi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mubetwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mubesisiw wɔn asu aniwa, na mode abo asɛe wɔn nsase pa.”
Mobɛdi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mobɛtwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mobɛsisi wɔn nsuo aniwa, na mode aboɔ asɛe wɔn nsase pa.”
20 Na ade kyee a eduu bere a wɔbɔ anɔpa afɔre no, nsu puee prɛko pɛ. Na ɛsen fii Edom, na ankyɛ biara na nsu abu so wɔ baabiara.
Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko pɛ. Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara.
21 Bere a Moabfo tee sɛ asraafo dɔm abiɛsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wobetumi ako, mmofra ne mpanyin ano, de wɔn sisii wɔn ahye so.
Ɛberɛ a Moabfoɔ tee sɛ akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so.
22 Na ade kyee a wɔsɔree no, na owia no abɔ wɔ asu no so, ama ani abere sɛ mogya.
Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ wɔ nsuo no so, ama ani abere sɛ mogya.
23 Moabfo no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ mogya. Sesɛɛ asraafo dɔm abiɛsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfow asade no!”
Moabfoɔ no teaam sɛ, “Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!”
24 Bere a woduu Israelfo nsraban mu no, Israel asraafo gyee bum, kɔtoaa Moabfo, ma woguanee. Israel asraafo no taa wɔn koduu Moab asase so. Wɔretaa Moabfo no nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma.
Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma.
25 Wɔsɛee wɔn nkurow akɛse, de abo kataa wɔn nsase pa so, sisiw asuti nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkae, na ɛno mpo, wɔtow hyɛɛ so.
Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so.
26 Bere a Moabhene huu sɛ ɔredi nkogu no, odii nʼakofo ahanson anim, yeree wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfo no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi.
Ɛberɛ a Moabhene hunuu sɛ ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi.
27 Enti ɔfaa ne babarima panyin a anka ɛsɛ sɛ odi nʼade sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afasu no ho. Abufuw kɛse baa Israel so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.
Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.