< 2 Ahemfo 25 >
1 Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho.
καὶ ἐγενήθη ἐν τῷ ἔτει τῷ ἐνάτῳ τῆς βασιλείας αὐτοῦ ἐν τῷ μηνὶ τῷ δεκάτῳ ἦλθεν Ναβουχοδονοσορ βασιλεὺς Βαβυλῶνος καὶ πᾶσα ἡ δύναμις αὐτοῦ ἐπὶ Ιερουσαλημ καὶ παρενέβαλεν ἐπ’ αὐτὴν καὶ ᾠκοδόμησεν ἐπ’ αὐτὴν περίτειχος κύκλῳ
2 Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kosii ɔhene Sedekia ahenni no mfe dubaako so.
καὶ ἦλθεν ἡ πόλις ἐν περιοχῇ ἕως τοῦ ἑνδεκάτου ἔτους τοῦ βασιλέως Σεδεκιου
3 Eduu Tammus ɔsram (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛto so dunwɔtwe no, Sedekia ahenni mfe dubaako mu no, na ɔkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yiye, ama wɔn aduan a aka no nyinaa asa.
ἐνάτῃ τοῦ μηνὸς καὶ ἐνίσχυσεν ὁ λιμὸς ἐν τῇ πόλει καὶ οὐκ ἦσαν ἄρτοι τῷ λαῷ τῆς γῆς
4 Na kuropɔn no fasu fa bi abu agu fam nti, asraafo no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wobeguan afi kuropɔn no mu. Nanso esiane sɛ na Babiloniafo atwa kuropɔn no ho ahyia nti, wɔtwɛn kosii anadwo, na woguan faa ɔpon a ɛda afasu abien a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wuramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bon no.
καὶ ἐρράγη ἡ πόλις καὶ πάντες οἱ ἄνδρες τοῦ πολέμου ἐξῆλθον νυκτὸς ὁδὸν πύλης τῆς ἀνὰ μέσον τῶν τειχέων αὕτη ἥ ἐστιν τοῦ κήπου τοῦ βασιλέως καὶ οἱ Χαλδαῖοι ἐπὶ τὴν πόλιν κύκλῳ καὶ ἐπορεύθη ὁδὸν τὴν Αραβα
5 Nanso Babiloniafo no tiw wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tataw so, efisɛ na ne mmarima no nyinaa aguan agya no saa bere no.
καὶ ἐδίωξεν ἡ δύναμις τῶν Χαλδαίων ὀπίσω τοῦ βασιλέως καὶ κατέλαβον αὐτὸν ἐν Αραβωθ Ιεριχω καὶ πᾶσα ἡ δύναμις αὐτοῦ διεσπάρη ἐπάνωθεν αὐτοῦ
6 Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla ma wobuu no atɛn.
καὶ συνέλαβον τὸν βασιλέα καὶ ἤγαγον αὐτὸν πρὸς τὸν βασιλέα Βαβυλῶνος εἰς Δεβλαθα καὶ ἐλάλησεν μετ’ αὐτοῦ κρίσιν
7 Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmabarima nyinaa. Afei, wotutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.
καὶ τοὺς υἱοὺς Σεδεκιου ἔσφαξεν κατ’ ὀφθαλμοὺς αὐτοῦ καὶ τοὺς ὀφθαλμοὺς Σεδεκιου ἐξετύφλωσεν καὶ ἔδησεν αὐτὸν ἐν πέδαις καὶ ἤγαγεν αὐτὸν εἰς Βαβυλῶνα
8 Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem.
καὶ ἐν τῷ μηνὶ τῷ πέμπτῳ ἑβδόμῃ τοῦ μηνός αὐτὸς ἐνιαυτὸς ἐννεακαιδέκατος τῷ Ναβουχοδονοσορ βασιλεῖ Βαβυλῶνος ἦλθεν Ναβουζαρδαν ὁ ἀρχιμάγειρος ἑστὼς ἐνώπιον βασιλέως Βαβυλῶνος εἰς Ιερουσαλημ
9 Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu.
καὶ ἐνέπρησεν τὸν οἶκον κυρίου καὶ τὸν οἶκον τοῦ βασιλέως καὶ πάντας τοὺς οἴκους Ιερουσαλημ καὶ πᾶν οἶκον ἐνέπρησεν
10 Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no.
ὁ ἀρχιμάγειρος
11 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no kyekyeree wɔn a wɔkaa wɔ kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne asraafo a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asu.
καὶ τὸ περισσὸν τοῦ λαοῦ τὸ καταλειφθὲν ἐν τῇ πόλει καὶ τοὺς ἐμπεπτωκότας οἳ ἐνέπεσον πρὸς βασιλέα Βαβυλῶνος καὶ τὸ λοιπὸν τοῦ στηρίγματος μετῆρεν Ναβουζαρδαν ὁ ἀρχιμάγειρος
12 Na awɛmfo so panyin no maa mmɔborɔfo no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuw ne mfuw foforo a ɛka ho no so.
καὶ ἀπὸ τῶν πτωχῶν τῆς γῆς ὑπέλιπεν ὁ ἀρχιμάγειρος εἰς ἀμπελουργοὺς καὶ εἰς γαβιν
13 Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia.
καὶ τοὺς στύλους τοὺς χαλκοῦς τοὺς ἐν οἴκῳ κυρίου καὶ τὰς μεχωνωθ καὶ τὴν θάλασσαν τὴν χαλκῆν τὴν ἐν οἴκῳ κυρίου συνέτριψαν οἱ Χαλδαῖοι καὶ ἦραν τὸν χαλκὸν αὐτῶν εἰς Βαβυλῶνα
14 Wɔtasee nkuku, sofi, akanea adabaw, nsanka ne kɔbere mfrafrae nneɛma ahorow a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa.
καὶ τοὺς λέβητας καὶ τὰ ιαμιν καὶ τὰς φιάλας καὶ τὰς θυίσκας καὶ πάντα τὰ σκεύη τὰ χαλκᾶ ἐν οἷς λειτουργοῦσιν ἐν αὐτοῖς ἔλαβεν
15 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no san tasee nkankyee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkae a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.
καὶ τὰ πυρεῖα καὶ τὰς φιάλας τὰς χρυσᾶς καὶ τὰς ἀργυρᾶς ἔλαβεν ὁ ἀρχιμάγειρος
16 Kɔbere mfrafrae a wonya fii afadum abien, nsu teaseɛnam ne Po no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wobetumi akari. Ɔhene Salomo bere so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu.
στύλους δύο ἡ θάλασσα ἡ μία καὶ τὰ μεχωνωθ ἃ ἐποίησεν Σαλωμων τῷ οἴκῳ κυρίου οὐκ ἦν σταθμὸς τοῦ χαλκοῦ πάντων τῶν σκευῶν
17 Na afadum no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Kɔbere mfrafrae no ntaaso a ɛdeda afadum no mu biara so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a wɔde kɔbere mfrafrae no ara bi a ɛyɛ ɔtan sɛso ne atoa aba sɛso, atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no. Na ɔfadum a ɛka ho no siesiebea ne no sesɛ.
ὀκτωκαίδεκα πήχεων ὕψος τοῦ στύλου τοῦ ἑνός καὶ τὸ χωθαρ ἐπ’ αὐτοῦ τὸ χαλκοῦν καὶ τὸ ὕψος τοῦ χωθαρ τριῶν πήχεων σαβαχα καὶ ῥοαὶ ἐπὶ τοῦ χωθαρ κύκλῳ τὰ πάντα χαλκᾶ καὶ κατὰ τὰ αὐτὰ τῷ στύλῳ τῷ δευτέρῳ ἐπὶ τῷ σαβαχα
18 Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum.
καὶ ἔλαβεν ὁ ἀρχιμάγειρος τὸν Σαραιαν ἱερέα τὸν πρῶτον καὶ τὸν Σοφονιαν υἱὸν τῆς δευτερώσεως καὶ τοὺς τρεῖς τοὺς φυλάσσοντας τὸν σταθμὸν
19 Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no.
καὶ ἐκ τῆς πόλεως ἔλαβεν εὐνοῦχον ἕνα ὃς ἦν ἐπιστάτης ἐπὶ τῶν ἀνδρῶν τῶν πολεμιστῶν καὶ πέντε ἄνδρας τῶν ὁρώντων τὸ πρόσωπον τοῦ βασιλέως τοὺς εὑρεθέντας ἐν τῇ πόλει καὶ τὸν γραμματέα τοῦ ἄρχοντος τῆς δυνάμεως τὸν ἐκτάσσοντα τὸν λαὸν τῆς γῆς καὶ ἑξήκοντα ἄνδρας τοῦ λαοῦ τῆς γῆς τοὺς εὑρεθέντας ἐν τῇ πόλει
20 Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla.
καὶ ἔλαβεν αὐτοὺς Ναβουζαρδαν ὁ ἀρχιμάγειρος καὶ ἀπήγαγεν αὐτοὺς πρὸς τὸν βασιλέα Βαβυλῶνος εἰς Δεβλαθα
21 Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat. Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so.
καὶ ἔπαισεν αὐτοὺς βασιλεὺς Βαβυλῶνος καὶ ἐθανάτωσεν αὐτοὺς ἐν Δεβλαθα ἐν γῇ Αιμαθ καὶ ἀπῳκίσθη Ιουδας ἐπάνωθεν τῆς γῆς αὐτοῦ
22 Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nena sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa wɔ Yuda no so.
καὶ ὁ λαὸς ὁ καταλειφθεὶς ἐν γῇ Ιουδα οὓς κατέλιπεν Ναβουχοδονοσορ βασιλεὺς Βαβυλῶνος καὶ κατέστησεν ἐπ’ αὐτῶν τὸν Γοδολιαν υἱὸν Αχικαμ υἱοῦ Σαφαν
23 Bere a asraafodɔm so asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ofi Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa.
καὶ ἤκουσαν πάντες οἱ ἄρχοντες τῆς δυνάμεως αὐτοὶ καὶ οἱ ἄνδρες αὐτῶν ὅτι κατέστησεν βασιλεὺς Βαβυλῶνος τὸν Γοδολιαν καὶ ἦλθον πρὸς Γοδολιαν εἰς Μασσηφαθ καὶ Ισμαηλ υἱὸς Ναθανιου καὶ Ιωαναν υἱὸς Καρηε καὶ Σαραιας υἱὸς Θανεμαθ ὁ Νετωφαθίτης καὶ Ιεζονιας υἱὸς τοῦ Μαχαθι αὐτοὶ καὶ οἱ ἄνδρες αὐτῶν
24 Gedalia dii nsew, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanyimfo no amma hɔ ɔhaw so. Otuu wɔn fo se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye.”
καὶ ὤμοσεν Γοδολιας αὐτοῖς καὶ τοῖς ἀνδράσιν αὐτῶν καὶ εἶπεν αὐτοῖς μὴ φοβεῖσθε πάροδον τῶν Χαλδαίων καθίσατε ἐν τῇ γῇ καὶ δουλεύσατε τῷ βασιλεῖ Βαβυλῶνος καὶ καλῶς ἔσται ὑμῖν
25 Tisri ɔsram (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nena a na ofi adehye abusua mu no de mmarima du kɔɔ Mispa, kokum Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafo ne Babiloniafo no nyinaa.
καὶ ἐγενήθη ἐν τῷ ἑβδόμῳ μηνὶ ἦλθεν Ισμαηλ υἱὸς Ναθανιου υἱοῦ Ελισαμα ἐκ τοῦ σπέρματος τῶν βασιλέων καὶ δέκα ἄνδρες μετ’ αὐτοῦ καὶ ἐπάταξεν τὸν Γοδολιαν καὶ ἀπέθανεν καὶ τοὺς Ιουδαίους καὶ τοὺς Χαλδαίους οἳ ἦσαν μετ’ αὐτοῦ εἰς Μασσηφαθ
26 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, efi akumaa so, kosi ɔkɛse so ne asraafodɔm asahene bɔɔ huboa, na woguan kɔɔ Misraim, efisɛ na wosuro sɛ Babiloniafo no bɛyɛ wɔn biribi.
καὶ ἀνέστη πᾶς ὁ λαὸς ἀπὸ μικροῦ καὶ ἕως μεγάλου καὶ οἱ ἄρχοντες τῶν δυνάμεων καὶ εἰσῆλθον εἰς Αἴγυπτον ὅτι ἐφοβήθησαν ἀπὸ προσώπου τῶν Χαλδαίων
27 Ɔhene Yehoiakyin dii mfe aduasa ason wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bedii Babiloniahene. Ohuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti oyii no fii afiase saa afe no ara mu Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so abien.
καὶ ἐγενήθη ἐν τῷ τριακοστῷ καὶ ἑβδόμῳ ἔτει τῆς ἀποικεσίας τοῦ Ιωακιμ βασιλέως Ιουδα ἐν τῷ δωδεκάτῳ μηνὶ ἑβδόμῃ καὶ εἰκάδι τοῦ μηνὸς ὕψωσεν Ευιλμαρωδαχ βασιλεὺς Βαβυλῶνος ἐν τῷ ἐνιαυτῷ τῆς βασιλείας αὐτοῦ τὴν κεφαλὴν Ιωακιμ βασιλέως Ιουδα καὶ ἐξήγαγεν αὐτὸν ἐξ οἴκου φυλακῆς αὐτοῦ
28 Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de.
καὶ ἐλάλησεν μετ’ αὐτοῦ ἀγαθὰ καὶ ἔδωκεν τὸν θρόνον αὐτοῦ ἐπάνωθεν τῶν θρόνων τῶν βασιλέων τῶν μετ’ αὐτοῦ ἐν Βαβυλῶνι
29 Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda.
καὶ ἠλλοίωσεν τὰ ἱμάτια τῆς φυλακῆς αὐτοῦ καὶ ἤσθιεν ἄρτον διὰ παντὸς ἐνώπιον αὐτοῦ πάσας τὰς ἡμέρας τῆς ζωῆς αὐτοῦ
30 Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.
καὶ ἡ ἑστιατορία αὐτοῦ ἑστιατορία διὰ παντὸς ἐδόθη αὐτῷ ἐξ οἴκου τοῦ βασιλέως λόγον ἡμέρας ἐν τῇ ἡμέρᾳ αὐτοῦ πάσας τὰς ἡμέρας τῆς ζωῆς αὐτοῦ