< 2 Ahemfo 24 >

1 Yehoiakim ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛtow hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na otuaa tow maa no mfe abiɛsa, nanso ɔtew Nebukadnessar so atua.
Yehoiakim ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛto hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na ɔtuaa toɔ maa no mfeɛ mmiɛnsa, nanso ɔtee Nebukadnessar so atua.
2 Na Awurade somaa akofo fi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛnea Awurade nam nʼadiyifo so hyɛɛ ho nkɔm no.
Na Awurade somaa akofoɔ firi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛdeɛ Awurade nam nʼadiyifoɔ so hyɛɛ ho nkɔm no.
3 Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛnea Awurade hyɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi wɔn afi nʼanim, esiane bɔne dodow a Manase yɛe no nti,
Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no afiri nʼanim, ɛsiane bɔne dodoɔ a Manase yɛeɛ no enti.
4 a na mogya a edi bem a ohwie guu no ka ho bi. Efisɛ ɔde mogya a edi bem fɔw Yerusalem dotoo; ɛno nti na Awurade mpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ.
Manase kaa mogya a ɛdi bem guiɛ de hyɛɛ Yerusalem ma, ɛno enti, Awurade amfa yei ankyɛ.
5 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
6 Bere a Yehoiakim wui no, ne babarima Yehoiakyin na odii nʼade sɛ ɔhene.
Ɛberɛ a Yehoiakim wuiɛ no, ne babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
7 Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho.
Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.
8 Bere a Yehoiakyin dii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Elnatan a ofi Yerusalem no babea Nehusta.
Ɛberɛ a Yehoiakyin dii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii ɔhene Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no babaa Nehusta.
9 Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya yɛe no ara pɛ.
Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no ara pɛ.
10 Yehoiakyin ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar asraafo mu mpanyimfo betuaa Yerusalem ano.
Yehoiakyin ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar akodɔm mu mpanimfoɔ bɛtuaa Yerusalem.
11 Otua no mu no, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu.
Ɔtua no mu, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu.
12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufo, atitiriw, mpanyimfo ne ɔhemmea de wɔn ho maa Babiloniafo. Nebukadnessar dii ade ne mfe awotwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin de no too afiase.
Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufoɔ, atitire, mpanimfoɔ ne ɔhemmaa de wɔn ho maa Babiloniafoɔ. Nebukadnessar dii adeɛ ne mfeɛ nwɔtwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin, de no too afiase.
13 Sɛnea Awurade aka dedaw no, Nebukadnessar tasee agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfi hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ nnwetɛbona a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa.
Sɛdeɛ Awurade aka dada no, Nebukadnessar tasee agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfie hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ akoradeɛ a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa.
14 Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so.
Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafoɔ ɔpedu firii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafoɔ akodifoɔ, adwumfoɔ ne atomfoɔ a wɔdi mu ka ho. Ɛno enti, ahiafoɔ nko ara na ɔgyaa wɔn wɔ asase no so.
15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanyimfo, ɔhemmea ne Yerusalem nnipa atitiriw ka ho.
Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanimfoɔ, ɔhemmaa ne Yerusalem nnipa atitire ka ho.
16 Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi.
Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie.
17 Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii ade sɛ ɔhene foforo. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
Afei, Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii adeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
18 Bere a Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea.
Ɛberɛ a Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa.
19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no.
Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no.
20 Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.
Ɛno enti, Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire yi, ɔyii nʼani firii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.

< 2 Ahemfo 24 >