< 2 Ahemfo 23 >

1 Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanyimfo nyinaa.
Då sende kongen bod og stemnde saman til seg alle dei øvste i Juda og Jerusalem.
2 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo ne asɔfo ne adiyifo a efi akumaa so kosi ɔkɛse so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan Apam Nhoma a wɔahu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
Og kongen gjekk upp til Herrens hus, og alle Juda-mennerne og alt Jerusalems folk fylgde honom, og prestarne, og profetarne og heile folket, unge og gamle. Han las upp for deim alt det som stod i paktboki som dei hadde funne i Herrens hus.
3 Ɔhene no tenaa beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ se, ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmara nsɛm, ahyɛde ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɔkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛe ahorow a na wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wobedi so.
Kongen steig fram på tramen og gjorde den pakti for Herrens åsyn, at dei skulde fylgja Herren og halda hans bod og fyresegner og lover av alt sitt hjarta og all sin hug, og setja i verk dei paktordi som var skrivne i denne boki. Heile folket gjekk med på pakti.
4 Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanyin Hilkia ne asɔfo akunini ne asɔredan sohwɛfo no nyinaa sɛ, wonyiyi asɔredan no mu nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne wim atumfo no nyinaa mfi hɔ. Ɔhene no ma wɔhyew ne nyinaa wɔ Kidron bon a ɛwɔ Yerusalem mfikyiri no mu, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El.
Sidan baud kongen øvstepresten Hilkia og dei næst-øvste prestarne og dørstokkvakti å få ut or Herrens tempel alle dei gognerne som var laga åt Ba’al og Astarte og heile himmelheren; og dei vart uppbrende utanfor Jerusalem på Kidrons-vollarne, og oska vart bori til Betel.
5 Ɔpam abosom akɔmfo a Yuda ahemfo a wodii kan no yii wɔn no nyinaa, efisɛ na wɔhyew nnuhuam wɔ Yuda abosomfi nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akodu Yerusalem kurom. Wɔhyew nnuhuam maa Baal ne owia, ɔsram ne nsoromma ne wim atumfo.
Avgudsprestarne som Juda-kongarne hadde sett inn, fekk avskil, dei som hadde brent røykjelse på haugarne i Juda-byarne og ikring Jerusalem, og dei som hadde brent røykjelse for Ba’al, for soli og månen og stjernorne i dyreringen og for heile himmelheren.
6 Ɔhene no tuu Asera dua no fii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyiri wɔ Kidron bon mu hɔ kɔhyew no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtow ne mfutuma no guu amusiei.
Astarte-bilætet fekk han ut or Herrens hus, til Kidronsdalen utanfor Jerusalem, og brende det der i Kidronsdalen, mol det til dust, og dusti kasta han på den ålmenne gravstaden.
7 Odwiriw nsɔree so nguamanfo adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, faako a na mmea no nwen nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa gui.
Han reiv ned utukt-husi i Herrens hus, der som kvende vov tjeld til Astarte.
8 Yosia san de Awurade asɔfo no a na wɔtete Yuda nkurow afoforo so no nyinaa baa Yerusalem. Efi Geba kosi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beae no na na wɔhyew nnuhuam no. Obubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no pon ano no. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a obehu saa pon no wɔ kuropɔn pon no benkum so.
Han flutte alle prestarne inn frå byarne i Juda; og frå Geba til Be’erseba vanhelga han offerhaugarne der prestarne hadde brent røykjelse. Han reiv ned offerhaugarne ved portarne, den som var utanfor porten åt byhovdingen Josva, og den som var på vinstre sida når ein gjekk inn byporten.
9 Asɔfo a na wɔsom wɔ abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn kwan mma wɔnsom wɔ Awurade afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfo a aka no di brodo a mmɔkaw nni mu no.
Men hauga-prestarne fekk ikkje stiga upp til Herrens altar i Jerusalem; dei fekk berre vera med når brørne deira åt søtebrød.
10 Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔremuka a na ɛwɔ Ben-Hinom bon no mu no nti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babea mmɔ afɔre wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔde a wɔde ma Molek bio.
Han vanhelga Tofet i Hinnomssons-dalen, so ingen skulde vigja son eller dotter i elden, til Molok.
11 Otutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a esisi Awurade Asɔredan kwan no ano a Yuda ahemfo too din maa owia no nyinaa fii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adiwo a ɛbɛn piamni bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyew nteaseɛnam a na wɔato din ama owia no.
Han fekk burt dei hestarne som Juda-kongarne hadde sett upp til æra for soli ved inngangen til Herrens hus, ved kammerset til hirdmannen Netan-Melek i Parvarim; og solvognerne brende han upp.
12 Yosia bubuu afɔremuka a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfi no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔremuka a Manase sisii wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ no nyinaa gui. Odwiriw no pasapasa, too ne afabo no petee Kidron bon no mu.
Altari på taket ved høgeloftet til Ahaz, dei som Juda-kongarne hadde sett upp, og altari som Manasse hadde bygt upp i båe tuni kring Herrens hus, reiv kongen ned, og han smuldra deim og førde deim burt og kasta dusti i Kidronsdalen.
13 Ɔhene no san guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no ne nea ɛwɔ Ɔsɛe Bepɔw no anafo fam no. Saa beae no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfo bosom bɔne, ne Kemos, Moabfo bosom bɔne, ne Molek, Amonfo bosom bɔne.
Og kongen vanhelga offerhaugarne aust for Jerusalem på sørsida av Tyningsbjerget, og som Salomo, Israels konge, hadde bygt åt Astarte, styggedomen frå Sidon, og åt Kamos, Moabs styggedom, og åt Milkom, den avstyggjelege guden åt ammonitarne.
14 Yosia dwiriw afadum kronkron no nyinaa gui, bubuu Asera nnua no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so.
Han braut og sund minnesteinarne og hogg ned Astarte-bilæti, og fyllte tufti deira med mannebein.
15 Ɔhene no san bubuu afɔremuka a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛe bere a odii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam abo no, ma ɛdan mfutuma, hyew Asera dua no.
Sameleis altaret i Betel, offerhaugen Jerobeam Nebatsson hadde bygt upp, der som han forførde Israel til å synda - ogso det altaret og den haugen reiv han ned; og han brende upp haugen og mol honom til dust, og han brende upp Astarte-bilætet.
16 Bere a Yosia retoto nʼani no, ohuu nna pii wɔ koko no nkyɛn mu. Ɔhyɛɛ sɛ wontu nnompe no, na ɔhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔremuka no ho fi. Eyi sii sɛnea Awurade nam Onyankopɔn nipa so hyɛe, bere a Yeroboam kogyinaa afɔremuka no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia dan ne ho hwɛɛ Onyankopɔn nipa a ɔhyɛɛ eyinom nyinaa ho nkɔm no da.
Då Josia såg seg um og gådde graverne der på fjellet, sende han folk som tok beini ut or graverne, og brende deim upp på altaret, og vanhelga det soleis, etter Herrens ord, som han gudsmannen hadde ropa ut, som ropa at dette skulde henda.
17 Yosia bisae se, “Nkaedum bɛn na mihu no?” Na nnipa a wɔwɔ kurow no mu no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a ofi Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi mprempren wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”
«Kva er det for ein gravstein eg ser her?» spurde han. Bymennene svara honom: «Det er gravi åt den gudsmannen som kom frå Juda og ropa ut yver altaret i Betel at det skulde henda som du no hev sett i verk.»
18 Yosia buae se, “Momma ɛnwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno nti, wɔanhyew ɔne odiyifo akwakoraa a ofi Samaria no nnompe.
Då sagde han: «Lat honom kvila i fred! Ingen skal røra beini hans.» Soleis berga dei hans bein, og sameleis beini til profeten som kom frå Samaria.
19 Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛnea ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahorow bi na wosisi de hyɛɛ Awurade abufuw.
Dessutan rudde Josia burt alle hauga-husi i Samaria-byarne, som Israels-kongarne hadde bygt til harm for Herren; og han for med deim i alle måtar sameleis som i Betel.
20 Okunkum nsɔree so akɔmfo no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, na ɔhyew nnipa nnompe wɔ afɔremuka ahorow no so, de guu ho fi. Akyiri no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.
Og han drap ned alle hauga-prestarne der ved altari, og brende mannebein på deim. So snudde han heim att til Jerusalem.
21 Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Apam Nhoma no mu no.”
Kongen gav heile folket det bodet: «Haldt påske for Herren, dykkar Gud, etter fyreskrifterne i denne paktboki!»
22 Efi bere a atemmufo dii Israel so mfe bebree a atwa mu wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wonnii Twam Afahyɛ no bi saa da.
Sovori påskehelg hadde dei ikkje halde frå den tid då domarane styrde Israel, og ut gjenom heile kongetidi i Israel og Juda.
23 Bere a ɔhene Yosia dii mfe dunwɔtwe wɔ akongua so no na wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa Awurade.
Fyrst i attande styringsåret åt kong Josia heldt dei sovori påskehelg for Herren i Jerusalem.
24 Yosia tɔree samanfrɛfo ne adunsifo ne afi mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a ɔsɔfo Hilkia kohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no so.
Josia øydde og ut alle som mana draugar og spåvette, og husgudarne og steingudarne og all styggedomen som hadde synt seg i Judalandet og i Jerusalem. Soleis sette han i verk lov-ordi som var skrivne i den boki presten Hilkia fann i Herrens hus.
25 Ɔhene biara mmae a ɔte sɛ Yosia a ɔde ne koma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmae a ɔte sɛ ɔno.
Maken til konge hadde ikkje vore fyre honom; det var ingen som soleis hadde vendt seg til Herren av alt sitt hjarta og all sin hug og all sin styrke etter heile Moselovi; og maken hans kom aldri meir.
26 Nanso eyi nyinaa akyi no, Awurade abufuw no dɛw tiaa Yuda, esiane bɔne akɛse a Ɔhene Manase yɛe no. Ɛno nti, wanyi nʼabufuwhyew no amfi wɔn so.
Like vel gav ikkje Herren upp den store brennande harmen som hadde loga upp mot Juda for alle dei harmelege synder Manasse hadde harma honom med.
27 Awurade kae se, “Mɛsɛe Yuda, sɛnea mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afi mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din anuonyam wɔ mu no.”
Herren sagde: «Ogso Juda støyter eg burt frå meg, liksom eg støyte Israel burt. Ja, eg vandar denne byen som eg valde ut, Jerusalem og huset som eg sagde um: «Mitt namn skal vera der.»»
28 Yosia ahenni ho asɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Det som elles er å fortelja um Josia og alt det han gjorde, det er uppskrive i krønikeboki åt Juda-kongarne.
29 Bere a Yosia di hene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakofo tuu sa, kɔko tiaa no, nanso bere a wohyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kum no.
I hans tid drog egyptarkongen Farao Neko upp til elvi Frat mot assyrarkongen. Kong Josia drog imot honom, men han drap honom ved Megiddo, so snart han fekk sjå honom.
30 Yosia asraafo mu mpanyimfo no de nʼamu no too teaseɛnam mu fii Megido, baa Yerusalem besiee no wɔ nʼankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no hene.
Folket hans køyrde liket frå Megiddo til Jerusalem og gravlagde honom i hans eigi grav. Og folket i landet tok Joahaz Josiason og salva honom til konge i staden for faren.
31 Bere a Yehoahas dii hene no, na wadi mfe aduonu abiɛsa, na odii ade wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Yeremia a ofi Libna no babea a na ne din de Hamutal.
Tri og tjuge år gamall var Joahaz då han vart konge, og tri månader rådde han i Jerusalem. Mor hans heitte Hamutal Jeremiadotter, frå Libna.
32 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no pɛpɛɛpɛ.
Han gjorde det som vondt var i Herrens augo, plent som federne hans.
33 Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni hene wɔ Yerusalem. Afei, ɔhyɛɛ sɛ Yuda ntua tow dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan sɛ sonkahiri.
Farao Neko fengsla honom i Ribla i Hamatlandet, og gjorde soleis ende på styringi hans i Jerusalem. Han lagde skatt på landet: tvo hundrad og femti våger sylv og tvo og ein halv våg gull.
34 Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima dii ade ma osii nʼagya anan mu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na owui wɔ hɔ.
Farao Neko gjorde Eljakim Josiason til konge i staden for Josia, far hans, og brigda namnet hans til Jojakim. Men Joahaz tok han med seg til Egyptarland, og der døydde han.
35 Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehoiakim benya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ tow a Farao Neko regye no nti, otwitwaa tow maa Yudafo tuae. Obiara tuaa sɛnea nʼahonya te.
Jojakim reidde ut sylvet og gullet til Farao. Men han laut leggja skatt på landet for å reida ut dei pengarne Farao kravde. Etter so som kvar var likna, dreiv han inn sylvet og gullet av landsfolket og reidde det ut til Farao Neko.
36 Bere a Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe dubaako. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ofi Ruma babea.
Fem og tjuge år gamall var Jojakim då han vart konge, og han elleve år rådde han i Jerusalem. Mor hans heitte Zebida Pedajadotter, frå Ruma.
37 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no.
Han gjorde det som vondt var i Herrens augo, plent som federne hans.

< 2 Ahemfo 23 >